Ashanti Pioneer

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ashanti Pioneer (1939 – 1962)[1] Yɛ kane ankorɛankorɛ koowa krataa wɔ Ghanaman mu.

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔhyɛɛ ase wɔ Kumasi bre a na wiase nyinaa ko a ɛtɔ so mienu no rekɔso no, nnipa mienu a wɔde adwumakuo no sii no yɛ wɔn a na wɔyɛ adwuma wɔ nkrataa timtimbea adwumakuo bi a wɔfrɛ no Abura Printing Works wo afe 1939 mu. Bre a na ɔko rekɔ n’awie no, kowaa krataa no dane won ani firi oko no so de kɔɔ ɔman mpontuo nhyhyei so wɔ Ghana mu. Ɛhyɛɛ ase kyerɛw nsɛm faa amanyɔkuo mfiase ho na edi akotene wɔ amaneɛbɔ mu, na afei amanyɔkuo foforo ho a wɔn mu bi ne United Gold Coast Conventions (UGCC) a wɔn kandifoɔ ne J.B Danquah ne Conventions Peoples Party (CPP) a nea odi wɔn anim ne Dr. Kwame Nkrumah.[2]

IWɔ Ahinime bosome, afe 1962 mu no, aban no de nsa too Ashanti Pioneer so na wɔkyeree adwumayefo a wɔn wɔ ho no. [3]

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.loc.gov/newspapers/?all=true&dates=1957&fa=location:ghana%7Csubject:newspapers%7Cpartof_title:the+ashanti+pioneer.+(kumasi,+ghana+:)+1939-1962&st=list
  2. https://www.researchgate.net/publication/337965771_Ashanti_Pioneer_Coverage_of_Growing_Political_Developments_in_the_Gold_Coast_1946-1949
  3. https://books.google.com.gh/books?id=CZAAm-o47rQC&q=ashanti+pioneer&pg=PA19&redir_esc=y#v=snippet&q=ashanti%20pioneer&f=false