Barbara Makhalisa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dr.
Barbara Makhalisa
Ne ho asɛm
Awo bere
Barbara Clara Makhalisa-Moyo

1949 (mfeɛ 73–74)
Zimbabwe
Ne manZimbabwe ni
NehokaniShadreck Nkala
MmaMmiensa
N'adwumaƆkyerɛkyerɛfoɔ, Ayɛsɛm kyerɛfoɔ, Nhoma Tintimfoɔ, Sesamufoɔ

Barbara Makhalisa wɔwoo no afe apem ne ɔha ahankron aduanan nkron mu (1949),[1] a wɔsan frɛ no ne ware din Barbara Nkala, yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Zimbabweni Twerɛfoɔ, Ndebele kasa asekyerɛfoɔ, ayɛsɛm kyerɛfoɔ, samufoɔ ne nhoma tintimfoɔ, mmaa akyerɛfoɔ a wodii kan tintimii wɔ Zimbabwe man no mu baako.[2] Ɔno na ɔkyerɛ nhoma pii a wɔtwerɛ wɔ Ndebele kasa mu, ne Borɔfo kasa nso,[3]a wɔde ebinom adi dwuma sɛ sukuu nhoma.[4] Barbara aware Shadreck Nkala. Wawo mma mpanyinfoɔ mmiensa ɛna ɔwɔ banananom nsia.

Asetena Mu Nsɛm[sesa]

Wɔwoo Barbara Clara Makhalisa wɔ Zimbabwe, na osuaa adeɛ wɔ Gweru Akyerɛkyerɛfoɔ Kɔlege, na ɔyɛ Ndebele ne Borɔfo kasa titire.[3][5]N’atwerɛ adwuma fii ase bere a odii nkonim wɔ ɔman akansi bi mu wɔ ne nhoma a edi kan, Qilindini, detective thriller a wɔkyerɛwee wɔ Ndebele kasa mu[6], saa bere no na ɔyɛ ɔbea kyerɛwfo a ɔto so abien pɛ wɔ Ndebele kasa mu.[7] Ne nhoma a ɛto so mmienu, Ndebelefo ayɛsɛm Umendo ("Aware Yɛ Kyakyatow", 1977, Mambo Press, 1977), wobu no sɛ ɛyɛ nhoma a wɔagye din.[8] Ɔkaa sɛ: "Mete nka sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo twerɛ wɔ wɔn kurom kasa mu.... Wɔde yɛn amammerɛ nyinaa sie wɔ kasa mu, na nhoma ne amammerɛ akorae."[6]

Nea ɔtwerɛ wɔ Borɔfo kasa mu no bi ne Underdog ne nsɛm Afoforɔ (Mambo Press, 1984) ne Eva Dwom: Nsɛm ntiantiaa a wɔaboaboa ano (Harper Collins, 1996). N'asɛm "Different Values" pue wɔ Margaret Busby nhoma a wɔaboaboa ano wɔ 1992 mu a wɔfrɛ no Daughters of Afrika[9]

Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako (1981) mu no ɔbɛyɛɛ sesafoɔ maa nhoma tintimfoɔ Longman Zimbabwe.[10] Wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako (1991) mu no, ogyaa Longman na ɔne ne kunu yɛɛ adwuma wɔ abusua adwumakuo no mu mfeɛ num ansa na wɔreto nsa afrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ Amanaman Ntam Bible Fekuo Zimbabwe (IBS Zimbabwe) panyin sɛ ɔman kwankyerɛfo wɔ Malawi ne Zimbabwe. Ɔno na ɔhyehyɛɛ IBS Shona ne Ndebele Bible foforoɔ no nkyerɛaseɛ ne ne tintim, ne Chichewa Apam Foforo no nso. Ogyaee IBS wɔ afe 2005. Seesei ɔhwɛ adwumakuw bi a wɔfrɛ no Radiant Publishing Company,[2] a wɔn anisoadehunu ne sɛ wobetintim nwoma ama nsakraeɛ.[11]

Wɔ afe mpem mmienu ne dunum (2015) mu no, ɔnyaa abodin krataa a ɛyɛ nidi wɔ National University of Science and Technology so (NUST) a ɛwɔ Bulawayo.[4][2]

