Ayamtunini/Kɔlera

Ɛfi Wikipedia

Kɔlera yɛ nsanyareɛ bi a ɛseɛ mmoawammoawa bi te sɛ Biribi cholerae de sɛe yam nnoɔma.[1][2] Wonya nsɛnkyerɛnne bɛtumi afiri nkakrankakra de akɔ nea ano yɛ den.[2] Nsɛnkyerɛnneɛ a yɛtaa hu yɛ agyanan a ɛyɛ nsuosuo bɛyɛ nna kakra bi.[3]Wotumi fe na wo honam amoamoa. [4]Woyamtuo no ano tumi yɛ den bɛyɛ dɔnhwere baako. [4]Wei bɛtumi ama w'ani akeka akɔm, woho bɛyɛ nwunu, wo nsa ne wo nan bɛtwintwam. [5]Sɛ woho nsuo twe a wo honam ahosuo tumi yɛ sɛ ewiem. [6]Nsɛnkyerɛnneɛ no hyɛaseɛ dɔnhwere mmienu dekɔ nna num sɛ obi nya yareɛ no akyire a.[4] Vibrio cholerae ahodoɔ na ɛde kɔlera ɛba, a ɛma ebi yɛ kɛseɛ kyɛn bi.[3] Sɛ mmoawammoawa a ɛkɔsi nnipa agyanan so bɛsi nsuo ne aduane  yɛmmɔ ho ban a ɛtumi trɛ yareɛ. [3]Baabi a ɛfiri paa yɛ nsuomunam a yɛfrɛ no "shellfish" a yɛnnoa. Nnipa nkoa na yɛnim sɛ mmoawa no de yareɛ no kɔ wɔn so. Adeɛ baako a ɛyɛ hu paa ara yɛ agyananbea a ɛhɔ yi fi, wɔnnom nsuo a ɛho te pii, ne ahokyerɛ. Wɔde agyanan na ɛyɛ kɔlera ho nhwehwɛmu. Wɔbɛtumi de dipstick test ayɛ nso ɛmma yɛnnya nea yɛpɛ. [7]Nea yɛbɛyɛ de asi kɔlera kwan ne yɛbɛ siesie agyananbea na yɛanom nsuo a ɛho te. [5]Kɔlera paneɛ a yɛde sɛ anom no bɔ yɛnho ban bɛyɛ bosome nsia. Ɛsane boa bɔ yɛnho ban sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnya ayamtuo a E. coli de ba. [3]Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no, FDA gyee kɔlera paneɛ a yɛfrɛ no Vaxchora a yɛde ma wɔn a adi mfeɛ du nnwɔtwe dekɔ aduosia nan a wɔtu kwan kɔ baabi a saa yareɛ no bi wɔ tom. Ɔbɔ mmɔfra ho ban kakrabi. Wɔn a wɔnya wɔn tiri didi mu wɔ kɔlera yareɛ no ho nom aduro bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa.  Aduro a wɔde sɔ wɔn a wanya bi no yɛ ORS,  aduro a dɛdɛ ne akyene wɔ mu. Ɛmo a yɛde si ano nso yɛ. Wɔma mmɔfra Zinc nom. Sɛ yareɛ no ano yɛ den a wɔma wɔn, intravenous fluids, bi te sɛ  Ringer's lactate, ne antibiotics. Wɔhwɛ hunu Antibiotics korɔ a wɔde bɛsi nea wɔpɛ no kwan.

Kɔlera nya nnipa mpempem mmiɛnsa dekɔ num wɔ wiase afanaa nyinaa na ɛde nnipa mpem aduonu nnwɔtwe, ne ahannwɔte dekɔ mpem aha ne aduasa kɔ owuo mu wɔ afe baako mu. Kɔlera yɛ yareɛ a  ɛte atese wɔ mpɔtam bi   Baabi a yareɛ bi taa kɔ paa ara ne Abibiman ne Southeast Asia. [3]Owuo a ɛba wɔn a wanya yareɛ no bi sua kyɛn ɔhamu nkyekyɛmu num nanso ɛbɛtumi akɔ soro bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum. [3]Sɛ wansa obi a ɔwɔ yareɛ no a ɛde owuo no kɔ soro.[3]Wɔhunu  Kɔlera ho nkyerɛkyerɛmu ntɛm paa ara wɔ 5th century BC wɔ Sanskrit.[8] Kɔlera ho adesua a John Snow de baa wɔ afe apem ahannwɔte ne aduanan nkron ne afe apem ahannwɔte ne aduonum nan ntam de mpontuo papa baa ɛnam sɛdeɛ yareɛ no trɛ ɛnam nsuo a ɛho ntee a wɔnom no. [8]Kɔlera nyarewa a ɛtrɛ bɛyɛ nson aba bɛyɛ mfeɛ ahanu nie, a ɛma nnipa mpempem wu.[9]

