Baba Jamal Mohammed Ahmed

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Baba Jamal Mohammed Ahmed
Member of Ghana Parliament Akwatia
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
Ne ho asɛm
Awo bere7 May 1969 (1969-05-07) (age 54)
Akwatia, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaManager director

Ahmed Mohammed Baba Jamal ( wɔwoo no Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so nson(7 May) wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (1969) mu) yɛ Ghana amanyɔfoɔ. Na ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Akwatia Mantam.[1] Ɔyɛɛ ɔsomfo abadiakyiri a wɔayi no sɛ ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso so.[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Baba Jamal wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (1969) mu wɔ Akwatia wɔ Ghana Apuei fam mantam mu. Ɔwɔ MPhil wɔ Amanaman Ntam Amanyɔsɛm mu ne mmara mu abodin krataa wɔ Ghana Suapɔn mu.[1]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔyɛɛ adwuma sɛ Meeme Business venture a ɛwɔ Akwatia no kwankyerɛfo panyin. Na ɔsan nso yɛɛ National Democratic Congress no kyerɛwfo panyin abadiakyiri.[1] Mfeɛ nkron akyi no, Baba Jamal tumi kɔɔ bar no mu na ɛba sɛ ɔka mmaranimfoɔ 219 a wɔfrɛɛ wɔn kɔɔ bar no mu wɔ afe 2015 mu no ho.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so nson wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu mu (2012) no, Baba Jamal dii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu maa Akwatia mantam no nea edi kan, wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu 2012 Ghana Amansan Abatow mu a onyaa abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 50.44%.[4]

Nanso ɔhweree nkongua no maa Mercy Ama Sey wɔ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) Amansan Abatoɔ no mu wɔ abatoɔ 15,905 akyi berɛ a Mercy Ama Sey nyaa abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu 21,433.[5]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Ɔyɛ Muslimini na ɔyɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma baanum.[1]

Mmeaeɛ A Menyaa mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Ghana MPS - Ghana's comprehensive official repository of MPs information (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Latest Ghanaian news , sports, entertainment, events and politics - Ghana, retrieved 2023-10-01
  3. Bruce J. Evensen (2015-04), Mauldin, William Henry (29 October 1921–22 January 2003), American National Biography Online, Oxford University Press, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Jetta Carol Culpepper (2019-09-30), "Watch Out and Listen: Faculty Assess Electronic Resources", Acquiring Online Management Reports, CRC Press, pp. 29–40, ISBN 978-0-367-81372-7, retrieved 2023-10-01
  5. Ghana HomePage, resource for News, Sports, Facts, Opinions, Business and Entertainment, retrieved 2023-10-01