Jump to content

Anifira

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
visual impairment
symptom or sign
subclass ofeye disease, vision disorder, sensory loss, sensory disability Sesa
health specialtyophthalmology Sesa
ICPC 2 IDF28 Sesa

Nnianimu[sesa]

Edin a borɔfokasa mu wɔde frɛ anifira ne ' blindness, visual impairment anaa vision impairment '. Ɛyɛ berɛ a obi ntumi nhunu adeɛ papa anaa onhunu adeɛ koraa. Yɛwɔ deɛ obi nya a, onhunu adeɛ koraa. Ɛna yɛwɔ deɛ obi nya a ohunu adeɛ kakra. Ɛyɛ a ɛno na ɛhyɛ aseɛ ansa na aduru berɛ a onhunu adeɛ koraa. Obi wɔ saa haw no bi na sɛ wanhyɛ ahwehwɛniwa anaa wamfa nnuro bi angugu n'ani so a ɔbrɛ wɔ nneɛma bebree yɛ mu. Ɛhyɛ aseɛ foforɔ a, ɔntumi nkenkan. Ɛrekɔ n'anim no, wobɛhunu sɛ ɔntumi nnante wɔ berɛ a obiara nka ne ho anaa berɛ a obi rensɔ ne mu. Deɛ yɛadi kan aka ho asɛm yi yɛ deɛ wɔtaa frɛ no aniyareɛ. Ansa na wɔbɛfrɛ no sɛ anifira no, na kyerɛ sɛ agye nsam a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie.  Ɛno saa no ɔhyɛ ahwehwɛniwa mpo a,  ɔntumi nhunu whee.[1][2][3]

Nkyekyɛmu[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du (2010) mu no, WHO de saa nkyekyɛmu yi baeɛ[4]

Ekuo a ɛdi kan:  wɔn aniyadeɛ no ano nyɛ denkoraa.

Ekuo a ɛtɔ so mmienu: wɔn deɛ no wɔ fam deɛ, nanso ɛnni fam ɛnsene ekuo a di kan no deɛ.

Ekuo a Ɛtɔ So Mmeɛnsa: wɔn ani yadeɛ no ano yɛ den kakra.

Ekuo  a ɛtɔ so Mmeɛnsa: ɛha na anifira no hyɛ aseɛ no.

Ekuo a Ɛtɔ so Nan– Wɔn a wɔnhunu adeɛ koraa

Ekuo  a Ɛtɔ so Num – wɔn ani no aseɛ koraa a wɔyɛ ho whee a ɛnyɛ yie.

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Ɛrekame ayɛ sɛ wiase afanan nyinaa, deɛ ɛtaa de ba na ɛdidsoɔ yi; berɛ a obi hwɛ adeɛ a ohunu no bebree, sɛ ebia, ohunu ahoma baako a na ayɛ n'ani so bebree. deɛ ɛde anifira ba no bi nso ne anikeka a abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ frɛ no glaucoma. Sɛ obi adeɛ bɛn obi na ɔnhunu ne yie anaa adeɛ wɔ akyire na su nipa no nhunu ne yie a, ɛnonom nso yɛ anifira ho nkaebɔ no bi. Saa ɔhaw ahodoɔ yi na sɛ wɔanhwɛ no yie a ɛde anifira ba. Sɛ obi ntumi nhunu nsonsonoeɛ a ɛda ahosuo ahodoɔ mu nso a, ɛtumi de anifira ba.  Ɛkwan a wɔn nyinaa fa so de anifira ba no nsɛ.[5] Wɔn a wɔhwɛ adeɛ a wɔhunu no bebree na ɛno de de anifira ba no yɛ ɔha nkyekyɛmu aduan mmeɛnsa. Wɔn a anikeka nso ma wɔn ani tumi fira no nso deɛ yɛ ɔha nkyekyɛmu mminu. Wɔn a wɔnhunu ahusuo mu nsonsonoeɛ no nso deɛ yɛ aduasa mmeɛnsa.[6]

Nsɔano[sesa]

Wiase apɔmuden Kubaatan ( WHO) [7]akyerɛ mu sɛ, aniyadeɛ  a ɛwɔ wiase no mu ɔha nkyekyɛmu aduɔwɔtwe na wɔbɛyumi asi ho kwan anaa wