Jump to content

Apollo

Ɛfi Wikipedia
An eye with viral conjunctivitis

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Apollo yɛ aniwa fitaa no akyi yaw a ɛba aniwa no mu ne ani ntɔn nwi no mu[1]. Ɛma aniwa no yɛ kɔkɔɔ. Ɛbɛtumi ayɛ yaw, ahyehye, na akeka, anaa atwetwe wo[2]. Beaɛ a yareɛ no aka no bɛtumi ama asusu pii afiri aniwa no mu anaa "ayɛ sɛ n'ani afura" anɔpa[2]. Aniwa fitaa no nso betumi ahono[2]. Ani a ɛkeka no ho nsunsuansoɔ nso taa ba[3].

Nea ɛtaa de yareɛ yi ba mpanimfoɔ mu ne yareɛ no sae, nanso mmɔfra mu no, yareɛ mmoawa na ɛtaa de ba[4][5]. Yareɛ no tumi ba ɛde nsɛnkyerɛnne afoforɔ na ɛtaa ba.[1] Nnansa yi, yareɛ mmoawa tumi trɛ ntɛmntɛm wɔ nnipa mu[1]. Mpɛn pii no, nsɛnkyerɛne no na ɛma wohunu sɛ obi anya yare no bi. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde nsuo no bi kɔ kɔyɛ ho adwuma[1].

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

Bloodshot eyes

Aniwa kɔkɔɔ, aniwa mu a ɛreyɛ ayɛ hyew, ne aniwa a ɛreporo nsuo yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛtaa da adi wɔ apollo ho. Nanso, ɛsɛ sɛ ani no yɛ adwuma yie[6].

Sɛ obi nya apollo a, ɛkyerɛ sɛ n,ani ho ayɛ kɔkɔɔ. Nhwehwɛmu a wɔde kanea a wɔde (biomicroscope) yɛ no bɛtumi aboa ma wayɛ yareɛ no ho nhwehwɛmu yie. Mpɛn pii no, sɛ wɔhwehwɛ aniwa mu a, ɛma wɔhunu yareɛ no yie.

Deɛ ɛde ba[sesa]

Apollo taa firi mmoawa bi mu na ɛba[7]. Nyarewa a ɛfiri mmoawammoawa mu, nsanyare, ne nneɛma foforɔ a ɛhaw nso taa de ba. Sɛ obi nya yareɛ mmoawa no bi a, ɛtumi bɔ no, na etumi firi obi mu kɔ obi mu anaa ɛtumi firi nneɛma anaa nsuo a ɛho nte mu kɔ obi mu. Nsa a obi de ne nsa aka biribi a ɛho nte no taa ma yare a wɔfrɛ no apollo ba[8].

Nhwehwɛmu[sesa]

Mpɛn pii no, wɔmfa mmoawa nni dwuma anaasɛ wɔnhia bi ɛfirisɛ nnipa dodoɔ no ara yare no sa wɔ bere mu anaa wɔfa nnuru a wɔde sa yareɛ ano. Sɛ wosusu sɛ yareɛ mmoawa a wɔfrɛ no bacterial conjunctivitis na wɔannya nnuru a wɔde sa yareɛ no ho mmuaeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔfa samina de hwehwɛ yareɛ mmoawa a ɛwɔ hɔ no na wɔsɔ hwɛ. Ɛho bɛtumi aba sɛ yareɛ mmoawa a wɔawo wɔn wɔ baabi a ɔyaredɔm no abu so.[9]

The procedure of conjunctival swabs

Nsɔano[sesa]

Ɔkwan a wɔbɛfa so asi yareɛ no ano ne sɛ wobɛhwɛ wo ho so yie, ne titire no, mfa wo nsa a yareɛ no wɔ so ntwitwi w'ani. Nduro a wɔde sa yareɛ mmoawa bi te sɛ Haemophilus influenzae, pneumococcus, ne Neisseria meningitidis nso yɛ adwuma yie[10].

Wɔahu sɛ Povidone-iodine aniwa ano aduru tumi si apollo mu mmoawa no ano[11].

