Charles Dennis Adams

Ɛfi Wikipedia

Dr. Charles D. Adams yɛ Engiresini nhabanmma ho nimdefoɔ. Ɔde ne nhwehwɛmu no fa kɛseɛ no ara sii nhabanmma a ɛwɔ mmeaeɛ a nsuo tɔ na owia bɔ kɛseɛ a saa nhabanmma a atwa yɛn ho ahyia no si fa nya nkwa. Ɔbenfo Adams fii n’adwuma ase wɔ Gold Coast Sukuupɔn (Ghana). Ɛhɔ na Ɔsuaa adeɛ nyaa abɔdin krataa wɔ nhoma pii a ɛfa Afrika Atɔeɛ Fam nnua ne nhabanmma ho. Ɛno akyiri no, ɔde n’adwene sii pteridophytes ne Compositae so, na ɔgyee akuo afoforoɔ pii sii hɔ. Akyiri yi otu kɔɔ West Indies Sukuupɔn Kɔlege, faako a ɔtwerɛɛ nwoma bia wɔato din sɛ " Flowering Plants of Jamaica". Owiee n’adwuma sɛ Nidi mu Ɔhokafo wɔ Abɔde Ho Abakɔsɛm

Baabi a menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ London no [1]

  1. Dr. Charles Dennis Adams (1920-2005) | GulfBase, retrieved 2023-11-27