Cynthia Lamptey

Ɛfi Wikipedia

Cynthia Lamptey yɛ Ghana mmaranimfo ne ɔman adwumayɛfo. Ɔyɛɛ Ɔmanfoɔ Asɛmdifoɔ Panyin wɔ John Dramani Mahama nnisoɔ ase. Wɔpaw no na akyiri yi wɔpaw no sɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw abadiakyiri wɔ afe 2018. Ɔyɛɛ Ghana Mmaranimfoɔ Titiriw a ɔreyɛ adwuma wɔ berɛ a saa berɛ no Mmaranimfoɔ Titiriw, Martin Amidu gyaee adwuma wɔ 16 Ɔbɛnem 2020, kɔsii sɛ wɔyii Kissi Agyebeng wɔ 5 Ɔbɛnem 2021.

Adwumayɛ asetra[sesa]

Cynthia Lamptey yɛ mmaranimfoɔ wɔ n'adwuma mu na ɔwiee Ghana Mmara Sukuu . Wɔde no yɛɛ adwuma sɛ ɔman mmaranimfo wɔ Attorney-General’s Department wɔ afe 1995 mu na ɔkɔɔ soro wɔ dibea ahorow no mu kosii sɛ wɔpaw no sɛ Ɔmanfo Mmaranimfo Panyin wɔ John Mahama nniso no mu. Sɛ́ ɔman no mmaranimfo panyin no, odii nsɛm pii a wɔde kɔdan asɛnnibea a ɛkorɔn ho dwuma. N'asɛm a wɔde kɔdan no no bi ne asɛm a wɔkyerɛ sɛ Ɔman Ɔsom Nhyehyɛe no Ɔkwankyerɛfo Panyin bi wiaa cedis ɔpepem 86.9 ne nsɛmmɔnedifo a wɔde Alfred Agbesi Woyome kɔɔ asɛnnibea no . Ghana asennibea bi bɔɔ Alfred Woyome a wonim no sɛ ɔyɛ sikasɛm ho ɔbenfo wɔ National Democratic Congress no sobo sɛ ɔde nnaadaa gyee ɛka a wɔde asɛn Ghana atemmu a ɛyɛ cedis ɔpepem 52. Wɔ afe 2014 mu no, wɔde Ghanafoɔ mmaa mmienu a na wɔadi dwuma titire wɔ cocaine a wɔde kɔ United Kingdom no kɔɔ asɛnnibea. Bere a ɔde mfeɛ aduonu asom ɔman no akyi no, ɔgyaee dwumadibea no wɔ afe 2015. Wɔde Yvonne Attakorah Obuobisa sii n’ananmu. [1]

Ghana Mmaranimfo Titiriw Abadiakyiri[sesa]

Wɔ January 2018 mu, bere a aban de Martin Amidu paw no sɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw a odi kan no, Ghana nsɛm ho amanneɛbɔfo fii ase tintim Cynthia Lamptey din sɛ n’abadiakyiri. Na Cynthia Lamptey ayɛ adwuma wɔ Martin Amidu ase bere a na nea otwa to no yɛ Mmaranimfo Panyin titiriw wɔ John Atta Mills nniso no mu no. Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo aban no na ɛhyehyɛɛ Office of the Special Prosecutor wɔ afe 2017 mu a na wɔn botaeɛ ne sɛ wɔbɛma kwan ama wɔadi amammuifoɔ ne nnipa a wɔde wɔn ho abɔ amammui akuo anaa wɔn mufoɔ a wɔbu wɔn sɛ wɔyɛ adifudepɛfoɔ no asɛm. Wɔ ne din a wɔde too gua no akyi no, wɔpaw no, ɔyɛ Ɔman Mmaranimfo Titiriw abadiakyiri wɔ afe 2018 mu. Afei ɔbɛyɛɛ onipa a odi kan a ɔyɛɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw abadiakyiri. Seesei ɔsom sɛ Ghana Mmaranimfo Titiriw a ɔreyɛ adwuma wɔ bere a saa bere no Mmaranimfo Titiriw, Martin Amidu gyaee adwuma wɔ 16 November 2020 akyi.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Wang (2016-11-12), "Antifibrinolytics in Liver Transplantation", You're Wrong, I'm Right, Springer International Publishing, pp. 219–220, doi:10.1007/978-3-319-43169-7_63, ISBN 9783319431673