Jump to content

Anum Kankan

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
halitosis
symptom or sign
subclass ofsymptom, fetor, body odor Sesa
WordLift URLhttp://data.wordlift.io/wl01714/entity/halitosis Sesa
ICPC 2 IDD20 Sesa

Anum kankan a borɔfo kasa wɔfrɛ no Bad breath, anaa halitosis, is no yɛ tebea bi a sɛ obi wɔ mu a, ɔhe anaa ɔkasa a mframa a ɛdi akyire no bɔn. Kyerɛ sɛ nka wɔ mu. Anum kankan yɛ adeɛ a ɛha adwene pa ara. Sɛ obi wɔ saa tebea no mu a, ɔntumi nka ne ho nkɔ nnipa mu. Nsunsuansoɔ a yei nya wɔ ne so no bi ne sɛ, ɛba saa a, ɔne ne yɔnkofoɔ nkitahodie ntaa nkɔ yie.

Anum kankan gu ahodoɔ mmienu. Yɛwɔ deɛ ɛwɔ onipa no anum ɛna yɛwɔ deɛ ɛwɔ onipa no hwenem .[1] Wɔn a wɔn deɛ no wɔ wɔn anum no yɛ ɔha nkyekyɛmu aduɔwɔtwe num. Nkaeɛ no nso deɛ wɔ wɔn hwenem. Sɛ nyɛ wɔn hwenem nko

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

Sɛ obi wɔ saa tebea no mu a sɛdeɛ yadeɛ no din kyerɛ no, ɛyɛ a nka tae ba n'anum. Nka no ano den gyina berɛ no so. Anopa deɛ no ano yɛ den sen berɛ biara ɛsiane sɛ, yɛda a yɛne obiara nkasa. Ne saa nti ɔhyew taa gyina yɛn anum. Sɛ obi wɔ saa anum kankan no bi a, ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu. Ɔhyɛ da nnye ne ho nni. Wɔn mu fa kɛseɛ no ara rekasa a na wɔde wɔn nsa akata wɔn ano.

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Nnwoma bebree ka sɛ anum kankan a ɛgyina yɛn anum nneɛma so no yɛ bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduɔwɔtwe num. Nanso nhwhwɛmu no bi awieeɛ ma yɛ ɔha nkyekyɛmu aduɔkron. Wɔfrɛ anum kankan a ɛgyina yɛn anum nneɛma so yi 'intra-oral halitosis, oral malodour ' anaa ' oral halitosis'.

Yɛn anum nneɛma a ɛma nka ba yɛn anum din de biofilm. Wɔwɔ yɛn tɛkyerɛma no akyi baabi a biribara nkyɛ da nkɔ so wɔ hɔ no. Sɛ obi didi na sɛ aduane no bi ka ne se mu, ne dodom ne n'num baabiara na sɛ wantwitwi ne se a saa nnuane a akeka hɔ no yi mmoawammoawa nketenkete bi a yɛmfa yɛn ani nhunu wɔn pue. Wɔn nso wɔwɔ hɔ kyɛ a, afei wɔyi mframa bi a ɛbɔn pue. Saa mframa no ne deɛ ɛfiri yɛn ahrawa mu anaa yɛn hurututuo mu reba no.

Nka a ɛba no nyɛ pɛ. Ɛyɛ a, ɛgyina berɛ no so. Sɛ ɛyɛ ahemadakye a, sɛdeɛ yɛadi kan ahunu no, ɛyɛ a na nka no ano yɛ den sen berɛ biara. Ɛsiane.sɛ yɛda na yɛka yɛn ano tom a ɔhyew bɛgyina yɛn anum. Mframa a mmoa no de pue nobnyinaa boa ano. Nneyɔeɛ bi te sɛ nsanom nso ma obi anum tumi bɔn. Berɛ biara a obi bɛnom nsa no, ɛnam sɛ nsa no ano yɛ hyɛ nti, nhuhuo a ɛwɔ mu no pɛ kwan pue Nsa nso wɔ nka bɔne nti ɛba no saa a nipa no kasa anaa ɔhlme a na mframa ɛdi akyire no bɔn.[2]

Deɛ Ɛwɔ Tɛkyerɛma So[sesa]

Normal appearance of the tongue, showing a degree of visible white coating and normal irregular surface on the posterior dorsum.

