Asebu Amanfi

Ɛfi Wikipedia

Amanfi a wɔsan frɛ no "Asebu Branee" no yɛ Ɔhene Katakyie ma Asebu Ahemman a ɛwɔ Mfinfini Mantam wɔ Ghana. Ɔno ne nnipa a ɔkyekyeree Asebu Ahemman no.[1][2]

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ atetesɛm abakɔsɛm mu no,na Asebu yɛ ɔbranee a na ne so bi nni na ɔsan wɔ honhom mu tumi.[1] Wogye di sɛ ɔne ne nua Farnyi Kwegya na ɛkyekyeree Aebu Ahemman no wɔ berɛ a woguane firii Egypt bae no. Abakɔsɛm ma yehu sɛ na Asebu di asraafodɔm bi a na ehunahuna Israelfoɔ no anim.[2] Wotwaa Asuten Chad kɔɔ Benin City na awieɛ koraa no wɔtenaa Moore. Wogye di sɛ onyaa ne din no firii Asuten Sabou mu. Berɛ a obeduu Ghana Anaafoɔ fam no,ɔne ne nua bɔmbɔfoɔ Nana Adzekase na ekyekyeree Asebu Aheman no. Asebu bɛyɛɛ ɔhene a odi kan wɔ Asebuman mu na ɔbɔmbɔfoɔ no nso bɛyɛɛ ɔhene a odi kan wɔ Moore. Na wɔwɔ nuabea a wɔfrɛ no Amanfiwaa.[3]

Ammamerɛ Mu Abakɔsɛm[sesa]

Na ɔno ne Asebu Hene a odi kan.[4]

Asebu ne obi a ɔko boa maa Asebuman ne Abakrampa mu trɛw yɛɛ kɛse. Saa beae yi nyinara wɔ Mfinfini M antam wɔ Ghana.

Wodi Apayemkese afahyɛ no de kae Asebu.

Ne nkranteɛ a na ɔde di ako berɛ a na ɔte ase no da so wɔ a wɔakora so wɔ beae a nkorɔfoɔ tua sika kɔ hwɛ. Ɛma yɛkae ahoɔden a na ɔwɔ.[5]

References[sesa]