Babaso

Ɛfi Wikipedia

Babaso a wɔfrɛ no clap no yɛ nna mu yareɛ a mmoawammoawa bi a yɛfrɛ no Neisseria gonorrhoeae de ba.[1] Nsanyadeɛ no tumi yɛ ɔbaa anaa barima agyapadeɛ, ano, anaa turumuu.[2] Mmarima a saa yadeɛ no san wɔn no nya yaw anaasɛ wɔdwonsɔ a na ɛmu hyehye no, ne kɔte mu firi nsuo anaasɛ ne hwoa yɛ no ya.[1] Mmaa a saa yadeɛ no san wɔn no wɔdwonsɔ a ɛmu hyehye no, ne baa mu firi nsuo, ne baa no mu firi mmogya anaasɛ pelvic panin.[1] Nea ɛha adwene wɔ mmaa mu ne pelvic inflammatory disease na mmarima mu nso no yɛ inflammation of the epididymis.[1] Nnipa pii a yareɛ no san wɔn no nya nsɛnkyerɛnne biara.[1] Sɛ wansa yareɛ no a, n'abaso bɛtumi atrɛ akɔ dwonku ne akoma.[1][2] Sɛ obi a ɔwɔ babaso ne obi kɔhyia mu a ɔtumi nya bi.[1] Ebi ne ano, turumuu ne kwan turodoo a wɔfa so ne obi hyiamu.[1] Sɛ ɔna ne obi hyia mu a ɛbɛtumi afa no so akɔ ne ba so sɛ ɔwo a.[1]Wɔkamfo sɔ mmaa a wɔbɔ mmɔden wɔ nhyiamu ne wɔn a wɔnni mfeɛ nnuru aduonu num ne wɔn hokafoɔ; [3]afe biara. Wɔde saa nkamfoɔ no ma mmarima a wɔne wɔn yɔnko mmarima da(MSM).[3] Wɔbɛtumi asi babaso kwan sɛ wohyɛ kɔndɔm ansana wone obi ahyiamu a, sɛ wone nnipa baako a ɔnni yareɛ no bi nkoa hyiamu a, na sɛ wone obi nhyiamu nso a ɛsi ano kwan.[1][3] Wɔde ceftriaxone na ɛwɔ obi a ɔwɔ obi ne azithromycin sɔ obi anom sa no yareɛ .[4][5] Nnoɔma pii ba wɔ nnuro a wɔdiikan de maa wɔn no a wɔma wɔn ceftriaxone pii.[4][5] Wɔsane yɛ nhwehwɛmu bio bosome mmiɛnsa akyire a wama no aduro no.[3] Adɔfoɔ mmienu a wɔahyiam no nso ɛwɔ sɛ wɔsa wɔn yareɛ.[1] Babaso nya mmaa bɛyɛ 0.8% ɛna mmarima nso 0.6%.[6]Yareɛ no haw bɛyɛ ɔpepem aduasa mmiɛnsa dekɔ ɔha no nsia na wɔnya no afe biara, firi nna mu yareɛ a wɔtumi sa bɛyɛ ɔpepem ahanan ne aduokron nnwɔtwe- a ɛbi ne syphilis, chlamydia, and trichomoniasis.[7][8] Nsanyadeɛ no baa mmaa so berɛ a wɔsua.[3] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num mu no, ɛde owuo ahanson na ɛbaeɛ.[9] Yareɛ no mu nkyerɛkyerɛmu baeɛ ansa na Apam dada no reba.[2] Greek aduyɛfoɔ Galen na ɛdikan de saa edin no dii dwuma ansana 200AD mu no wɔfrɛɛ no "nsuo a ɛnyɛ a ɛfiri barima mu ba ".[2]

Nsɛnkyerɛnneɛ[sesa]

Mucosal membranes a ɛyɛ Babaso Nsanyadeɛ bɛtumi ama woho ahono, ahoɔhene,yaw ne pia aba.[10]Ɛfiri da a ɛbɛda adi ne nsɛnkyerene no bɛyɛ nna mmienu ne du nan akyire, a nsɛnkyerene no pii nso ba wɔ nna nan ne nsia ntam sɛ wonya yareɛ no na sɛ ɛpui a. Mmaa ne mmarima a yareɛ no nya wɔn mene mu no nya kuro wɔ hɔ, ɛwɔm sɛ saa yareɛ no nna nsɛnkyerene biara adi wɔ bɛyɛ yareɛ no mu ɔhamu nkyekyɛmu aduokron.[11] Nsɛnkyerɛnne foforɔ nso bɛtumi ayɛ yɛnkɔn ho a ɛhono.[10]Nna nhyiamu ne ɛto nhyiamu bɛtumi ama yareɛ no anya w'ani sɛ mmoawammoawa no yɛ saa akwaa no.[12]

