Dan Botwe

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Honourable
Dan Botwe
Image of Dan Botwe
Member of the Ghana Parliament
for Okere
Mprenpren
Bere
7 January 2009
OdikanfoBrandford Kwame Daniel Adu
Minister for Information and National Orientation
Bere
2005–2006
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoNana Akomea
AnanmusiniKwamina Bartels
Ministry of Regional Reorganization and Development
Mprenpren
Bere
February 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Odikanfo(New Ministry)
Ne ho asɛm
Awo bere
Dan Kweku Botwe

26 February 1958 (1958-02-26) (age 66)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔAchimota School
N'adwumaICT specialist

Daniel Kwaku Botwe (wɔwoo no 26 Ɔgyefoɔ 1958)[1] yɛ Ghana Mmarahyɛbaguani ma Okere abatoɔ Mpasoaso wɔ Apueeɛ Mantam wɔ Ghana.[2][3] Ɔyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Information ne National Orientation wɔ Ɔmanpayin dadaw John Agyekum Kufour amanou mu. Ɔsan bɛyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Regional Reorganization ne Development ɔsan bɛyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Local Government, Decentralisation ne Rural Development wɔ Nana Akufo-Addo mambou.[4]

Mfitiase asetena ne nhomasua[sesa]

Dan Kwaku Botwe wɔwoo no 26 Ɔgyefoɔ 1958 wɔ Apueeɛ Mantam wɔ Ghana. Ɔfiri Abiriw Akuapem. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Presbyterian Primary and Middle Schools wɔ Mabang wɔ Ahafo-Ano Mansini wɔ Asante Mantam wɔ ahyesia sukuu. Ɔyaa ne GCE Ordinary level certificate ɛfiri Kumasi Academy, na ɔyaa GCE Advanced level certificate wɔ 1977 ɛfiri Achimota School. Ɔyaa sukuu mu kwan kɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology kɔ sua computer science.[2]

Adwuma[sesa]

Wɔ 1985, Ghana Cocobod faa Botwe adwuma sɛ computer analyst.Ɔyɛ adwuma no kɔ pem 1993, na ɔgyae kɔ yɛɛ akorankoran adwuma. Yɛ yi sɛ director ma Danmaud Limited, akorankoran adwuma ɛwɔ Accra.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Bere a na ɔwɔ KNUST, ɔmo yi no sɛ kyerekyere foɔ panyin ma National Union of Ghana Students (NUGS) ɛfiri 1982 kɔsi 1983. N'abatoɔ no ne asolgyafoɔ manmou a Provisional National Defence Council nsa hyɛ asie. Ɛna sɛ ɔkasa tia sogyafoɔ amamou nti, ɔmo hu no sɛ ɔha adwene. Ɔmo de ɔno ne Ghanafoɔ bi kɔto afiase wɔ Ivory Coast.[2] Ɔsan ba a Ghana bɛyɛ adwuma sɛ computer analyst wɔ Ghana cocoa board ɛfiri 1985 kɔsi 1993 ansa na ɔkɔyɛ n'adwuma.[2]

Botwe kɔ gyina sɛ New Patriotic Party kyerekyere foɔ panyin na ɔdi nkonim wɔ 1998.[5] Na ɔdi akotre wɔ Ɔmanpanyin dadaw John Kufour abatoɔ sɛ ɔmanpanyin wɔ 2000 abatoɔ. Ɔsan som amanyoɔ kuo wɔ akwan bebree, ɔkɔ yɛɛ National Treasurer ma Mbabunu kuo wɔ New Patriotic Party, ɔsan bɛyɛ Director of Operations and Research wɔ National Headquarters.[5] Ɔmanpanyin Akufo-Addo kyere sɛ ɔyɛ nipa a ɔsom bo sɛ ɔyi New Patriotic Party ɛfiri opposition ɛde ɔmo ɛba aban mu wɔ 2001.[4]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Dan Botwe kɔgyina sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Okere wɔ afe 2008, bere na nea ɔgyina mmarahyɛbadwa mu dedaw, Brandford Kwame Daniel Adu yɛɛ n'adwene sɛ ɔtua so bioam sɛ mmarahyɛbadwani. Botwe yaa 11,974 mba ɛfiri 19,684 mma no nyinaa a ɛgyina hɔ ma 60.8% a ɛtumi ma no bɛyɛ mmarahyɛbadwani. Ɔtua so di nkonim wɔ 2012, 2016 ne 2020. Na ɔyɛ minority chief whip wɔ mmarahyɛbadwa ɛtɔ so nsia ɛfiri 2013 kɔ si 2017. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani w'aboa ne npesoa so bebree. Ɔhyɛɛ bo sɛ Dreams FC, agoro kansie kuo ɛwɔ Ghana Premier League sɛ ɔbɛboa mɔ ma wɔ abo wɔ bɔɔ wɔ Dawu a ɛwɔ ne mpesuaso.

