Asɔre
Asɔre kura nteaseɛ ahodoɔ pii nanso deɛ nnipa pii de wɔn adwene si so pa ara yɛ mmiɛnsa. Yei ne asɔre yɛ baabi a Kristofoɔ hyiam som, asɔre kyerɛ Kristofoɔ asafo ne asɔre kyerɛ Kristo nipadua. Nhwehwɛmu ama yɛate aseɛ sɛ, wɔwoo asɔre no Pentekoste da no, berɛ a Honhom Kronkron no sane baa asomafoɔ no so sɛ ”Okyigyinafoɔ”, sɛdeɛ Yohane 14:16 ma yɛhunu no.
Asɛmfua Asɔre Abɔseɛ
[sesa]Asɛmfua asɔre abɔseɛ firi Hela asɛmfua ekklesia mu. Deɛ ɛkyerɛ ne “nnipakuo bi a wɔafrɛ wɔn”. Wɔsane nso kyerɛ aseɛ sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ. Asomafoɔ Nnwuma 5:11 mu na wɔde asɛmfua a ne nkyerɛ aseɛ ne asɔre dii dwuma berɛ a ɛdi kan wɔ Kristosom mu.
Wɔde saa asɛmfua yi dii dwuma wɔ Apam foforɔ no mu pa ara. Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara mu na wɔde dii dwuma, wɔde dii dwuma wɔ Apam dada no mu nso. Na deɛ ɛkyerɛ wɔ saa berɛ no mu ne “Awurade asafo”. Nhwehwɛmu ama no ada adi sɛ, berɛ a wɔde asɛmfua no dii dwuma wɔ Apam Dada no mu ne da a Israelfoɔ no boaboa wͻn ho ano wͻ Onyankopɔn anim no.
Asɔre Nkyekyɛmu
[sesa]Nsɔre gu mu ahodoɔ pii na nneɛma a wɔhwɛ so de saa nkyekyɛmu yi ba ne nneɛma a nsɔre yii gyidi, wɔn akannifoɔ, wɔn som mu amanneɛ ne deɛ ɛkeka ho. Nsɔre nkyekyɛmu ahodoɔ bi ne (1) Tete Nsɔre, (2) Tete Pɛntekoste Nsɔre, (3) Karismatik / Pɛntekoste Nsɔre a aba Foforɔ, (4) Sunsum Nsɔre ne (5) Neo-Prophetic Nsɔre.
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]Díaz-Pabón, L. Á. (2019). What is the Church? Its Role and Purpose According to the Bible.
Foli, R. (2013). The Ghanaian Church scene today. Globus, 2, 1-21. https://core.ac.uk/download/pdf/234698790.pdf