Cassia sieberiana

Ɛfi Wikipedia

Cassia sieberiana, sankuo dua no yɛ dua bi a ɛwɔ abusua Fabaceae mu a ɛwɔ Afrika. Ne sorokɔ firi mita du de kɔsi aduonu (10-20) na ne nhwiren no akokɔ-sradeɛ a ɛhyerɛn yie. Wɔde yɛ nnuru pii wɔ Afrika na wɔhunu wɔ kwaeɛ bi ɛnyɛ kwaeɛ bretuo mu pii mu.[1]

Nkyerɛmu[sesa]

Cassia sieberiana

Saa mmoa yi ankorankorɛ no tenten firi mita 10-20. Nnua no ano yɛ nso kɔla kɔsi tuntum. Nnua no ho apɔ apɔ no yɛ deɛ ɛkɔ soro na ne kɔla yɛ kɔkɔɔ. Wɔahyehyɛ ahaban no wɔ ahaban a ahaban a ɛne ne ho bɔ abira 7-10 wɔ mu. Ahaban no atifi fa no hyerɛn kakra berɛ a ase no wɔ nhini a ɛyɛ fɛ yie a ɛwɔ afa afa mmienu na ahaban no gu.[1]

Saa afifideɛ yi wɔ nhwiren ne aba nyinaa bi. Nhwiren no yɛ akokɔ-sradeɛ a ɛhyerɛn yie wɔ ɔpɛ bere mu, a ɛfiri Ɔgyefoɔ bosome mu de kɔsi Ɔbenem bosome mu. Wɔahyehyɛ nhwiren no gyina hɔ tee anaasɛ ɛwɔ nhini a ɛsensɛn hɔ a ne tenten firi sɛntimita 30 de kɔsi 50. Sepals nnum na ɛwɔ bracts 5. Nhwiren no tenten yɛ 15–20 cm berɛ a nhwiren a ɛyɛ ahabammono no tenten yɛ 6-7mm. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, stamens 10 na ɛwɔ hɔ. Nnuaba no kɔla fi bruu tuntum kɔsi tuntum. Aba no ntumi nsɛe ɛfirisɛ ɛtra dua no ho berɛ tenten. Ɛbɔ kɔsi Ɔgyefoɔ ne berɛ a aduaba no nyini.[1]

Wɔtoo dua no din sindiaWolof kasa mu, ne sinjan wɔ Bambara kasa mu, a dea ɛkyerɛ ankasa ne "nufuo tenten," a ɛkyerɛ sɛnea aba no ntini teɛ.

Nkyekyɛmu ne baabi a wɔteɛ[sesa]

Fruit of Cassia sieberiana, from Bobo-Dioulasso, Burkina Faso.

Cassia sieberiana wɔhunu no wɔ Afrika mmeaeɛ pii a Sahel anafoɔ fam fa ka ho, Senegal, Sudan, ne Uganda. Wɔhunu no wɔ Afrika Apueiɛ fam nso.[1]

Cassia sieberiana nyini yie wɔ asase a nsuo fa mu yie na ɛyɛ nwini a nsuo tɔ bɛyɛ nsateakwaa 20 afe biara. Ɛtaa nyini sɛ dua wɔ mmeaeɛ a ɛhɔ yɛ kusuu yie. Saa nnua yi nyini wɔ afifideɛ afoforɔ akuoakuo mu.[1]

Ne dwumadie[sesa]

Aduane[sesa]

Nigeria no, wɔde nsuo a ɛyɛ dɛ a wɔayi afi ne nnutan no mu no yɛ aduane.[2] Wobɛtumi de afifideɛ no fa a ɛyɛ nhini-nnua nso ayɛ nnua a wɔwe.

Ne dwumadie ahodoɔ[sesa]

Cassia sieberiana wɔde yɛ nnwinnadeɛ, wɔma, wɔduru, na wɔde si adan nso ɛfirisɛ ɛyɛ dua a ɛyɛ den yie a mfɔteɛ ntumi nkɔ mu. Dea ɛka ho no, ɛyɛ dua a wɔde siesie fie nso esiane ne nhwiren a ɛhyerɛn nti. Amammerɛ ahodoɔ bi nso de afifideɛ no ka wɔn som ho ne gyidihunu ne nkonyaayi atirimpɔ ahodoɔ nti.[1]

Wɔde afifideɛ no afa hodoɔ nso adi dwuma firi tete sɛ nkorabata a wɔde te ɛse ho.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 John Kirkegaard (1916), A practical handbook of trees, shrubs, vines and herbaceous perennials. Hardy and ornamental varieties, their characteristics, uses and treatment, Boston: Williams Bookstores Co, retrieved 2024-03-12
  2. Eric Friede (2012-08-01), "LCC from April 2012-June 2012 Lists", Theology Cataloging Bulletin, vol. 20, no. 4, pp. 6–18, doi:10.31046/tcb.v20i4.1340, ISSN 1548-8497, retrieved 2024-03-13
  3. Basil H. Aboul-Enein (2014-01), "The miswak (Salvadora persica L.) chewing stick: Cultural implications in oral health promotion", The Saudi Journal for Dental Research, vol. 5, no. 1, pp. 9–13, doi:10.1016/j.ksujds.2013.06.002, ISSN 2352-0035, retrieved 2024-03-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)