Dayan Kodua

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Dayan Kodua (wɔ woo no September da a ɛtɔ so 7, afe 1980) yɛ Ghana ne German baa ɔyekyerɛni, nhwɛsode ne nwoma kyerɛwfo. Wɔ afe 2001 mu no, ɔbɛyɛɛ obibini baa koro pɛ a otumi dii nkonim wɔ Geramany ahoɔfɛ akansie mu. ɔyɛ obi a w’ayi sisni ahorɔw wɔ America ne Germany na wɔ bɔɔ n’abaso ma no bɛyɛɛ ananmusifo wɔ Afrika aman ne Germany wɔ afe 2005.

Ne mmofrase[sesa]

Bre a kodua dii mfie du pɛ n’abusua tu firii Ghana kɔtenaa Germany. ɔyɛ Asanteni (ɔkofo) . German kasa bɛyɛɛ  kasa a ɔka de kaa Akan kasa a ɛne Twi no ho, mmere bi akyi no, osuaa Brofo ne French Kasa kaa ho. Sɛ obabun no, ɔtoo dwom na odii asa maa Chris de Burgh, Sasha, Lou Bega, Right Said Fred ne ne afoforo.

Adesua[sesa]

Wɔ suapon a wɔfrɛ no Kiel University of Applied Science, Kodua nyaa adansidie krataa a ɛfa sika ho ntotoe. ɔtoaa so kosuaa  nea eda n’akoma so a  ɛne sinitwa ho nsɛm wɔ suapɔn a wɔfrɛ no  Coaching Company wɔ Berlin. ɔtoa n’adesua no so kɔɔ suapɔn foforo a ne din de Theatre of Arts and Howard Fine Acting Studio a ewɔ Los Angelis.

Nwuma[sesa]

Ankyɛ koraa na  ɔbɛyɛɛ obi a ogyina hɔ sɛ nhwɛsodie wɔ ntaade hyɛ mu, na afei ɔbɛyɛɛ obibini baa koro pɛ a okura abɔdin a ɛne Miss Schleswig-Holstein wɔ afe 2001 mu. Adepamfo a w'agye din  a wɔn ne Theirry Mugler, Escada ne Versace faa no ne no yɛɛ adwuma. ɔhyɛɛ ase sua ade wɔ beae a wɔfrɛ no Coaching Company a ɛwɔ Berlin. Na onyaa ntete firi Howard Fine, Theatre of Art ne Tasha Smith Studio a ewɔ Los Angelis.

Bre a ɔwɔ America no, Kodua ne sinitwa nwumakuo atitiriw yɛɛ nwuma a wɔn mu bi ne Boston Legal, Passions, na otwaa sisni bi a w’ato din Crank ne Lords of the Underworld.

Wo Germany nso, ɔde ne ho hyɛɛ sinitwa mu ne TV so dwumadie ahorɔw a ebi ne Hai-Alarm auf Mallorca, Balko. Wolffs River ne Auf Herz und Neiren. Wɔ afe 2011 mu no, obenya kyɛfa wɔ Video agodie bi w’ato din ‘’AJABU-The legacy of the ancestors.’’

Ne ho nsem[sesa]

ɔyɛ owofo a ne ba yɛ abrantewaa kumaa a ne mfie miensa.

Oboafoyɛ ho nsɛm[sesa]

Kodua ayɛ afoforo pii adɔe a ebi ne sɛ; ɔne Michael Jordan Adoekuo no yɛɛ adoe wɔ House Blues, Los Angelis, ɔne Angie Stone ne Snoop Dogg nso yɛɛ saa wɔ afe 2006. ɔhyehyɛɛ  Boayikuo a wɔfrɛ  Dayan International , saa kuo yɛ ade a ɛboa wɔ ne man Ghana mu. Sɛ okyimdɔmmɔfo ma kuo bi a wɔfrɛ no GhanaHelp no, n’ani ku Hamburg kuo IMIC ev, a nea wɔyɛ ne ɔsatuo a ɛfa atukotenafo adesua nhyehyɛe ho.