Wɛba yɛn anum a baabi baako ɛde anum kankan ba pa ara ne yɛn tɛkyerɛma so.[3] Aduane a ɛka yɛn tɛkyerɛma so no, sɛ ɛwɔ hɔ kyɛ kakra a, ɛyi mmoawammoawa bi pue a wɔde anum kankan no mu ɔha nkyekyɛmu aduonum aduɔwɔtwe rekɔ aduɔkron ba[4] Yɛn tɛkyerɛma akyi de rekɔ yɛn memem hɔ nso no, mpo sɛ aduane nkaa yɛn kɛkyerɛma so mpo a, mmoawa no bi taa wɔ hɔ.[5] Borɔfo mu, yɛfrɛ saa beaeɛ yi posterior dorsum. Deɛ nti a aduane anka yɛn tɛkyerɛma so mpo a mmoawa yi tumi ba yɛn tɛkyerɛma no fa a ɛwɔ yɛn menem no so ne sɛ, ɛhɔ deɛ, yɛntaa mfa nyɛ hwee. Ɛsono anum kankan a, mmoawa a wɔwɔ yɛn tɛkyerɛma so no de ba na ɛsono deɛ wɔn a wɔwɔ yɛn tɛkyerɛma no akyi de ba. Wɔnyɛ pɛ. Ɛbi wɔ hɔ nso a, tɛkyerɛma no so tumi yɛ fitaa. Ɛdi kan no, sɛ aduane ka so a na ɛtaa nya saa ahosuo no. Nyɛ saa berɛ no nko na n'ahosuo yɛ fitaa Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ kaka nso tɛkyerɛma so taa yɛ fitaa. Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ, mmoawa a wɔwɔ wɔn a wɔn anum nka tɛkyerɛma so dɔɔso sene wɔn a wɔnni anum nka deɛ.

Nnɛma Nkaeɛ Bi a Ɛde Anum Kankan Ba[sesa]

Nyɛ aduane a ɛka yɛn tɛkyerɛma so yɛn se mu ne yɛn dodomu no nko na ɛde anum kankan ba. Deɛ ɛdidi soɔ nso, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ɛde anum kankan ba[6][7]

  • Seporɔeɛ tumi de anum kankan ba.
  • Ɛseɛ mu tokuro nso tumi de ba
  • Nyarewa nkaeɛ bi te sɛ anum kuro nso ma anum kankan.
  • Oral ulceration
  • Ehu nso bɔ obi anaa obi brɛ ɔbrɛ dodoɔ nso a, ɛtumi de anum kankan ba.
  • Afei nso, sɛ mmaa boseme so a nhwehwɛmu Kyerɛ sɛ wɔn home no sesa. Ɛyɛ a dodoɔ no ara deɛ no nka kakra ba mu.
  • Tawanom nso gya nka bi wɔ nipa anum. Sɛ ɔtaa kɔ so nom na wanhwɛ ne se yie a, ɛtumi ma nka ba n'anum.
  • Nsanom nsude anum kankan ba.