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 A. Richards, J. A. Guzman-Cottrill (2010-05-01), "Conjunctivitis", Pediatrics in Review (in English), vol. 31, no. 5, pp. 196–208, doi:10.1542/pir.31-5-196, ISSN 0191-9601, retrieved 2024-06-17
  2. 2.0 2.1 2.2 Haibo Wang, Xiaokun Han, Deeksha Gambhir, Silke Becker, Eric Kunz, Angelina Jingtong Liu, M. Elizabeth Hartnett (2016-06-16), "Retinal Inhibition of CCR3 Induces Retinal Cell Death in a Murine Model of Choroidal Neovascularization", PLOS ONE, vol. 11, no. 6, pp. e0157748, doi:10.1371/journal.pone.0157748, ISSN 1932-6203, retrieved 2024-06-17{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. Amir A. Azari, Neal P. Barney (2013-10-23), "Conjunctivitis: A Systematic Review of Diagnosis and Treatment", JAMA (in English), vol. 310, no. 16, p. 1721, doi:10.1001/jama.2013.280318, ISSN 0098-7484, retrieved 2024-06-17
  4. Marlene L. Durand, Miriam B. Barshak, Lucia Sobrin (2023-12-21), C. Corey Hardin (ed.), "Eye Infections", New England Journal of Medicine (in English), vol. 389, no. 25, pp. 2363–2375, doi:10.1056/NEJMra2216081, ISSN 0028-4793, retrieved 2024-06-17{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Amir A. Azari, Neal P. Barney (2013-10-23), "Conjunctivitis: A Systematic Review of Diagnosis and Treatment", JAMA (in English), vol. 310, no. 16, p. 1721, doi:10.1001/jama.2013.280318, ISSN 0098-7484, retrieved 2024-06-17
  6. Majid Moshirfar, Amal W Altaf, Isabella M Stoakes, Jared J Tuttle, Phillip C Hoopes (2023-06-22), "Artificial Intelligence in Ophthalmology: A Comparative Analysis of GPT-3.5, GPT-4, and Human Expertise in Answering StatPearls Questions", Cureus, doi:10.7759/cureus.40822, ISSN 2168-8184, retrieved 2024-06-17{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. Amir A. Azari, Neal P. Barney (2013-10-23), "Conjunctivitis: A Systematic Review of Diagnosis and Treatment", JAMA (in English), vol. 310, no. 16, p. 1721, doi:10.1001/jama.2013.280318, ISSN 0098-7484, retrieved 2024-06-17
  8. Gunnar Høvding (2008-02), "Acute bacterial conjunctivitis", Acta Ophthalmologica (in English), vol. 86, no. 1, pp. 5–17, doi:10.1111/j.1600-0420.2007.01006.x, ISSN 1755-375X, retrieved 2024-06-17 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  9. Aziz Sheikh, Brian Hurwitz (2008), "BACTERIAL CONJUNCTIVITIS 372.05 (Infective Conjunctivitis, Mucopurulent Conjunctivitis, Purulent Conjunctivitis)", Roy and Fraunfelder's Current Ocular Therapy (in English), Elsevier, pp. 332–334, doi:10.1016/b978-1-4160-2447-7.50182-1, isbn 978-1-4160-2447-7, retrieved 23 may 2023, ISBN 978-1-4160-2447-7, retrieved 2024-06-17 {{citation}}: Check |doi= value (help)
  10. Geoffrey M. Calvert, Kristi Anderson, John Cochran, James E. Cone, Denise J. Harrison, Peter T. Haugen, Gerald Lilly, Sandra M. Lowe, Benjamin J. Luft, Jacqueline M. Moline, Joan Reibman, Rebecca Rosen, Iris G. Udasin, Aditi S. Werth (2022-12-19), "The World Trade Center Health Program: an introduction to best practices", Archives of Environmental & Occupational Health, vol. 78, no. 4, pp. 199–205, doi:10.1080/19338244.2022.2156975, ISSN 1933-8244, retrieved 2024-06-17{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  11. S.J. Isenberg, L. Apt, D. Campeas (2002), "Ocular Applications of Povidone-Iodine", Dermatology, vol. 204, no. Suppl. 1, pp. 92–95, doi:10.1159/000057733, ISSN 1018-8665, retrieved 2024-06-17{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)