Augustus Molade Akiwumi

Ɛfi Wikipedia

Augustus Molade Akiwumi JSC wɔwoo no wɔ Oforisuo bosome ne da ɛtɔso nson wɔ afe apem ɔha nnwɔtwe ne aduokron baako ɛna ɔwuu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe num. Na ɔyɛ mmranimni na ɔsane yɛ ɔtɛmmuafoɔ. ɛkyire ɔbɛyɛɛ ɔkasamafoɔ de ma Ghana mmrahyɛbɛdwafie firi afe apem ɔha nkron ne aduonum nnwctwe de kɔsi afe apem ɔha nkron ne aduosia. Wɔdii nseɛ baa atentenenee wɔ Ghana asɛnnibea keseɛ a ɔfrɛ no Supreme Court wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia ne afe apem ɔha nkron ne aduosia baako ntɛm.

ABRABO AHYEASE[sesa]

Wɔwoo Augustus Akiwumi wɔ Lagos wɔ Nigeria maa Yoruba abusua keseɛ a na ɔyɛ mma du mmienu. Wɔbesesan nkrataa bɛyɛɛ Ghana ni wɔbrɛ a ɔne ɔpapa a ɔfrɛ no S.O Akiwumi baa Gold Coast brɛ na ɔyɛ abɔfra no. Na S.O Akiwumi yɛ abɛdiakyire de ma Red Cross League. Wɔ afe apem ɔha nkron ne du mu no wɔ somaa Augustus Akiwumi maa no ne n'ahyɛfoɔ a wɔfrɛ Smith abusua a wɔwɔ Crosby, Cumbria a ɛwɔ England kɔtenaɛ hɔ. ɔkɔɔ Queen's College, Taunton Somerset. Ne nnuanom nson nso baa sukuu wɔ England abrokyire man mu. Wɔtuaa so kɔɔ Fitzwilliam College, Cambridge ɛhɔ na ɔkɔ suaa mmra. Wɔsane kɔsuaa adeɛ sɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea wɔ Midland Sikakorabea, Ludgate Hill wɔ London wɔbrɛ na ɔrebɛba Ghana no.

ADWUMA[sesa]

Wɔfrɛɛ no bɛkaa mmranimfoɔ ho wɔ Lincoln's Inn wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonu baako. Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia nan mu no wɔbrɛ a na ɔyɛ ɔtɛmmuafoɔ wɔ High Court wɔ Ghana no, ɔyii no mmra kwan so sɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ de maa East African Common Service Organisation. Wɔyii no sɛ ɔkasamafoɔ ma mmrahyɛbedwafie wɔ ɔgyefoɔ bosome wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nnwɔtwe ma Ghana. Wɔbɛyɛɛ ɔtɛmmuafoɔ wɔ Ghana ɛna akyire ɔyii no baa asɛnnibea keseɛ a wɔfrɛ no Supreme Court de firi Kitawonsa bosome wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia saa de kɔsi berɛ a ɔkɔɔ ahomegyeɛmu wɔ Oforisuo bosome wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia baako.

N'ABUSUA[sesa]

Akiwumi waree Grace Aryee ɛna akyire nso ɔwaree Helen Kabuki Ocansey a ɔmo nyinaa yɛ Ghanafoɔ.

BEA MENYAA MMOA FIRII[sesa]

1.https://books.google.com/books?id=gCsUAAAAIAAJ&q=Augustus+Molade+Akiwumi+born

2.https://books.google.com/books?id=3DeOAAAAMAAJ&q=Molade+july

3.https://books.google.com/books?id=9h3IBAAAQBAJ&q=akiwumi+supreme+court&pg=PT37

https://web.archive.org/web/20040224141908/http://www.geocities.com/afrograph/blackbritish.html

5.https://en.m.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/978-0822357476

6.https://books.google.com/books?id=1OHiAAAAMAAJ&q=hans+kofi+boni&pg=RA11-PA9

https://web.archive.org/web/20070927045829/http://www.parliament.gh/leadershipdetails.php?id=0003