Awo akyi nyarewa

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Awo akyi nyarewa, a wɔsan frɛ no awo bere mu nyarewa, awo ho atiridii anaa awo bere mu atiridii yɛ yare biara a mmoawa de baɔbea awode muawo akyi anaa nyinsɛn a asɛe akyi. Eyi ho nsɛnkyerɛnne no bi yɛ atiridii a ɛkyɛn 38.0C, awɔ, ayaase yaw, ne ebia ɔbea ase nsu a ɛbɔn.[1] Mpɛn pii no ɛba nnɔnhwerew aduonu anan akyi wɔ nna du mu fi bere a ɔbea no awo akyi.[2]

Yare a abu so sen biara ne nea ɛka awotwaa no ne ntini a ɛbemmɛn a wɔfrɛ no awo akyi sepsis anaa awo akyi awotwaa mu a ahyehyɛ. Nea etumi de eyi ba no bi ne oprehyen(Caesarean section), mmoawa bi a ɛwɔ hɔ te sɛ group B streptococcus wɔ ɔbea ase,ntini a apae ntɛm,ne bere tenten awo ne afoforo. Mmoawa ahorow na ɛde nyarewa yi dodow no ara ba. Hu a wobehu eyi ntaa mfi mmoawa a wɔma wɔwo wɔ ɔbea ase anaa mogya mu. Wɔ wɔn a ɛnyɛ adwuma mma wɔn no, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ mfonintwa nhwehwɛmu ma no. Nneɛma afoforo a ɛde awo akyi atiridii ba no bi ne:nufu a ahyɛ mogya, dwensɔ durubɛn yare ayaase yare bi anaa ɔbea ase a wɔbae mu, ne ahurututu no a agye agu.[1]

Esiane asiane ahorow a ɛtaa ba wɔ C-section akyi nti wɔhyɛ nyansa sɛ mmea bɛbɔ wɔn ho ban denam nnuru a ɛko tia mmoawa te sɛ ampicillin a wɔde bedi dwuma bere a wɔrebɛyɛ oprehyen no. Wɔde nnuru a ɛko tia mmoawa na ɛsa nyarewa yi na ɛyɛ adwuma wɔ nnanu anaa nnansa mu wɔ nnipa pii fam. Wɔ wɔn a wɔn de ano nnyɛ den no, wobetumi afa nnuru yi a wɔnom anaasɛ nea wɔde fa ntini mu. Nnuru a ɛko tia mmoawa a wɔtaa de di dwuma no bi ne ampicillin ne gentamicin wɔ awo akyi anaa clindamycin ne gentamicin de ma wɔn a wɔyɛɛ wɔn C-section no. Wɔ wɔn a aduru no nnyɛ adwuma biara mma wɔn no, wobetumi ahwɛ yare afoforo te sɛ abscess nso ahwɛ.[1]

Wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu no, nnipa bɛyɛ ɔha mu nkyekyem biako kosi abien nya nyarewa wɔ wɔn awode mu wɔ awo akyi. Eyi kɔ soro kodu ɔha mu nkyekyem anum kosi dumiɛnsa wɔ wɔn a wɔbrɛe wɔ awo mu, na ɛkɔ kodu ɔha mu nkyekyem aduonum wɔ wɔn a wɔyɛɛ wɔn C-section no bere a wɔmfaa nnuru ɛ no.[1] Wɔ afe 2013 mu no, nyarewa yi maa nnipa mpem aduonu anan hweree wɔn nkwa, nea ennu afe 1990 de a ɛyɛ mpem aduasa anan no.[3] Yare yi ho nkyerɛkyerɛmu a wodii kan de mae no yɛ bɛyɛ afeha a ɛto so anum A.Y.B.(B.C.E.) wɔ Hippocrates nkyerɛwee mu.[4] Nyarewa yi maa nnipa pii hweree wɔn nkwa wɔ awo bere mu fi bɛyɛ afeha a ɛto so dunwɔtwe mu de besi 1930 mfe no mu bere a wofii ase de nnuru a ɛko tia mmoawa di dwuma no.[5] Wɔ afe 1847, wɔ Austria no Ignaz Semmelweiss bere a na ɔyɛ nsa hohoro a ɔde chlorine di dwuma no, ɔtee owu a na efi yare yi mu ba fi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduonu kosi abien pɛ.[6][7]

Nsεm afoforo[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "37". Williams obstetrics (24th ed.). McGraw-Hill Professional. 2014. pp. Chapter 37. ISBN 9780071798938.
  2. Hiralal Konar (2014). DC Dutta's Textbook of Obstetrics. JP Medical Ltd. p. 432. ISBN 9789351520672.
  3. GBD 2013 Mortality and Causes of Death, Collaborators (17 December 2014). "Global, regional, and national age-sex specific all-cause and cause-specific mortality for 240 causes of death, 1990-2013: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2013". Lancet. doi:10.1016/S0140-6736(14)61682-2. PMID 25530442. {{cite journal}}: |first1= has generic name (help)
  4. Walvekar, Vandana (2005). Manual of perinatal infections. New Delhi: Jaypee Bros. p. 153. ISBN 9788180614729.
  5. Magner, Lois N. (1992). A history of medicine. New York: Dekker. pp. 257–258. ISBN 9780824786731.
  6. Anderson, BL (April 2014). "Puerperal group A streptococcal infection: beyond Semmelweis". Obstetrics and gynecology. 123 (4): 874–82. PMID 24785617.
  7. Ataman, AD; Vatanoglu-Lutz, EE; Yildirim, G (2013). "Medicine in stamps-Ignaz Semmelweis and Puerperal Fever". Journal of the Turkish German Gynecological Association. 14 (1): 35–9. PMID 24592068.

Nkyekyem:Gao lazamankwala