Mmaa[13]

[14]Mmaa no fa pii a wɔwɔ Babaso no yɛ asymptomatic nanso ɛfa no nso nsuo firi wɔn baa mu, yafunu yareɛ, anaa wɔnya yaw sɛ wɔne barima rehyiamu a.  Sɛ mmaa ansa saa yareɛ no a ɔhaw a ɔnya no bi yɛ pelvic inflammatory yareɛ a ɛbɛtumi de koraa ato awodeɛ no ano na ɛno akyire no ɛbɛma wɔn a wɔnyem no nso wɔmma ntumi nna awodeɛ no mu[13].[14]

Mmarima

Mmarima a wɔnya saa yareɛ no bi no nsɛnkyerene yɛ inflammation of the pemile urethra a ɛma obi dwonsɔ a ɔte yaw na nsuo a ɛfiri wo barima mu.[15] Nsuo a ɛfiri mmarima barima mu ba no sɛ ɛhyehye anaa bɛhyehye no ba mmarima kakra bi so na ɛno ne nsɛnkyerɛnne a ɛtaa ba wɔn so.[16] Nea ɛde yaw no ba yɛ urethral lumen no a ayɛ ketewa no.[17] Ɔhaw a aduro a wɔnom rebrɛ wɔn yɛ inflammation of the epididymis.[14] Babaso nso ma prostate cancer kɔ soro.[18]

Mmɔfra

Sɛ sɛ mmaa a ɛwɔ Babaso ansa yareɛ no na wɔde nyinsɛn a, gonococcal ophthalmia neonatirum bɛtu mpɔn wɔ mmɔfra bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nnwɔtwe mu.[19]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 https://www.cdc.gov/std/gonorrhea/stdfact-gonorrhea-detailed.htm
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://books.google.com/books?id=jmhADwAAQBAJ&pg=PT787
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC5885289
  4. 4.0 4.1 https://www.cdc.gov/std/gonorrhea/arg/basic.htm
  5. 5.0 5.1 https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC4546108
  6. Newman, Lori; Rowley, Jane; Vander Hoorn, Stephen; Wijesooriya, Nalinka Saman; Unemo, Magnus; Low, Nicola; Stevens, Gretchen; Gottlieb, Sami; Kiarie, James; Temmerman, Marleen; Meng, Zhefeng (8 December 2015). "Global Estimates of the Prevalence and Incidence of Four Curable Sexually Transmitted Infections in 2012 Based on Systematic Review and Global Reporting". PLOS ONE. 10 (12): e0143304. Bibcode:2015PLoSO..1043304N. doi:10.1371/journal.pone.0143304. PMC 4672879. PMID 26646541.
  7. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC4561509
  8. https://web.archive.org/web/20130613030128/http://whqlibdoc.who.int/hq/2011/WHO_RHR_11.14_eng.pdf
  9. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC5388903
  10. 10.0 10.1 https://www.mayoclinic.org/diseases-conditions/gonorrhea/symptoms-causes/syc-20351774
  11. https://books.google.com/books?id=aywGiP9w-u8C&q=gonorrhea+throat&pg=PT150
  12. https://www.cdc.gov/std/gonorrhea/stdfact-gonorrhea-detailed.htm
  13. 13.0 13.1 https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC4295611
  14. 14.0 14.1 14.2 https://www.webmd.com/sexual-conditions/complications-gonorrhea-cause
  15. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC2943790
  16. https://books.google.com/books?id=3iS7tXxC_HQC&pg=PA49
  17. Liang Cheng; David G. Bostwick (24 January 2014). Urologic Surgical Pathology E-Book. Elsevier Health Sciences. p. 863. ISBN 978-0-323-08619-6
  18. Caini, Saverio; Gandini, Sara; Dudas, Maria; Bremer, Viviane; Severi, Ettore; Gherasim, Alin (2014). "Sexually transmitted infections and prostate cancer risk: A systematic review and meta-analysis". Cancer Epidemiology. 38 (4): 329–338. doi:10.1016/j.canep.2014.06.002. PMID 24986642
  19. https://web.archive.org/web/20100310075359/http://www.phac-aspc.gc.ca//publicat/clinic-clinique/pdf/s1c16e.pdf