Ayeebo Asumda

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ayeebo Asumda yɛ kane Ghanani nhomasua mu kunini ne amanyɔni. ɔsɔɔm sɛ ɔman soafo wɔ adeyeman a edikan no. ɔyɛ soafo a odikan wɔ  Atifii Mantam mu. Saa Mantam no na ɛnnɛ wakyɛ mu ayɛ no Apuei –atɔe mantam no. ɔsɔɔm sɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma kusase atɔe fam abatoɔ mpɛsoa so na akyiri, Kusanaba abatoɔ mpɛsoa so. ɔsan so sɔɔm sɛ ɔman afotufo wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so 4 no mu.

Ne mmɔfrase ne Nhomasua[sesa]

Abuure Kusasi (ne Papa) ne Abana Kusasi (ne maame) woo Asumdu wɔ January da a ɛtɔ so 24, afe 1924. Ne din Ayeebo no yɛ nea onyaa fifrii ne maame nuabarima a ne din Atia Ayeebo Kusanaba. Ne wɔfa na ɔtetee no na ɔde kɔɔ sukuu. Asumba hyɛɛ ne sukuu ase wɔ Gambaga Primary School wɔ afe 1931. Woyii no akyiri kɔɔ sukuu foforo a ne din de Tamale Government Boys School wɔ afe 1939 na ɔtoaa so kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo ntete sukuu a ɛne Tamale Training College (ɛnnɛ wɔfrɛ no Bagabaga Collge of education) wɔ afe 1945.Onyaa ade kyere abɔdin krataa a ene ‘’certificate B”” mfie no akyi.

Nnwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Ansa na ɔbɛkɔ akyerɛkyerɛfo ntete sukuu a ɛne Tamale Teachwer Traning College wɔ afe 1954 mo no, Asumda yɛ adwuma sɛ mmɔfra adekyerɛfo mfie mienu. Wɔ afe 1946 mo no, Asumda hyɛɛ ade kyerɛ ase wɔ Zibila na ɔkyerɛɛ ade kosii 1951 ansa na ɔde ne ho hyɛɛ amanyɔsɛm mu. Wɔ afe 1951 mu no, wɔpaw Asumda sɛ mmarahyɛ baguani ogyina hɔ ma Kusasi abotoɔ mpɛsoa so. Ogyinae ma wɔ too aba yii no wɔ afe 1954 ne 1956.  ɔyɛ mmarahyɛ badwani kosii 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui.  Wɔ n’abre so sɛ Smmarahyɛ baguani no, Asumda sɔɔm sɛ Soafo a kyerɛwfo (Soafo abadiakyire) wɔ Atifi mantam mu, wɔ afe 1960 mu no, na eyi maa no yɛɛ nnwuma wɔ asoe ahorɔw pii a ebi ne asoe a ɛhwɛ nnwuma so, asoe a ɛhwɛ atɛntrenee so, asoe a ɛwhɛ Mfiridwuma so ne asoe a ɛhwɛ akwahosan so ne yiyiedie so. Asumda kɔɔ so yɛɛ Soafo ɔhwɛ Atifi mantam so firi July 1960 kosii February afe 1966.

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Na Asumda wo nuammarima mienu; Anyagre Azampaka ne Anyigibila Azampaka ne nuabea baako a ɔne Aryapoka Azampaka. Wɔ afe 1946 mu no, ɔwaree mmea mienu a wɔne Ateedpagira ne Ayineem. ɔne Ayineem awareɛ no gui wɔ afe 1951. Wɔ afe 1953 mu no, ɔwaree Atesikongi na wɔ afe 1954 mu no, ɔwaree Ayelsabliga Batuure.

Owuo ne Agyapde[sesa]

Asumda wuu wɔ afe 2002 na wosie no wɔ Kusanaba a ɛyɛ ne kuro mu a ɛwɔ Bawku Atɔe mpɛsoa so wɔ Atifi Atɔe Mantam mu. Wɔ afe 2006 mu no, Kane manpanyin abediakyire Alhaji Aliu Mahama bue nhomasua adɔyɛkuo bi ano wɔ Asumda din mu. Kuo no boate ne sɛ ɛbɛ boa ma amammere, nhomasua ne agodie akɔ anim wɔ Atifi, ne atoe mantam no mu.

Nkekaho[sesa]