Frakaatuo[sesa]

Botwe kɔ gyina wɔ afe 2007 sɛ New Patriotic Party frankaatuofoɔ akansie. Saa akansie no nea amanyo kuo no hyehyɛ sɛ wode bɛyi obi ama no agyina mu ama wɔn mo ɛbere a Ɔmanpanyin dadaw John Agyekum Kufour ɛfiri aban mu sɛ Ɔmanpanyin. Botwe ne nipa 16 na ɛgyina wo saa akansie. Abatoɔ kɔ so wɔ Nkran ɛwɔ 22 Openima, 2007.[6] Botwe susu sɛ frakaatuo no hyia obi ɔyɛ ɔbabunu na nyɛ obi a wayin. Ɔdii nkuguo maa Nana Akufo-Addo dii nkonim

Ɔsoafoɔ ɔhwɛ amanneɛ so[sesa]

Ɛfiri 2006 kɔsi 2007, ɔsom sɛ Ɔsoafoɔ ɔhwɛ amanneɛ so wɔ Ɔmanpayin dadew amanmou mu. Ɔbɛ dii Kwamina Bartels adeɛ wɔ asoa hɔ.[7]

Ɔsoafoɔ ɔhwɛ regional reorganisation so[sesa]

Wɔ Opepon 2017, Ɔmanpanyin Akufo-Addo bɔɔ Botwe din sɛ ɔsoafoc a ɔhwɛ asoɔyɛ foforo wate, Regional Reorganization ne Development. Akufo-Addo tee asoayɛ sɛ ɛhyɛ mantam foforo ɔmo rebɛte. Ɔmo kyɛɛ Firaw Mantam yaa Oti Mantam, Atɔeɛ Atifi Mantam

Aban asoafoɔ mpanimfoɔ[sesa]

Wɔ Kotonimma 2017, Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo bɔɔ Dan Botwe din sɛ ɔka asoafoɔ 19 ɔde tea n'aban mpanimfoɔ.[8] Ɔde wɔn asoafoɔ 19 din no kɔ mmarahyɛbadwa fie maa mmarahyɛbadwa kasamafoɔ, Rt. Hon. Prof. Mike Ocquaye ka kyerɛ mmarahyɛbadwafoɔ no. Ɔka asoafoɔ mpanimfoɔ nti Dan Botwe ka asoafoɔ wɔn mo tu Ɔmanpanyin foɔ.[8]

Ankorankoro asetra[sesa]

Dan Kwaku Botwe aware wo nkwadaa mmiɛnsa. Ɔyɛ Kristoni a ɔkɔ asore wɔ Baasere.[5]


  1. Dan Botwe, Biography, retrieved 2023-06-09
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 MPs (in American English), retrieved 2023-06-09
  3. vibeghana.com, retrieved 2023-06-09
  4. 4.0 4.1 2nd Ministerial list out: Akufo-Addo creates new ministries, re-aligns old - MyJoyOnline.com, 2017-07-31, archived from the original on 2017-07-31, retrieved 2023-06-09{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  5. 5.0 5.1 5.2 ghananewsagency.org, archived from the original on 2023-06-09, retrieved 2023-06-09
  6. GhanaPoliticsOnline.Com (2007-09-17), Presidency not retirement package – NPP Dan Botwe (in American English), retrieved 2023-06-09
  7. :: Radio Recogin ::, retrieved 2023-06-09
  8. 8.0 8.1 Arts Minister Catherine Afeku makes it to Cabinet | Entertainment 2017-05-31, 2017-07-31, archived from the original on 2017-07-31, retrieved 2023-06-09