Cookie Tee

Ɛfi Wikipedia

Cookie Tee yɛ Ghana television so nipa, event host, model, ne adɔeyɛfo. Mprempren ɔne Berla Mundi bom yɛ TV3 Ghana anɔpa dwumadi, New Day. Bio nso, ɔyɛ Today’s Women, Kitchen Wars, aduannoa ho ɔyɛkyerɛ bi a ɛwɔ TV3 so no kwankyerɛfo, na ɔne afe afe TV so nokwasɛm dwumadi Ghana Most Beautiful no ho ɔkwankyerɛfo. Cookie ayɛ baguam nhyiam ahorow, a Ghana Club 100 Awards a ɛto so 19 no ka ho.

Nnowumasua[sesa]

Cookie Tee sukuu a edi kan ne Hohoe Gbohome LA Sukuu. Ɔtoaa ne nhomasua so fii Adesuakuw a ɛto so 5 wɔ Harrow International School a ɛwɔ Abeka, Lapaz, Accra kurotia, na owiee Junior High wɔ hɔ. Ɔkɔɔ St. Mary’s Senior High School, faako a ɔbɛyɛɛ sukuu no panyin. [1]Bere a owiee ntoaso sukuu no, ɔkɔɔ Ghana Sukuupɔn, na osuaa Agoruhwɛ ne Amanyɔsɛm.

  1. Ghanaian television personality Cookie Tee Biography, Husband, Career (in American English), archived from the original on 2023-04-20, retrieved 2023-04-20