Anthony Osei Boakye

Ɛfi Wikipedia

Anthony Osei Boakye yɛ Ghana amanyɔni a wɔwoo no wɔ Ahinime bosome ne da a ɛtɔso du num wɔ afe apem ɔha nkron ne aduanan nkron, ɔsane ka mmrahyɛbɛdawfie keseɛ a ɛtɔso nsia ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan ho a na ɔgyina mu ma ne manfoɔ a ɔwɔ Atwima Nwabiagya South a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ghana.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm ne sukuu nsɛm[sesa]

Wɔwoo Boakye wɔ Ahinime bosome ne da ɛtɔso du num wɔ afe apem ɔha nkron ne aduanan nkron wɔ Toase wɔ Kumasi. Wɔwie ne suapɔn adesua wɔ University of Cape Coast wɔ afe apem ɔha nkron ne aduoson nson.

Wɔsane yɛ panin dada a na ɔhwɛ Produce Buying Company. Boakye yɛ ɔkristoni a waware na ɔwɔ mma mmiɛnsa ne nanamma nson.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔyii Boakye kɔɔ mmrahyɛbedwafie wɔ ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔso nson wɔ mfe mpem mmienu ne du mmiɛnsa wɔ berɛ a ɔdii nkunim wɔ abatoɔ keseɛ a ɛkɔɔso wɔ mfe mpem mmienu ne du mmienu mu a ɔnyaa ɔha mu nkyekyɛmu aduoson nan ne kakra. Wɔsom kɔsii ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔso nsia wɔ mfe mpem mmienu ne du nson mu.[2]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=41
  2. MPs (in American English), retrieved 2023-11-28