Asɔre dan

Ɛfi Wikipedia

Asɔre, Asɔre dan anaasɛ Asɔre fie yɛ ɛdan bi a Akristofoɔ som wɔ muna wɔsane yɛ ɔsom nnoɔma foforɔ wɔ mu. Asɔre a Akristofoɔ ɛdiikan hunui yɛ efie a wayɛ no Asɔre dan a wɔtee no mfeɛ ahanu aduasa mmiɛnsa ne ahanu aduonum nsia ntam. Ɛfiri 11th dekɔ 14th sɛntry, na yɛwɔ asɔre a yɛasi wɔ Western Europe. Ɛtɔ mmerɛ bi a, yɛde Asɔre yɛ nhwɛsoɔ si ɔsom foforɔ dan.[1] Yɛde Asɔre kyerɛkyerɛ Akristofoɔ som a ɛwɔ mpɔtam anaa akristofoɔ agyediefoɔ a waka wɔn ho abom wɔ wiase nyinaa.[2] Wɔ tete kristofoɔ adansifoɔ no, kwan a wɔfa so si asɔre no te sɛ kristofoɔ asɛnnua;aisle a ɛwɔ mfimfini na wɔn tenabea no yɛ vertical beam na sesa no nso yɛ horizontal. Abantenten bɛtumi akanya ɔsoro. Ɛnnɛ nsɔre wɔ wɔ kwan ahodoɔ a wɔfa so si adan. Adan bi a wasi de yɛ biribi foforɔ no wɔsane no yɛ nsɔre, saa ara nso na nsɔre dan ankasa no wɔde yɛ biribi foforɔ.

N'abɔseɛ[sesa]

Edin Asɔre firi Borɔfo kasa cirice a ɛyɛ dada, a aseɛ ne "baabi a yɛde hɔ ama akristofoɔ ma wɔsom wɔ hɔ", a ɛfiri Proto-Germanic kasa Mirika mu. Wɔfaa firii Gothic a ɛwɔ Kreek kyriake(oikia), kyriakon doma mu" Onyankopɔn fie", wɔ kyrios mu no wɔfrɛ no"sodifoɔ, Awurade " wɔ proto-Indo-European kasa hunu; keue a ɛkyerɛ sɛ"wo pagya". Greek kyriakon" wɔ Awurade" yɛ adeɛ a wɔde di dwuma wɔ akristofoɔ som mu firi c. 300, ne titire wɔ East, ɛwɔm sɛ na ɛnyɛ na te sɛ wei sene enklesia anaasɛ basilike.[3]

Abakɔsɛm[sesa]

.Antiquity

Wɔn a wɔsua tete nnoɔma no hunuu akristofoɔ asɔre a ɛyɛ efie(domus ecclesiae), Dura-Europos asɔre, wɔtee no wɔ 233 ne 256 ntam. [4] Wɔ 3rd century AD fa a akyɛ no mmienu mu no, na wɔhyɛɛ aseɛ sii Akristofoɔ asɔredan a wɔsomm mu(aula ecclesiae). Ɛwɔm sɛ wɔsɛe pii no ara wɔ mfeɛ ɔha a na ɛdi soɔ no wɔ Diocletianic ɔtae mu. Mpo nsɔre akɛseɛ ne nea ɛkyɛn saa no hyɛɛ aseɛ pii wɔ Emperor Constantine the Great adedie pɛn so.[5]

Medieval Times

[6]Ɛfiri 11th dekɔ 14th century mu no, asɔredan kɛseɛ bi ne asɔrefie nketewa a wɔresi asorɔkye baa Western Europe. Baabi a yɛde som no da nkyɛn a, na asɔredan kɛseɛ anaa asɔrefie yɛ baabi nnipa a ɛwɔ mpɔtam hɔ nyinaa bɛhyia, a ɛdi dwuma sɛ nhyiamu a ahobanbɔ wɔm,banquest mystry plays ne fair. Beaeɛ a asɔre no kɔ so ne baabi a ɛwɔ no nso yɛ baabi a yɛ kora burofua.[7]