Nkala yɛ Brethren wɔ Christ asɔre a ɛwɔ Zimbabwe no mu nipa a ɔyɛ nnam. Sɛ ɔpanyin wɔ n’asɔre mu no , watra nnipa mmoa bagua ahorow bi mu. Ne nkɛntɛnsoɔ wɔ asɔre no mu akyerɛ mmeranteɛ ne mmabaa bebree sɛ wɔnkyerɛw wɔn nsɛm na wɔatintim pii wɔ Good Words/Amazwi Amahle mu wɔ Zimbabwe. Ɔyɛ Mennonite World Conference no Ɔmantam Anamusini[12] Afrika Kesee Fam a ɔka South Africa, Mozambique, Malawi, Zambia, ne Zimbabwe. Wɔdaa Nkala ne mmea afoforo adi wɔ Doris Dube nhoma Silent Labourers mu.[13]

Bɔsrɛmuka[sesa]

  • Qilindini (Cheat! Ndebele, novel 1974, Longman Zimbabwe)
  • Umendo ( Marriage is a gamble. Ndebele, novel, 1977, Mambo Press)[14][15]
  • Umhlaba lo! (What a world!; Ndebele, 1977, Mambo Press)[16]
  • Impilo yinkinga (Life is a Mystery, Ndebele novel, 1984, Mambo Press)[17]
  • The Underdog and Other Stories, Mambo Press, 1984
  • Calfy Says (Children's stories, 1991, Longman Zimbabwe)
  • Eva's Song, Harper Collins, 1996
  • Beasty Bones and other Baddies (Children's instructions on Health story, 1991, Longman Zimbabwe)[citation needed]
  • Ujojojo KaMaNtombi (Ndebele Children's story, 1991, Longman Zimbabwe)
  • Woza Lazo (co-authored, Ndebele infant Rhymes 1991, Longman Zimbabwe)
  • Primary Ndebele Texts for schools Grade 6 and 7. Longman Zimbabwe
  • Various English and Ndebele poems and short stories (Zimbabwe Women Writers Anthology, 1994)
  • Vus' Inkophe/Masimba, 1997
  • The Book Fair Book, 1993
  • Giya Giya (Poetry, 1990)[18]

Sɛ Sesamufoɔ / Nwoma Tintimfoɔ[sesa]

  • Rainbow After a Storm: Stories of Loss, Grief & Healing, Radiant, 2008
  • Celebrating the Vision: A Century of Sowing and Reaping,[19] Baptist Publishing House, 1998
  • Umkhosi Wenhliziyo by Olivia M Sibanda, 2020[20]
  • Uhambo Lwempilo by Lindani Phiri, 2020[21]
  • Thaph' uluju: iqoqo lezindatshana, ilifa lakho[22]
  • Izinyawo Zayizolo by Tsitsi Nomsa Ngwenya[23][24]
  • Sithini IsiNdebele? by Issac N Mpofu[25]

Nwoma Foforɔ[sesa]

  • Inkondlo (Selection of Poems by Zimbabwe Women Writers)[26]
  • Golide: Gogo Khokho, lived, loved and left a legacy, Radiant, 2011[27][28]
  • Growing and Branching out: Brethren in Christ Church in Zimbabwe and southern Africa, Radiant, 2014[28]
  • Umusa Wansuku zonke: Ugwalo 2, Radiant 2006[29]
  • Preface to Isichazamazwi SesiNdebele (Ndebele Dictionary) 2001 by African Languages Research Institute, UZ Harare[30]

Nneɛma a Wɔatumi Ayɛ / Abasobɔdeɛ[sesa]

  • PHd wɔ NUST[31]
  • 40 National Arts Merit Awards (NAMA) Legends Award[32]

Asetena Mu kitahodi Ahodoɔ[sesa]

  • Afotu a wɔde ma
  • Barbara Nkala Literary Trust

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  2. 2.0 2.1 2.2 "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  3. 3.0 3.1 "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  4. 4.0 4.1 "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  5. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  6. 6.0 6.1 "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  7. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  8. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  9. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  10. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  11. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  12. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  13. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  14. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  15. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  16. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  17. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  18. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  19. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  20. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  21. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  22. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  23. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  24. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  25. "South African Languages. Isindebele. Amandebelean Literature", Eleven Years in Central South Africa, Routledge, pp. 241–255, 2012-11-12, retrieved 2023-05-26
  26. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  27. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  28. 28.0 28.1 "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  29. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  30. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  31. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26
  32. "Barbara Makhalisa", Wikipedia (in English), 2023-05-20, retrieved 2023-05-26

Abɔnten so Nkitahodi horow[sesa]