Charles Ofori Antipem

Ɛfi Wikipedia

Charles Ofori Antipem yɛ Ghanani a wayɛ kit soronko bi a wɔde bɛsua Nyansahunu, Mfididwuma ne Nkontaabuo (STEM).[1]

Mfitiaseɛ abrabɔ ne nwomasua[sesa]

Wɔtetee Charles firii abusua bi a nyansahunu dii hene mu. Ná ne papa yɛ nyansahunu kyerɛkyerɛfoɔ. Bere a ɔrenyin no, na ne papa wɔ ne so bere nyinaa sɛ ɔbɛsua pii, titiriw, nneɛma a ɛfa nyansahu ho ɛmfa ho sɛ na intanɛt nni hɔ.

Bere a Charles dii mfe ason no, ohuu nhomakorabea bi a ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw no bi ka ho asɛm kɛse. Ɛyɛ nwomakorabea hɔ na onyaa nhoma ahorow a ɛfa wiase no mu nneɛma akɛse a wɔyɛe a Wright anuanom, Nokola Tesla, Thomas Edison ne Henry Ford ka ho.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Charles Ofori Antipem, a ofi Ghana, ayɛ kit soronko bi a wɔde bɛsua Nyansahu, Mfiridwuma, Mfididwuma ne Nkontaabu (STEM). Wɔato saa kit yi din kɛkɛ: Science Set. Ɛyɛ nokwarem no nyansahu mu nhwehwɛmu dan ketewa (Nyansahunu Lab) a ɛwɔ ankorankoro nneɛma (nneɛma) 45 a obi betumi de ayɛ nyansahunu mu nhwehwɛmu atitiri bɛboro 26.[3][2]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Charles Ofori Antipem yɛ Ghana aberanteɛ bi a ɔyɛ serial inventor ne Co — of DEXT Technology Limited a ɛwɔ Ashanti mantam mu wɔ Ghana.[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Kumatoo, Charles Ofori Antipem (in British English), retrieved 2023-12-13
  2. 2.0 2.1 2.2 African Celebs (2020-01-21), Charles Ofori Antipem: Dext Technology Limited (in English), retrieved 2023-12-18
  3. Kumatoo, Charles Ofori Antipem (in British English), retrieved 2023-12-18
  4. Charles Ofori Antipem | CEO at Dext Technologies | F6S Member Profile (in English), retrieved 2023-12-13