Jump to content

Anti-tetanus immunoglobulin

Ɛfi Wikipedia

Anti-tetanus immunoglobulin, a wɔsan frɛ no tetanus immune globulin (TIG) ne tetanus antitoxin, yɛ aduro a wɔde nnuru a ɛko tia tetanus awuduro na ɛyɛ. Wɔde si tetanus ano wɔ wɔn a wɔwɔ kuro a asiane kɛseɛ wom, wɔmfa tetanus toxoid nhyɛ wɔn ho ban koraa, anaasɛ wɔwɔ HIV/AIDS no mu. Wɔde saa tetanus ka nnuro a ekum yareɛ mmoawa ne nnuro a ɛma ntini mu dwo. Wɔnam aduro a wɔde twitwi ntini bi mu so na ɛma. Wɔde aduro no fa bi gu baabi a kuro no wɔ.

Nneyɛɛ bɔne a ɛtaa ba ne ɛyaw a ɛba baabi a wɔde twitwi no ne atiridii. Ebia akisikuro a anaphylaxis ka ho ntaa mma. Asiane nso sua koraa sɛ yadeɛ te sɛ yare mmoawa a ɛma mmerɛboɔ mu yare ne HIV/AIDS bɛtrɛ wɔ nnipa de no mu. Sɛ wɔde di dwuma berɛ a wɔyem ne berɛ a wɔrema nufo no yɛ deɛ wogye tom. Wɔde onipa anaa apɔnkɔ mogya mu nsu na ɛyɛ.