Densinkran

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Densinkran yɛ ɔkwan a Asantefo ahenfo mmea anaa ahenmaa ne mmea afoforo yɛ wɔn ti nwi wɔ Ghana man mu[1]. Woyi wɔn ti no ma no kɔ fɔm na wɔde gyabidei kwa nkyɛnkyɛn no ma no yɛ tumm.

Abakɔsɛm[sesa]

Asantefo yɛ nea nkabom asrafo a wɔn ne Ga-Adangbe, Fanti, Denkyira, Akwaku ne Akyem dii wɔn so nkunim wɔ Katamanso. Wɔpaa Desinkra no adi saa bre no de suu Asantefo a wɔtotɔɔ wɔ Katamanso ko no ano. Edin a ɛne ‘’Gyes ɛ Nkran’’ no yɛ nea wɔdanedane no ara ma no bɛyɛɛ Densinkran.[2][3]

Mmea a wɔyɛ wɔn ti saa kwan yi so nyinaa yɛ mmea mapnyinfo a wofiri ahenfie. Saa tiyɛ yɛ nea ɛwɔ nnyinaso ne ahyensode wo Abibire mu.

Mfasoɔ[sesa]

Ɛkyere sɛ obi firi ahenfie

Ɛye eti yɛ soronko a wɔde yɛ ayie [4]

Ɛkyerɛ obi bɔbere, dibea ne ntɔn a oniko no bɔ

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.scribd.com/document/117538511/Clothing-and-Fashion-in-Ghanaian-Culture
  2. https://www.eaumf.org/ejm-blog/2017/8/8/august-7-1826-battle-of-dodowa-katamanso
  3. https://www.ghanacelebrities.com/2020/08/07/today-in-history-exactly-194-years-ago-today-the-people-of-accra-defeated-the-mighty-asante-army-in-the-battle-of-katamanso/
  4. https://www.journals.uchicago.edu/doi/10.1086/DIA910113