Bragoro
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Bragorɔ a yɛsane frɛ no Brapue yɛ amammerɛ bi a Akanfoɔ ne titire Asantefoɔ yɛ ma obi a waduru ne mpanin mfeɛ so.[1] Amammerɛ kwan so, sɛ ababaawa bi bu ne nsa a ɛdikan a, wɔyɛ saa amammerɛ a wɔfrɛ no bragoro no ma no. Wɔgyedi sɛ ɛno na ɛma no kɔ ne mpanin fie so. Sɛ ababaawa bi bu ne nsa a ɛdikan a ɔmaame kɔbɔ mpaninfoɔ, ɔbaahemaa ne mpaninfoɔ a ɛwɔ mpɔtam hɔ amanneɛ ma wɔhunu sɛ ne babaa no aduru sɛ wɔbɛyɛ saa amammerɛ no ama no.[2] Ɛwɔm sɛ Bragoro wɔ mfasoɔ deɛ nanso ɛreyera.[3][4]
Ansana obi bɛkɔ awareɛ anaa yɛde abaayewa bi bɛma awareɛ no gye sɛ wɔ goro no bra. Bragorɔ yɛ amammerɛ a Akanfoɔ yɛ de pagya wɔn mma mmaayewa a wɔaduru wɔn mpanin mfeɛ so kɔ wɔn mpanin mu. Wɔnam bragorɔ yi so siesie wɔn ma awareɛ, awoɔ ne mmateteɛ. Wɔ yɛ de kyerɛ sɛ ababaawa no afiri ne nkwadaa gyinaberɛ mu rekɔ ne mpanin gyinaberɛ mu. Ansa Akanfoɔ bɛgoro obi bra no gye sɛ wayɛ bra anaa wakɔ afikyire.[5] Din foforo a Akanfoo de ma saa bra yi bi ne, Wabu ne nsa, wakum sono, n'abɛ abere ne deɛ ɛkeka ho.
Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ https://jetsanza.com/bragoro-how-brapue-is-celebrated-and-its-significance/
- ↑ https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/tribes/puberty_rites.php
- ↑ https://dx.doi.org/10.30676/jfas.v33i2.116440
- ↑ https://www.proquest.com/docview/1770385193
- ↑ Kofi Agyekum (2012-01), "Akan proverbs and aphorisms about marriage", Institute of African Studies Research Review, vol. 27, no. 2, pp. 1–24, doi:10.10520/EJC124862, retrieved 2025-07-01
{{citation}}: Check date values in:|date=(help)