Apatampa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Apatampa(About this soundpronunciation of "Apatampa" ) yɛ Mfantefoɔ a wɔwɔ Ghana asa. Abakɔsɛm ma yehu sɛ wonyaa asa no din firii asɛm bi a esii mmerɛ bi a atwam. Na ɔbranee bi taa kɔto hyɛ Mfantefoɔ mmarima no so kum wɔn anadwo. Da koro, berɛ a ɔne barima a otwa toɔ no reko no, maame bi puee hɔ na ofirii aseɛ saae de twee adwene firii ntɔkwa no so. Obiara adwene kɔɔ ne so na wogyaee ntɔkwa no. Wɔkamfoo no sɛ w'atumi apata ntɔkwa no[apata ampa wo Mfante kasa mu].[1]

Nneɛma a wɔde di dwuma berɛ a wɔresa Apatampa no bi ne Donno a wɔde wɔn nsa bɔ, Abɛn ne Afrikyiwa.[2]

Sɛnea Wɔsa No[sesa]

Nipa a ɔresa no de ne nsa mmienu no nyinaa bɔ ne srɛ mmienu no nyinaa mprenu na ɔbɔ ne nsamu mpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa no so. Afei ɔbɔ ne koko mprenu mpɛn a ɛtɔ so nnan ne nnum no. Ɔreyɛ eyi no nyinaa no na n'anim yɛ serewserew na wohwɛ n'anim a, wotumi hu sɛ n'ani agye. Asa no ne ntwene no nyinaa kɔ pɛ.[3]

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://effutustate.net/efutu-dance-and-music-forms.html
  2. https://vetter.sites.grinnell.edu/ghana/uncategorized/apatampa/
  3. https://www.novica.com/p/african-fabric-collage/55237/