Nsɛnkyerɛnneɛ[sesa]

Kɔlera nsɛnkyerene a ɛdikan ne ayamtuo me ɛfeɛ.[10] Saa nsɛnkyerɛnne yi ba prɛko pɛ, ɛda fa dekɔ nna num sɛ mmoawammoawa no wura wo mu a. [11]Wɔfrɛ ayamtuo sɛ "ɛmo nsuo" na ɛyɛ nyan.[10] Obi a ɔwɔ Kɔlera a wansa no yam tumi tu da baako bɛyɛ 10-20liyres.[10] Kɔlera a ɛyɛ hu a wansa no kum nnipa wɔwɔ bi no fa.[10] Kɔlera a ano yɛ den no wansa a ɛtumi ma womu nsuo twe.[10] Asymptomatic dekɔ symptomatic nsanyareɛ kɔ firi mmiɛnsa kɔpɛm ɔha.[12] Ahotɛ din a wɔde ma Kɔlera ne "blue death"[13] ɛfiri sɛ nnipa no honam ahosuo bɛyɛ bluish-gray firi nsuo a atwe afiri ne mu.[14] Atiridii yɛ adeɛ ɛbɛma obi yareɛ no biom. Yarefoɔ no ani bɛkeka akɔma, n'ano bɛho, honam bɛyɛ nnwunu anaasɛ ne nsa ne ne nan bɛtwimtwan. Kussmaul breathing, bɛtumi aba ɛnam acidosis a ɛfiri bicarbonate a mɛhwere wɔ yɛagyanan mu ne lactic acidosis ɛba ɛnam ɔhyɛ so nti. Mmogya so te ɛnam nsuo a atwe wɔ ne mu,dwonsɔ so te. Woyɛ mmerɛ na ama wo honam atwomtwom, ɛde seizure ba anaasɛ ɛma wokɔ koma ɛnam electrolyte a ɛntotɔ yie no, ne titire wɔ mmɔfra so.[13]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Finkelstein, Richard A. (1996). "Cholera, Vibrio cholerae O1 and O139, and Other Pathogenic Vibrios". In Baron, Samuel (ed.). Medical Microbiology (4th ed.). University of Texas Medical Branch at Galveston. ISBN 978-0-9631172-1-2. PMID 21413330. NBK8407.
  2. 2.0 2.1 https://www.cdc.gov/cholera/healthprofessionals.html
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 3.6 https://www.who.int/wer/2010/wer8513.pdf
  4. 4.0 4.1 4.2 https://www.cdc.gov/cholera/healthprofessionals.html
  5. 5.0 5.1 Harris JB, LaRocque RC, Qadri F, Ryan ET, Calderwood SB (June 2012). "Cholera". Lancet. 379 (9835): 2466–2476. doi:10.1016/s0140-6736(12)60436-x. PMC 3761070. PMID 22748592.
  6. https://books.google.com/books?id=7rvLPx33GPgC&pg=PA7
  7. https://www.cdc.gov/cholera/diagnosis.html
  8. 8.0 8.1 Harris JB, LaRocque RC, Qadri F, Ryan ET, Calderwood SB (June 2012). "Cholera". Lancet. 379 (9835): 2466–2476. doi:10.1016/s0140-6736(12)60436-x. PMC 3761070. PMID 22748592
  9. http://www.cbc.ca/news/technology/cholera-s-seven-pandemics-1.758504
  10. 10.0 10.1 10.2 10.3 10.4 Sack DA, Sack RB, Nair GB, Siddique AK (January 2004). "Cholera". Lancet. 363 (9404): 223–33. doi:10.1016/S0140-6736(03)15328-7. PMID 14738797. S2CID 208793200.
  11. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC3677557
  12. King AA, Ionides EL, Pascual M, Bouma MJ (August 2008). "Inapparent infections and cholera dynamics". Nature. 454 (7206): 877–80. Bibcode:2008Natur.454..877K. doi:10.1038/nature07084. hdl:2027.42/62519. PMID 18704085. S2CID 4408759.
  13. 13.0 13.1 https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC2171164
  14. https://archive.org/details/medicalanthropol00mcel_718