Constitution Day (Ghana)

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Constitution day anaa Ɔman Mmmara Da ɛyɛ da a yɛkae da a wɔde amanyɔ mmara foforo sii hɔ wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan wɔ Ɔpɛpɔn afe apem ahankron ne aduɔkron abiɛsa mu - nea dodow ara frɛ no 1992 Constitution no.[1][2] Yɛhyɛ Ɔman Mmara Da ma Ghana ho fa afe biara wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson so bere a wɔatow aba ayi ɔmanpanyin ne mmarahyɛ baguafo foforo. Saa da yi yɛ da a mmarahyɛ bagua foforo hyɛ wɔn dwumadi ase afe a edi hɔ wɔ abatow akyi wɔ bere a mmarahyɛ bagua dedaw no agu wɔ ɔdasum Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so asia so.[1]

Abakɔsɛm[sesa]

Ghana amanyɔ mmara a abiɛsa a edi kan no bɛyɛɛ nea mfaso nni so bere a asogyafo tuu aban ahorow no gui no. Ɛno nti wɔde Ɔman mmara a ɛtɔ so anan no sii hɔ Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so ason afe apem ahankron ne aduɔkron abiɛsa -bere a ɔmanmu no nyinaa tow aba penee so Oforisuo da a ɛtɔ so aduonu awotwe afe apem ahankron ne aduɔkron abien mu. Eyi nti afe biara wɔkae mmɔden a ɔman no bɔ de kura adehyeman a ɛtɔ so anan no mu ne sɛnea wɔde 1992 Constitution ma Ghana sii hɔ.[3][4]

Aban Mmara Mu Dapɔnna[sesa]

Yɛhyɛ Ɔman Mmara Da anaa Constitution Day ho fa sɛ aban mmara mu dapɔnna. Saa da no bɛyɛɛ dapɔnna bere a wɔhyɛɛ no mmara wɔ Public Holidays Act of 2001, Section 2 (Act 601) and was first observed as such on 7th January 2019.

  1. 1.0 1.1 "Constitution Day 2022, 2023 and 2024 in Ghana". PublicHolidays.africa (in American English). Retrieved 2021-03-23.
  2. "Constitutional history of Ghana". ConstitutionNet (in English). Retrieved 2021-04-09.
  3. Toby (2021-01-01). "Ghana to observe Constitution Day on January 7th". Public Holidays News (in American English). Retrieved 2021-03-23.
  4. "Constitution Day in Ghana in 2022". Office Holidays (in English). Retrieved 2021-03-23.