Diébédo Francis Kéré

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Diébédo Francis Kéré
Awo bere
Diébédo Francis Kéré

10 April 1965 (1965-04-10) (age 59)
Gando, Burkina Faso
Ne manBurkina Faso ni
AdesuaTechnical University of Berlin
N'adwumaAdansi ho nimdefo, Kéré Architecture
AwardsPritzker Architecture Prize
Aga Khan Award for Architecture
Global Award for Sustainable Architecture

Diébédo Francis Kéré (wɔwoo no 10 Oforisuo 1965) yɛ Burkina Faso adansi ho nimdefo, nea borɔfo mu no wɔfrɛ no architect. Ɔno na ɔde Kéré Foundation ne Kéré Achitecture sii hɔ.

Ne mmofraberem ne sukuukɔ ho nsɛm[sesa]

Wɔwoo Kéré 10 Oforisuo 1965 wɔ Burkina Faso.[1][2] Na onyinii wɔ Burkina akuraa ketewaa bi a ne din de Gando mu.[1][3][4] Na ne papa yɛ kurom hɔ hene na na ɔne n'abakan.[5][6] Kéré hyɛɛ sukuu ase no na w'adi mfe nsɔn. Bere a na w'adi mfe nsɔn pɛ na wɔtew Kéré ma ne kɔɔ sukuu wɔ akuraa foforo so esiane sɛ saa bere no na n'akuraa no nni sukuudan. Wɔ sukuu no osuaa duadwumfo adwuma. Ɛhɔ na onyaa vocational carpentry scholarship. Eyi yɛ abasobɔde a wɔde maa no sɛ ɔnkɔ amannɔne nkosua ade wɔ sukuupɔn Technische Universität wɔ Berlin, Germany.[1][5][7] Wɔ 2004 mu, wɔ saa sukuupɔn yi mu na onyaa sukuupɔn nhomasua adansedi krataa wɔ adansi ho nimdeɛ mu.[5]

N'adwuma[sesa]

Kéré na ɔde adansi ho mimdeɛ dwumakuw a wɔfrɛ no Kéré Achitecture sii hɔ.[1] Adwuma yi wɔ Berlin Germany.[5] Ɔsan nso kyerɛ ade wɔ sukuupɔn ahorow. Ebi ne University of Wisconsin Milwaukee.[2] Afe 2013 mu no, ɔkyerɛɛ ade wɔ sukuupɔn Accademia di Architettura a ɛwɔ Mendrisio, Switzerland.[1] Ɔsan nso yɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Harvard Graduate School of Design, Yale School of Architecture and the Swiss Accademia di Architettura di Mendrisio. Wɔ afe 2017 mu no ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛni ma "Architectural Design and Participation" wɔ TU München (Germany).[2]

Wɔ n'adansi adwuma mu no Kéré nhaw ne ho nsi adan kuntan biara. Adan a w'asisi a ɔde anya abasobɔde ahorow yɛ sukuu nnan, nhomakorabea ne adan ma akyerɛkyerɛfo.[5] Adan no dodow de nneɛma a ne nya nyɛ den wɔ ne man so te sɛ ne eucalyptus nnua a abu so na ɔde si.[5][8] Saa dan no bi ne Lycée Schorge secondary school.[3][8][9] Wɔde laterite abo ne eucalyptus nna na esii.[3][8] Women's Association Center a ɔhyehyɛe ma wosii maa mmea wɔ Gando no wɔde nkuku a wɔde dɔte anwene na ɛyɛɛ.[5]

Nanso Kéré nsaano adwuma nti wɔmaa no hyehyɛɛ mmeae te sɛ National Park of Mali wɔ Bamako, Mali (2010) ne 2017 Serpentine Pavilion wɔ London Hyde Park wɔ London.[5][3][10][9] W'asan nso ahyehyɛ ama wɔasisi nnan ahorow wɔ nkurow te sɛ Denmark, Germany, Italy, Switzerland,United Kingdom, ne United States.[2][6]

Francis Kéré de Kéré Foundation sii hɔ afe 1998 mu bere a na ɔda ho yɛ sukuuni wɔ sukuupɔn. Ɔde sii hɔ sɛnea obetumi aboaboa sika ano de asi sukuu adan wɔ ne kurom, Gando.[5] Kéré ne ne nnamfo wɔ sukuupɔn na wɔhyehyɛe. Kane no na wɔfrɛ no Schulbausteine für Gando e.V. (seesei wɔfrɛ no Kéré Foundation)[11][12][13]

