Dua dwomfoɔ

Ɛfi Wikipedia

Duadwumfoɔ yɛ dadeɛ dwomfoɔ a ɔde wrought iron anaa steel yɛ nnoɔma,nanso ɛtɔ mmerɛ a ɔyɛ firi nnadeɛ foforɔ mu a ɔde ahoɔden sononko bi de nnoɔma a wɔde yɛ adwuma no bɔ dadeɛ no so ma no koa anaa bu. Duadwumfoɔ yɛ nnoɔma bi te sɛ dadeɛ pono, grilles, railing, light fixtures, nkonwa, sculpture, dadeɛ ho nnoɔma, asaase dwuma ho nnoɔma,ɛsom ne nnoɔma a wɔde siesie beaeɛ, kyɛnsen a yɛde noa aduane ne akodeɛ.Na yɛwɔ nsonsonoeɛ a ɛda nnoɔma a emu yɛ duru a duadwumfoɔ yɛ ne nnoɔma a emu yɛ hare a whitesmith nso yɛ, a ɔde agudeɛ, silver, pewter anaa fine steel ho nnoɔma a wɔde ayɛ ade awie. [1]Baabi a Duadwumfoɔ yɛ n'adwuma de smithy,forge anaasɛ duadwumfoɔ sotɔɔ. Ɛnam sɛ yɛwɔ nnipa pii a wɔde nnadeɛ bi te sɛ" farriers, wheelwright ne armorers" yɛ adwuma tete no nti Duadwumfoɔ no wɔ nimdeɛ fa sɛdeɛ wɔbɛyɛ adane asiesie nnoɔma pii, de firi akodeɛ a ɛyɛ den so dekɔ deɛ ɛyɛ fo koraa te sɛ dadowa anaa "chain" tenten so.

N'abɔseɛ[sesa]

"Tuntum" a ɛwɔ duadwumfoɔ mu no kyerɛ "firescale" a ɛyɛ tuntum, nnoɔma bi te sɛ oxide a ɛba dadeɛ so sɛ wɔde hyɛ gya mu a. Anobaabaeɛ aba baabi a "Smith" firi no ho. Ɛbɛtumi afiri tete borɔfo "smythe" a ɛkyerɛ "worebɔ obi ahwe hɔ" anaasɛ ɔbɛtumi afiri Proto-German "smithaz" a ɛkyerɛ "obi a ɔyɛ adwuma wɔ nimdeɛ kwan so".[2]

Kwan a ɔfa so yɛ n'adwuma no.[sesa]

Duadwumfoɔ yɛ adwuma wɔ berɛ a ɔde dadeɛ no bɛhyɛ gya mu kɔpem sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi nsa dadeɛ te sɛ hamma, anvil ne chisel amoa no. Wɔde hyɛ mframagya, bedie, pɛtrol , coke anaa fangoo mu. Ɛnɛ mmerɛ duadwumfoɔ nso bɛtumi afa oxyacetylene anaa nea ɛne blowtorch sɛ a ɛbɛma ne hyeɛ no ayɛ kama. Kwan a wɔfa so de dadeɛ no hyɛ gya mu ma no gyedin. Ahosuo no ho hia paa a ɛnam ɛno so na wobɛhunu sɛ ayɛ hye anaa nwunu na wasane ahunu sɛ ɔyɛ adwuma. Sɛ dadeɛ no hyeɛ no kɔ soro a,ɛdane kɔkɔɔ, na ayɛ akaa ahosu, akokɔsradeɛ na afei adane fitaa. N'ahosuo ankasa paa ara yɛ akokɔsradeɛ ne akaa a ɛkyerɛ sɛ ayɛ hye. Ɛnam sɛ wɔbɛhunu baabi a dadeɛ no ahosuo aduru nti, duadwumfoɔ no bi yɛ adwuma wɔ baabi a sum wɔ, kanea nhyerɛn pii wɔ hɔ, nanso ɛbinom yɛ adwuma wɔ baabi a hann wɔ. Sɛ kanea tɔ so a ɛma n'ahosuo no yera. Kwan a wɔfa so yɛ saa adwuma yi bɛtumi akyekyɛmu akɔ sɛ wɔde hyɛ gya mu(ɛtɔ mmerɛ a wɔfrɛ no "sculpting"), wɛda, wode egya yɛ adwuma.

Forging

Forging-yɛ ɔkwan a ɔtomfoɔ no fa so sesa dadeɛ no wɔberɛ a ɔde hama ɛbɔ so- ɛda nso firi afidie deɛ ho a Forging ɛnyi nnoɔma bia. Nanso ɔtomfoɔ no bɔ dadeɛ no so ma no sesa. Mpo sɛ ɔtomfoɔ worebɔ so anaasɛ woretwa no boa ma ɔsane hyehyɛ dadeɛ a ɛbɛn tokuro kyɛn sɛ wɔbɛ bɔne tokuro ama no ayɛ sɛ aware.

Forging fa ɔkwan sononko bi so na ɛdi dwuma:

  • Drawing down
  • Woremoa no
  • Worekoa no
  • Wo butu no
  • Swagging
  • Bɔ no tokuro
  • Forge welding

Wohia hama ne anvil na wode adi saa adwuma yi nanso ɔtomfoɔ no sane de nnoɔma foforɔ na ɛyɛ saa adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya nea ɔrehwehwɛ.

Upsetting

Upsetting yɛ ɔkwan a yɛfa so ma dadeɛ no yɛ duru wɔ berɛ a yɛ twetwa so. Ɔkwan baako ne sɛ wode dadeɛ no to bɛhyɛ gya mu na wode hama bɔ so ma no yɛ dadowa: dadeɛ no bɛyɛ tiatia na baabi a ayɛ hye no nso trɛ. Ɔkwan foforɔ a wobɛtumi afa so abɔ baabi a ayɛ hye no ne sɛ wode bɛto anvil so na wode hama abɔ baabi a adwo no so.

Punching

Sɛ wobɔ mu tokuro a ɛbɛma sɛdeɛ ɛteɛ no ayɛ fɛ anaasɛ. Nhweɛsoɔ, sɛ wopɛ sɛ woyɛ hama ti a, ɔtomfoɔ no bɛ bɔne tokuro wɔ dadeɛ no so ama baabi a yɛsɔ hama no mu. Punching nyɛ sɛ worebɔ ne tokuro nkoa. Ɛtumi yɛ sɛ woretwa, slitting anaa drifting-a ne nyinaa yɛde chisel na ɛyɛ.

Blacksmith striker (Ɔtomfoɔ Boafoɔ)

Blacksmith striker yɛ obi a ɔboa ɔtomfoɔ no n'asedeɛ ne sɛ ɔbɛnoa sledgehammer a ɛso ama no ayɛ kama te sɛnea ɔtomfoɔ no yɛɛ no no. Sɛ wɔrekyerɛ noa, ɔtomfoɔ no sɔ dadeɛ no a ayɛ hye wɔne nsa baako na wɔde hama ketewa a ɛwɔ nsa foforɔ no mu akyerɛ no baabi a ɛwɔsɛ ɔbɔ. Ɔboafoɔ no de sledgehammer bɔ baabi a ɛwɔsɛ wɔdi ho dwuma no. Wɔ 20th ne 21st century mu no, dwumadie no abɛyɛ adeɛ a ɛho nhia sɛ wɔde trip hama di saa adwuma noa.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.etymonline.com/word/blacksmith
  2. http://www.etymonline.com/index.php?term=smith