Deɛ Ɛfiri Yɛn Hwenem[sesa]

Nyɛ yɛrekasa nka ara a na nka tumi ba. Obi home nso a nka tumi wɔ mu. Nka ɛfiri hwenemu no ara nso san ma obi kasa a, mframa bɔne di akyire. Yei deɛ ɛyɛ a nka no firi nipa no hwene mu. Saa nka yi ne anum deɛ no nyɛ pɛ. Yei deɛ nyɛ sɛ ebia deɛ ɛfiri ne hwenem ba no nni ne ho ni. Mmom, nyarewa bi te sɛ kooko na ɛde ba. Wɔn a wɔwɔ asikyireyadeɛ nso tumi kɔ saa tebea no mu .[8]

Nhwehwɛmu ahodoɔ akyerɛ kwan a yɛbɛfa so atu anum kankan a ɛte sei no nso ase.[9][10]

[11]

Deɛ Ɛfiri Mememu[sesa]

Sɛ yɛn memem kwan no fa a wɔfrɛ esophageal sphincter, ho te kyema, sɛ ebia, ekuro bi ba mu a, ɛtumi de anum kankan ba.

Stomach[sesa]

Yɛn yafunu mu nso, nhwehwemu akyerɛ sɛ, ɛka baabi a ɛma nka ba yɛn anum no ho. Sɛ nneɛma bi ho te kyema wɔ yafunu no mu a na ɛma nka ba obi anum.[12]

Kwan a wɔfa so di ho dwuma[sesa]

Anum kankan yɛ adeɛ a Ɛha adwene pa ara. Mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛnya ho aduro anaa wɔbɛsɔ ano. Whehwɛmu kyerɛ sɛ, wɔbɛtumi adi ho dwuma a ɛremma nka no mmoro so.

Baako ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛ mmoawa a wɔwɔ yɛn anum no so bɛte . Ɛho akwan no bi ne sɛ, yɛbɛtaa atwitwi yɛn se, yɛde duawa bɛyiyi yɛn sɛ mu anaa yɛbɛtwerɛtwerɛ yɛn tɛkyerɛma so berɛ ano berɛ ano. Adansedie biara nni hɔ sɛ obi we chewing gum a ɛma anum kankan gyae[13]

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Harvey-Woodworth, CN (April 2013). "Dimethylsulphidemia: the significance of dimethyl sulphide in extra-oral, blood borne halitosis". British Dental Journal. 214 (7): E20. doi:10.1038/sj.bdj.2013.329. PMID 23579164.
  2. Bosy, A (1997). "Oral malodor: Philosophical and practical aspects". Journal (Canadian Dental Association). 63 (3): 196–201. PMID 9086681.
  3. Nachnani, S (2011). "Oral malodor: Causes, assessment, and treatment". Compendium of Continuing Education in Dentistry. 32 (1): 22–4, 26–8, 30–1, quiz 32, 34. PMID 21462620.
  4. "Scientists find bug responsible for bad breath". Reuters. April 7, 2008. Archived from the original on May 29, 2010.
  5. Posterior part of tongue - e-Anatomy - IMAIOS (in English), retrieved 2024-06-15
  6. Mel Rosenberg (2002-04-01), The Science of Bad Breath (in English), retrieved 2024-06-15
  7. Scully, Crispian (2008). Oral and maxillofacial medicine : the basis of diagnosis and treatment (2nd ed.). Edinburgh: Churchill Livingstone. ISBN 978-0443068188.
  8. chewing gum - Google Adehwehwɛ, retrieved 2024-06-15
  9. Ferguson, M (May 23, 2014). "Rhinosinusitis in oral medicine and dentistry". Australian Dental Journal. 59 (3): 289–295. doi:10.1111/adj.12193. PMID 24861778.
  10. chewing gum - Google Adehwehwɛ, retrieved 2024-06-15
  11. Ferguson, M; Aydin, M; Mickel, J (Aug 5, 2014). "Halitosis and the Tonsils: A Review of Management". Otolaryngology–Head and Neck Surgery. 151 (4): 567–74. doi:10.1177/0194599814544881. PMID 25096359. S2CID 39801742.
  12. Albert Tangerman (2002-06-01), "Halitosis in medicine: A review", International Dental Journal, vol. 52, no. 5, Supplement 1, pp. 201–206, doi:10.1002/j.1875-595X.2002.tb00925.x, ISSN 0020-6539, retrieved 2024-06-15
  13. chewing gum - Google Adehwehwɛ, retrieved 2024-06-15