Brɔde Ampesi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Brɔde ampesi yɛ brɔde a wɔnoa de ntooso frɔeɛ, kontomire frɔeɛ anaa abɛ nkwan di.[1] Sɛ obi mpɛ brɔde ampesi a, obetumi anoa bayerɛ, amankani anaa bankye de asi brɔde no anan mu. Aduane yi yɛ Ghana aduane a ahoɔden pii wɔ mu.[2]

Sɛnea wɔnoa no[sesa]

Sɛ wopɛ sɛ wonoa brɔde ampesi a, wobehia brɔde. Di kan fa nsuo si gya so. Wowie a na wa yi brɔde no hono no awrɛwrɛ ho na wode agu nsuo a esi agya so mu.[1][2][3] Fa nkyene kakraa ka brɔde no ho na kata kyɛnsee a brɔde no gu mu no so. Ma no nsi so bɛyɛ sɛ sima aduonu kɔpem sima aduasa na yi brɔde no fi agya no so. Hwie nsuo a ɛwɔ brɔde no ho nsuo gu na fa brɔde no gu nsuo nyono anaa neɛ adwo mu.[2] Twɛn bɛyɛ sɛ sima biako na yi fi nsu no mu.

Afei wobetumi de frɔyɛ a wopɛ anaa nkwan na wode bɛka brɔde no ho adi.[2][3]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/food/ampesi.html
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://shopafricausa.com/blogs/african-food-recipe/how-to-prepare-ampesi-and-kontomire-stew-abom
  3. 3.0 3.1 https://myrecipejoint.com/how-to-prepare-ampesi/

Daniella Damptey (talk) 03:46, 5 Ogyefuo 2022 (UTC)Daniella Damptey