Dennis Kofi Agbenyadzi

Ɛfi Wikipedia

Ɔsɔfo Fr Dennis Kofi Agbenyadzi, SMA,[1] Ɔmantam Panyin a ɔhwɛ Afrika Asɛmpatrɛwfo Kuw a ɛhwɛ Afrika Mfinimfini Republic so no, Paapa Benedict XVI[2] apaw no sɛ Berbérati Ɔsɔfopɔn wɔ Central African Republic (CAR) Kesee Fam Atɔe. Ɔyɛ Ghana Asɛmpatrɛwfo a ɔto so abien a wɔapaw no sɛ Ɔsɔfopɔn wɔ Ghana akyi. Nea odi kan ne Ɔsɔfo Panyin Frank Nubuasah, SVD, Ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Francistown, Botswana, a ofi Likpe wɔ Volta Mantam mu.[3]

Ɔbra Ahyɛaseɛ[sesa]

Bishop-Elect Agbenyadzi mpɔtam hɔ yɛ kilomita 45,000 a nnipa 450,000 na wɔn mu 110,000 yɛ Katolekfo. Mpɔtam hɔ nso wɔ Asɔfo 33 ne Nyamesomfo 30. Wɔwoo no wɔ Kadjebi-Akan, wɔ Jasikan Asɔredan mu, Ghana wɔ Ɔkɔtɔberɛ 9, 1964 mu wɔ abusua a mmofra dumien na wɔwom mu.[4]

Nwomasua[sesa]

Bere a owiee ne Mfitiase ne Ntoaso Sukuu no, ɔde ne ho kɔbɔɔ SMA. Ɔsuaa Nyansapɛ wɔ St. Paul’s Seminary, na ɔte SMA House of Studies wɔ Sowutuom, Ghana.

Afei ofii hɔ kɔɔ SMA Amanaman Ntam Honhom mu Afe Dwumadi a ɛwɔ Calavi, Benin Republic.

N'adwumayɛ[sesa]

Bere a ɔkaa Ntam a edi kan sɛ ɔbɛyɛ Asafo no muni bere tiaa bi akyi no, wɔde no kɔɔ Berbérati sɛ ɔnyɛ ahwɛfo afe (Stage), sɛnea ɛbɛyɛ a obesiesie no ama asɛmpatrɛw asetra.

Wɔ n’afe biako Stage akyi no, wɔsomaa Ɔsɔfopɔn -a wɔapaw no Dennis sɛ ɔnkɔsua Nyamekyerɛ wɔ Diocesan Major Seminary a ɛwɔ Anyama, Cote d’Ivoire.

Ɔne ne mfɛfoɔ SMA asuafoɔ te SMA Foyer Méraud, Ebimpé. Ɛhɔ na, wɔ June 29,1996 mu no, Dennis bɛyɛɛ Afrika Asɛmpatrɛw Kuw no muni daa.

Wɔhyɛɛ no Asɔfodi no wɔ July 12, 1997 wɔ Ghana.

Wɔ Ordination akyi no, Fr Dennis san kɔɔ Diocese no mu baabi a ɔyɛɛ ne Stage ntetee na ɔde mfeɛ awotwe yɛɛ Parish Ministry.

Abadwakuo ahodoɔ[sesa]

Wɔ afe 2005 mu no, wɔpaw no sɛ Superior wɔ SMA Formation House a ɛwɔ Bangui no mu. Mfe abien akyi no,. Fr. Wɔpaw Dennis sɛ Ɔmantam Panyin maa SMA kuw a ɛwɔ saa ɔman no mu, dibea a ɔda so ara kura.

Saa berɛ no mu no ɔfaa adwuma a ɛne sɛ ɔbɛma Ɔmantam Fie wɔ Bangui a SMA mufoɔ a wɔfiri ɔman no mu ne wɔn a wɔreyɛ asɛmpatrɛ adwuma wɔ hɔ no nso de adi dwuma. Mprempren, Asafo no wɔ Asɔfo baawɔtwe a wofi ɔman no mu, na wɔn mu dodow no ara yɛ adwuma wɔ CAR akyi.

Sɛnea ɔsom sɛ Ɔmantam Panyin no, Fr Dennis somm wɔ Council of the Bight of Benin District-in-formation, a ɛka Benin, Nigeria, Niger ne Central African Republic ho.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Bishop Dennis Kofi Agbenyadzi [Catholic-Hierarchy], retrieved 2023-11-28
  2. getonline (2012-05-14), Agbenyadzi Bp Dennis Kofi | Society of African Missions (in American English), retrieved 2023-11-28
  3. Josh (2012-06-25), Ghanaian Priest appointed Bishop of Berbérati | Ghana Catholic Bishops' Conference (in American English), retrieved 2023-11-28
  4. Josh (2012-06-25), Ghanaian Priest appointed Bishop of Berbérati | Ghana Catholic Bishops' Conference (in American English), retrieved 2023-11-28