Abasobɔde a w'anya[sesa]

Kéré anya abasobɔde ahorow. Ebi ne Aga Khan Award for Architecture(2004).[6][7] Onyaa saa abasobɔde yi bere a ɔhyehyɛe na osii ɔdan a edi kan a na ɛne nhyease sukuudan wɔ ne kurom Gando wɔ afe 2001 mu [1][3][2][6] Saa dan yi wɔde ntayaa a wɔato wɔ akuraa hɔ na esii.[5] Ɔsan nso nyaa abasobɔde Global Award, BSI Swiss Architectural Award(2010), Marcus Prize ne Global Holcim Award Gold (2012, Zurich, Switzerland). Onyaa eyi nyinaa bere a ɔhyehyeɛ na osii adan afoforo wɔ ne kurom.[1] Abasobɔde afoforo a w'anya yɛ Cité de l’Architecture et du Patrimoine’s Global Award for Sustainable Architecture (2009), Schelling Architecture Award (2014), Arnold W Brunner Memorial Prize in Architecture from the American Academy of Arts & Letters (2017) ne Thomas Jefferson Foundation Medal in Architecture (2021).[2]

Wɔ afe 2022 mu no Francis Kéré nyaa 2022 Pritzker Architecture Prize.[2][6][8][10][9][4] Eyi ne abasobɔde a ɛkyɛn biara wɔ adansi ho animdefo adwuma no mu. Bɛyɛ mfe 44 ni na wɔde saa abasobɔde yi sii nɔ. Afe biara wɔde ma adansi ho nimdefo a ɔbɔ mmɔden sen biara wɔ wiase nyinaa. Wɔ mfe bɛboro 40 mu a wɔde abasobɔde no sii hɔ no Kéré ne bibini a odi kan a w'anya saa abasobɔde yi.[5][6][10][7][4][14] Ɔno ne nnipa a ɔtɔ so 51 a ne nsa aka saa abasobɔde yi.[9][15][16][17][18]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 https://www.ted.com/speakers/diebedo_francis_kere
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 https://www.pritzkerprize.com/laureates/diebedo-francis-kere
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 https://www.kinfolk.com/diebedo-francis-kere/
  4. 4.0 4.1 4.2 https://www.nydailynews.com/news/world/ny-burkina-faso-born-architecture-pritzker-prize-diebedo-francis-kere-20220317-ruxqbhqdjra37bu67oc47pbkiq-story.html
  5. 5.00 5.01 5.02 5.03 5.04 5.05 5.06 5.07 5.08 5.09 5.10 https://www.architecturalrecord.com/articles/15563-diebedo-francis-kere-named-2022-pritzker-laureate
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 6.5 https://news.yahoo.com/di-b-francis-k-r-142833789.html
  7. 7.0 7.1 7.2 https://indianexpress.com/article/explained/explained-diebedo-francis-kere-first-african-architecture-pritzker-prize-7825867/
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 https://archello.com/news/social-architect-diebedo-francis-kere-awarded-2022-pritzker-architecture-prize
  9. 9.0 9.1 9.2 9.3 https://www.aljazeera.com/news/2022/3/16/happiest-man-kere-first-african-to-win-pritzker-prize
  10. 10.0 10.1 10.2 https://gulfnews.com/world/europe/diebedo-francis-kere-becomes-first-african-to-win-pritzker-architecture-prize-1.1647425259096
  11. Archive copy, archived from the original on 2022-05-26, retrieved 2022-03-19{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  12. https://startsocial.de/projekte/2013/schulbausteine-fuer-gando-ev
  13. https://www.betterplace.org/de/organisations/12461-schulbausteine-fuer-gando-e-v
  14. https://www.bbc.com/news/world-africa-60764585
  15. https://www.iconeye.com/architecture/diebedo-francis-kere-2022-pritzker-architecture-prize
  16. https://www.tuko.co.ke/world/africa/447242-dieb-francis-kere-56-year-old-burkina-faso-architect-becomes-first-african-win-architectures-top-award/
  17. https://www.breitbart.com/news/diebedo-francis-kere-becomes-first-african-to-win-pritzker-architecture-prize-2/
  18. https://www.bbc.com/afrique/region-60768539