Jump to content

Dorothy Gordon

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
Dorothy Gordon
Dorothy Gordon ɛwɔ re:publica 18
Awo bere
Dorothy Gordon

AdesuaAchimota School, University of Ghana, University of Sussex

Dorothy K. Gordon yɛ Ghana nimdeɛ ho nyansapɛfoɔ ne mpuntuo kwankyerɛfoɔ. Na ɔyɛ kwankyerɛfoɔ panin ma Ghana-India Kofi Annan Centre of Excellence in ICT (AITI-KACE)[1]. Ɔfirii AITI-KACE wɔ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) mu. Na ɔyɛ kuo ba ma Creative commons na seisei yi ɔsom sɛ fotufoɔ ma kuo no. Ɔsan nso som wɔ Linux Professional Institute kuo no mu[2][3][4][5].

N'abrabɔ mfitiaseɛ

[sesa]

Wɔwoo Dorothy wɔ Nsawam a ɛwɔ ɔman Ghana mu. Ɔtenaa United Kingdom ne Nigeria wɔ berɛ a na ɔsua no na ɔsanee n'akyiri bɛkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Ghana. Ɔka Brɔfo ne French Kasa.

Nwomasua

[sesa]

ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Achimota Ntoasoɔ Sukuu ɛna ɔtoaa so kɔɔ suapɔn wɔ Ghana suapɔn a wɔfrɛ no University of Ghana ɛnne Institute of Development Studies a ɛno nso wɔ University of Sussex.

N'abrabɔ ankasa

[sesa]

Gordon ayɛ adwuma wɔ mfididwuma ne mpuntuo mu bɛborɔ mfeɛ aduonu num (25). Ɔyɛɛ adwuma sɛ Senior Deputy Resident Representative wɔ UNDP. Dorothy Gordon na ɔhwɛɛ nhyehyɛeɛ ne nteteɛ nhyehyɛeɛ a ɛfa AITI-KACE mfidie a wɔde di dwuma wɔ Ghana ne Afrika aman foforɔ so sɛ Free Software and Open Source Foundation for Africa (FOSSFA) badwafoɔ. Wɔ afe 2013 mu no, wɔpaw no sɛ 'African's Most Powerful Women In Technology' mu aduonu baako. 25. Ɔyɛɛ adwuma sɛ Senior Deputy Resident Representative wɔ UNDP. Dorothy Gordon na ɔhwɛ nhyehyɛe ne nteteɛ nhyehyɛe a ɛfa AITI-KACE mfidie a wɔde di dwuma wɔ Ghana ne Afrika aman foforo so[6] sɛ Free Software and Open Source Foundation for Africa (FOSSFA) badwafoɔ. Wɔ afe mpem mmienu ne du mmiensa (2013) mu no, wɔbɔɔ ne din sɛ ɔyɛ mmaa aduonu a wɔwɔ tumi wɔ Abibirem ha no mu baako, wɔka no wɔ Borɔfo kasa mu sɛ 'African's Most Powerful Women In Technology'

N'adwumayɛ mfitiaseɛ

[sesa]

N'adwumayɛ no mfitiaseɛ no, ɔde n'ani sii nkuraaseɛ nkuraaseɛ mpuntuo ne abɔdeɛ a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so. Ɔwiee Ɔman no Som adwuma wɔ Statistical, Social and Economic Research Institute wɔ Ghana Suapɔn mu a na ɔreyɛ adwuma wɔ akwantuo adesua mu. Ɔtwaa ne ho kɔɔ Senegal kɔyɛɛ adwuma wɔ ENDA Tier Monde (Environmental Development Action in the Third World), kane no na ɔyɛ adwuma wɔ Action Research Team wɔ Sine-Saloum ne Fleuve na akyiri yi na ɔyɛ adwuma wɔ Engiresi kasa mu nsɛmma nwoma ENDA-Action.

Berɛ a ɔwieeɛ n'adesua akyireUNDP no, ɔbaa UNDP wɔ NGO dwumadibea a wɔhyehyɛɛ no foforɔ wɔ UNDP-HQ sɛ Africa 2000 network-coordinator. Ɔhyehyɛɛ na ɔyɛɛ adwuma yi a ne bo yɛ dɔla ɔpepepem pii a na n'ani si abɔdeɛ mu nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia a wɔhwɛ so yie so, na ɔhyɛɛ aburokyire nimdeɛ a wɔde di dwuma wɔ nkuraase nkuro mu wɔ Afrika mu no ho nkuran. Amanaman Nkabom dwumadie afoforɔ no bi ne adwuma a ɔyɛ sɛ Ɔboafoɔ a Ɔte hɔ wɔ Zambia na ɔhwɛ atuhoakyɛfoɔ dwumadi wɔ Sahel ne akyire yi South Asia wɔ Amanaman Nkabom Atuhoakyɛfoɔ a wɔwɔ Geneva ne Bonn. Bere a na ɔyɛ Senior Deputy Resident Representative wɔ India no, na ɔhwɛ UNDP man dwumadi a ɛsõ sen biara no so, na na ɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka botae ahorow a ɛfa sɛnea wɔhwɛ wɔn ho so ne sɛnea wɔhwɛ wɔn ho so no wɔ bere a na wɔreyɛ nhyehyɛe foforo no. Wɔyɛɛ nhyehyɛe a edi kan a wɔbom susuw dwumadi ahorow ho no wɔ ne bere so.

Baabi a menyaa mmoaa firiiɛ

[sesa]
  1. Glitz top 100 inspirational women – Glitz Africa Magazine (in American English), retrieved 2025-03-18
  2. "Annual Report on Evaluation 2015", Annual Report on Evaluation, 2016-06-29, doi:10.18356/9b3de4ac-en, ISSN 2412-2084, retrieved 2025-03-18
  3. Dorothy K. Gordon - X Media Lab, 2016-08-21, archived from the original on 2016-08-21, retrieved 2025-03-18{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. , Author at Creative Commons (in American English), retrieved 2025-03-18
  5. Meet our Board of Directors (in American English), retrieved 2025-03-18
  6. Sulayman K. Sowe, Maurice McNaughton (2012), "Using Multiple Case Studies to Analyse Open Source Software Business Sustainability in Sub-Saharan Africa", IFIP Advances in Information and Communication Technology, Berlin, Heidelberg: Springer Berlin Heidelberg, pp. 160–177, ISBN 978-3-642-33441-2, retrieved 2025-03-24