Anselmus Kludze

Ɛfi Wikipedia

Anselmus Kodzo Paaku Kludze (1934- Ɛbɔ 5, 2013) yɛ Ghana mmaranimfo, nwomatwerɛni,[1] ne onimdifo a ɔsomm sɛ ɔtemmuafo wɔ Kɔɔto Baatan a ɛwɔ Ghana na ɔsan nso yɛ Prɔfɛsa[2]. Na ɔyɛ mmara mu prɔfɛsa panin paa a pɔtɔ kasa mu wɔka no 'Emeritus professor of law[3]' wɔ Rutgers Suapɔn a ɛwɔ Camden, New Jersey a ɛwɔ USA. Na na ɔsan yɛ Otitenani a na ɔda Law Reform Commission a ɛwɔ Ghana ano[4]. Na ɔyɛ ekuoba wɔ Ghana Academy of Arts and Science, na ɔsan nso yɛ ekuoba wɔ Royal Society of Arts a ɛwɔ London[5].

N'abrabɔ ahyɛase ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Kludze wɔ afe apem aha-nkron aduasa nan mu, na Stephen Komla Kludze na ɔwoo no. Ɔfiri Gbi- Kpeme, Hohoe a ɛwɔ Firaw Mantem a ɛwɔ Ghana[6]. Ne Papa firimu nt3m, saa berɛ no, na ɔresua ade wɔ Adisadel Kɔlegyi a ɛwɔ Capecaost a na ɔda Aban Skɔlahyep so. Ne wɔfa, Anko Kludze boa hwɛ ne sika ho nsɛmsɛm ma no tumi wie ne ntoasoɔ sukuu. Ne Ntoasoɔ sukuu akyiri no, ɔnya kwan wura Legon Suapɔn mu, na ɛhɔ na onyaa ne Suapɔn Abɔdin krataa wɔ 'Bachelor of Arts' wɔ afe 1963[7]. Ɔtoa so kɔ Ghana mmaranim Sukuu (Ghana School of law), na ɛhɔ na ɔbɛyɛ Baresta wɔ afe apem aha-nkron aduosia-num. Ɔsan toa so kɔ UK Aburokyie man mu kɔtoa n'adesua so wɔ mmara mu, na ɛhɔ na ɔsan nya ne 'Doctorate Degree' wɔ afe apem aha-nkron aduosia nkron. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu, onyaa Doctorate Degree a ɛwɔ anim pa ara wɔ mmara mu, skɔlahyep a na ɔda so wɔ London Suapɔn mu boa ma ne tumi nya saa abɔdin krataa yi[8].

Adwumayɛ[sesa]

Suahunu[sesa]

Kludze wura Law Fakɔti sɛ lɛkyera panin wɔ Legon Suapɔn mu[9], ɔkyer3 adeɛ wɔ Ghana Mmara Sukuu, saa ber3 yi, na ɔsan nso yɛ ɔsra prɔfɛsa wɔ Temple University School of law. Na na ɔsan nso yɛ Mmara mu prɔfɛsa ne Dean a na ɔda Law fakɔti a ɛwɔ Calabar Suapɔn a ɛwɔ Nigeria. N'adekyerɛ ne ne suahunu nyinaa akyiri no, na ɔsan nso yɛ mmranimfo ne sɔleseta wɔ Ghana Kɔɔto Baatan.

Ɔtemmuafo wɔ Asennibea Kunini a ɛwɔ Ghana[sesa]

Wɔ Kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu-baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu no, Ghana manpanin a na ɔte so a na ne din de John Kufuor yii no sɛ ɔtemmuafo wɔ Kɔɔto Baatan a ɛwɔ Ghana. Ɔsomm wɔ saa diberɛ yi mu kɔpem sɛ ɔkɔ n'ahomgyeɛ mu wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so du-baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu.[10]

N'abrabɔ Mu Nsɛm[sesa]

Ɔno na ɔwoo Ave Kludze a ɔyɛ Rɔket abɔdeɛmu nyansapɛfo a ɔka National Aeronautic and Space Administration (NASA) ho[11].

Beae a Menyaa mmoa fii[sesa]

  1. S. A. Brobbey (2008), The law of chieftaincy in Ghana : incorporating customary arbitration, contempt of court, judicial review, Accra, Ghana: Advanced Legal Publications, ISBN 978-9988-7586-2-2, OCLC 297239963, retrieved 2023-04-02
  2. Ghana news Agency, retrieved 2023-04-02
  3. "Annual Report, Issue 29". Ghana Law Reform Commission. 2008: 2.
  4. Atuguba, Raymond; Dankwa, Ameley; Gakpleazi, Cynthia; Nabila, Daphne (2008). Who is the leader of the house of the Parliament of Ghana: report of a seminar discussion on the leadership of the Ghanaian Parliament, June 1, 2006. Legal Resources Centre: Friedrich-Ebert-Stiftung, Ghana. p. 12. ISBN 9789988572341.
  5. Princeton University Catalog. Princeton University Catalog Library. 2012. ISBN 9789988852931. Retrieved 8 April 2020.
  6. "Restatement of the law, trusts: tentative draft, Issue 5". Executive Office, American Law Institute. 2009: viii.
  7. Kludze, A. K. P. (2000). Chieftaincy in Ghana. Austin & Winfield. p. vii. ISBN 9781572921214.
  8. "A. Kodzo Paaku Kludze". RUTGERS THE STATE UNIVERSITY OF NEW JERSEY. Retrieved 8 April 2020.
  9. "Review of Ghana Law, Volume 7". Review of Ghana Law. Ghana Legal Council: 77. 1975
  10. "The Supreme Court of Ghana Law Reports, Volume 2". The Supreme Court of Ghana Law Reports. Advanced Legal Publications: 680. 2003.
  11. "Prof Kludze passes on". ModernGhana.com. Modern Ghana. Retrieved 10 May 2019.