Nea w'atumi ayɛ[sesa]

Dayan abɛyɛ nhwɛsode ama abibifo a wɔn wɔ Abrokyire man mu. ɔyɛ okandifo ma atukɔtena mmabun abibifo a wɔyɛ akukudurofo na afei wɔn nsam nso wɔ bi. ɔno ne obi a African Heritage a ɛwɔ Abrokyire di kan de ne mofini duraa wɔn nhoma a edikan ho.

Dayan yɛ obi a w’ahyɛ no anuonyam wɔ afe 2005 mu sɛ Abibiman ammamerɛ ananmisfo wɔ Germany, ɔnyɛ obi a osuro ade. Nti ɔde adesrɛde too mmabun a wɔwoo wɔn wɔ abrokyire, ne titriw Germany sɛ, Bɔ wo ho mmɔden, nkame wo nkyi, nanso mfa adesua biara nto wo nipadua so.’’

Wɔ afe 2014 mu no, ɔkyerɛw nhoma bi a w’ato din My Black Skin; Black. Sucessful. German. In My Black Skin. Gareman abibfo 25 a wɔde wɔn honam kyerɛ. Adɔmmarima wɔ amanyɔsem ne nnwuma mu, agodie ne amammere mu, abɔde mu nyansapɛ ne agoro ada nea wotumi faa mu adi. Wɔ yɛ nhwesodie a wɔkyerɛ sɛ, ɛmfa ho obi nipa hwebea ne nea ofiri no, obetumi adu babiara sɛ wonya gyedie wɔ wɔn mu a. ɔsan nso kyerɛw mmɔfra nhoma a w’ato din Odo wɔ afe 2010 mu.

Woɔ afe 2014 mu no, wɔpaw no wɔ abasobɔde dwumadie bi a w’ato din ‘’Emotion Award na odii nkunim wɔ Nana Yaa Asantewaa Abasobɔde wɔ dawurubo dwuma fam.

Sini mu nsem (Nyiyimu)[sesa]

TV SO[sesa]

·        2002: Wenn zwei sich trauen

·        2003: Wahnsinnsweiber

·        2003: Hai-Alarm auf Mallorca [de]

·        2003: Balko – Death of a Driving Instructor

·        2008: Aktenzeichen XY … ungelöst

·        2008: Dr. Molly & Karl – His Fight

·        2009: Der Dicke – Behind Closed Doors

·        2010: Unter Verdacht – The Elegant Solution

·        2011: Die Pfefferkörner – Enslaved

·        2015: Männer! Alles auf Anfang – Men Economy

·        2016: Phoenixsee (6 episodes)

·        2016: Eltern allein zu Haus – Die Winters

·        2017: Tatort – In the End You Go Naked

Sini[sesa]

  • 2004: The Stoning
  • 2005: Lords of the Underworlds
  • 2006: Crank
  • 2007: Krauts, Doubts & Rock 'n' Roll [de]
  • 2012: Die elegante Lösung
  • 2016: T.H.U.G: True Hustler Under God

Suɔpon ne sini nketoa[sesa]

  • 2006: In other Words
  • 2009: Fremdenzimmer
  • 2009: Peripheres Verlangen
  • 2010: Wenn Bäume Puppen tragen

Agodibea[sesa]

  • 2007: Diverting Devotion
  • 2007: Barefoot in the Park
  • 2013: Mephisto

Afoforo[sesa]

  • 2008: Ajabu (Computerspiel) – Stimme für fünf verschiedene Figuren.
  • 2008: CAINE 09 – Kartaan (Hörspiel) – Stimme Djamilla und Schwester Bagozi
  • 2013: Talk-Gast bei DAS! Rote Sofa
  • 2013: Talk-Gast bei der NDR Talk Show
  • 2014: Herausgeberin: My Black Skin: Schwarz. Erfolgreich. Deutsch. Seltmann+Söhne, Lüdenscheid / Berlin,