Awal Alhassan

Ɛfi Wikipedia
Awal Alhassan
Awal Alhassan
Awo bere1980
Ghana
CitizenshipGhanaian
N'adwumaCultural Dancer
Yɛnim no sɛGhanaian Cultural Dance




Awal Alhassan yɛ Ghanani asawfoɔ a ɔsan nso ne akuoakuo sa. Wonim no yie sɛ ɔyɛ nimdifoɔ anaasɛ wakwadare wɔ Abibiman amammerɛ mu asa a wɔfrɛ no Adowa no mu. Wayɛ nnwom na wakyerɛkyerɛ Adowa asa no bɛboro mfeɛ aduonu ni.

Abrabɔ Ahyeaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Awal Alhassan wɔ afe Apem Ahankron ne Aduɔwɔtwe (1980 ) mu wɔ Ghana. Ofii n’adwuma ase sɛ asafoɔ bere a na wadi mfeɛ du (10). Berɛ a ɔde ne ho kɔbɔɔ mpɔtam hɔ asa kuo bi. Ɛhɔ na osuaa kete anaa Adowa asa no .Efiri saa berɛ no wakɔ so abɛyɛ Adowa asafoɔ a wɔagye din pa ara no mu baako wɔ ɔman Ghana mu ne Abibirem nyinaa.[1][2][3][4]

Adwuma[sesa]

Awal Alhassan yɛ nwomtoni ne asafoɔ. Wabɔ nnwom wɔ afahyɛ ne nhyiamu bebree ase wɔ wiase afanan nyinaa, a Wiase Nnwom Afahyɛ a ɛwɔ Ghana, Amanaman Ntam Asa Afahyɛ a ɛwɔ Amerika, ne Amanaman Ntam Asa Afahyɛ a ɛwɔ France ka ho. Wɔasan nso ayɛ no wɔ nsɛm pii mu, a BBC "Dance of the African Diaspora" ne National Geographic "Dance of the African Diaspora" ka ho. Awal Alhassan nso yɛ choreographer ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Wakyerɛ Adowa ade wɔ Ghana Suapɔn ne National Dance Academy of Ghana. Wakyerɛ adeɔ nso wɔ California Sukuupɔn, Berkeley, ne California Sukuupɔn, Los Angelus. Wɔbu akontaa sɛ Awal Alhassan ahonyadeɛ bɛyɛ dɔla ɔpepem baako. Ɔnam ne dwumadi ahorow, [5]nkyerɛkyerɛ, ne nnwom a ɔbɔ so anya n’ahonyade.[6][7][8]


Awal ayɛ adwuma wɔ Abibiman nyinaa wɔ ahofadie mu ne agodie akuo a wofiri Ghana a Ghana Dance Ensemble, National Theatre of Ghana ne Center for National Vulture Dance Troupe ka ho. Ɔsan nso kyerɛ adesua ahorow a ɛkɔ so, adwumayɛbea ne atenaeɛ ahodoɔ wɔ wiase afanan nyinaa[9][10]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Awal Alhassan Songs, Albums, Reviews, Bio & More (in English), retrieved 2023-11-28
  2. HASHTAG (2018-05-21), Awal Alhassan Biography (in American English), retrieved 2023-11-28
  3. Awal Alhassan Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in English), retrieved 2023-11-28
  4. Awal Alhassan Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in English), retrieved 2023-11-28
  5. Awal Alhassan Archives (in American English), 2022-11-17, retrieved 2023-11-28
  6. HASHTAG (2018-05-21), Awal Alhassan Biography (in American English), retrieved 2023-11-28
  7. Awal Alhassan Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in English), retrieved 2023-11-28
  8. Awal Alhassan Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in English), retrieved 2023-11-28
  9. HASHTAG (2018-05-21), Awal Alhassan Biography (in American English), retrieved 2023-11-28
  10. Awal Alhassan Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in English), retrieved 2023-11-28