Banda Nkwanta Nkramosombea

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Banda Nkwanta Nkramosombea wɔ Gonja Atɔe mpesua a ɛwɔ kane Atifi manatam no mu wɔ Ghana[1].  Sesei, wɔfrɛ no Kwaebere Mantam mu. Banta Nkwanta yɛ kuro ketwaa bi a ɛda Bui Dam ne Wata-Techiman nkwanta so[2][3].

Abakɔsem[sesa]

Nkramofo a wotu firii Sudan Anafoɔ no sii Nkramosombea no wɔ afeha a ɛtɔ so 18 no mu. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo kyerɛ no, Nkramofo no dikan wuraa Abibere mu denam Egypt so wɛ afeha a ɛtɔ so 10 no mu, na wɔtrɛw faa Atɔe ne Anafo wɔ sika kɔkɔɔ dwadie ne nkoa dwadie bere no mu[4].

Ne Su[sesa]

Wɔde dɔte na esii no wɔ Sudano-Sahelian adansie sɛso. Nkramosom bea no yɛ nea ɛware paa na wɔkyerɛ sɛ, ɛno ne nkramosombea a wɔde dɔte sii a n’abantenten ware paa wɔ Ghana. N’abanteten a ɛwɔ apeui fam no bɛyɛ anamon 42[2]. Natifi no yɛ nea ɛware[5]. Ne su yɛ fasene a wode mpampuro asisi abanteten, na eyi ma n’atifi no ahooden[4].

Nkekaho[sesa]

  1. http://ghana-net.com/larabanga-mosque.html
  2. 2.0 2.1 https://haunsinafrica.com/2018/06/20/ghana-historic-mud-mosque-banda-nkwanta/
  3. https://www.alamy.com/mud-built-mosque-at-banda-nkwanta-ghana-image63000800.html
  4. 4.0 4.1 https://breathlist.com/africa/ghana/places-to-see/banda-nkwanta-mosque/
  5. https://visitghana.com/adventure-news/