Romanesque Adansifoɔ

Wɔ 1000 ne 1200 ntam no kwan a wɔfaa so sii romanesque no bɛgyee din wɔ Europe nyinaa. Kwan a wɔfaa so sii romanesque no wɔde adansi nnoɔma bi a ɛso na ɛdɔɔso wɔnyɛ no kuntann biara. Nnoɔma a ɛwɔ Romanesque asɔre no mu ne, circular arches, abantenten a ɛyɛ kurukuruwa ne cushion capital a ɛwɔ odum. Wɔ romanesque berɛ mu no, mpoma wɔkataa so no yɛ adeɛ a aba so, saa ara nso na groined vault gyee din. Wɔn a wɔyɛ sculpture tirimpɔ gyinaa adeɛ a su ne nyinasospm so no yɛ adutwam.[8]

Renaissance

Wɔ 15th ne 16th centry, nsesaeɛ a ɛwɔ nnipa nneyɛɛ ho adesua ne mpɔtam ɛnam Renaissance ne nsakraeɛ nso nya nsɔre a wɔsi no so tumi. Ɛkwan a wɔfa so si dan a ɛyɛ na koraa ne Gothic Style nanso wɔ Kwan sononko so. Na basilica nyɛ asɔre a ɛwɔ hɔ bio, na mmom wɔsii koradan. Nnoɔma a ɛwɔ no Column ne capital. [9]Wɔ protestamt nsɔre mu a wɔpaw mu ka Onyankopɔn asɛm yɛ adeɛ a ɛhia paa, wɔnam ɔsɛnkafoɔ adwa no so na wɔhunuu ahɔhoɔ a aba hɔ.

Baroque Adansifoɔ

Kwan a wɔfaa so sii Baroque no hyɛɛ aseɛ wɔ Italy bɛyɛ afe apem ahanum ne aduoson num. Ɛfiri hɔ na ɛtrɛɛ kɔɔ Europe dekɔɔ European colonies. Wɔ baroque berɛ so no, adansie adwumakuo no kɔɔ soro paa. Adan, mpo wɔde nsɔre kyerɛ agyapadeɛ, tumi ne sɛdeɛ wɔsi hyɛ biribi so. Saa nnoɔma yi a ɛfiri Renaissance no yɛ ahinanehane nkoa. Wɔde mould ne stucco sculpture a wɔde hyɛɛ fresco anan no siesie Domes ne capital. Ɛda a ɛdikan a nsɔre yɛɛ sɛ adansie bi a aka abom a kwan bi a wɔfa maa no tuu mpɔn. Wɔsii central-plan pii kyɛn ɛdan nnoɔma a wɔde siesiee ne kwan a wɔfaa so no kɔɔ soro kɔpem 1720 kɔɔ Rocco pɛn so. Protestant asɔrefie pɛ asɔre a ɛwɔ agyananbea, a ahɔhoɔ bɛtumi abɛn sesa ne ɔsɛnkafoɔ adwa.[10]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.britannica.com/EBchecked/topic/362167/Manichaeism
  2. https://www.britannica.com/topic/church-Christianity
  3. http://www.etymonline.com/index.php?term=church
  4. Snyder, Graydon F. (2003). Ante Pacem: Archaeological Evidence of Church Life Before Constantine. Mercer University Press. p. 128
  5. https://books.google.com/books?id=hlqUCgAAQBAJ&q=early+church+buildings&pg=PT70
  6. Levy. Cathedrals and the Church. p
  7. Levy. Cathedrals and the Church. p. 12
  8. https://books.google.com/books?id=g3HgsgEACAAJ&q=romanesque+architecture
  9. https://books.google.com/books?id=70m1KbuD5YoC&q=renaissance+architecture
  10. https://books.google.com/books?id=eaC7yKbxj8UC&q=baroque+architecture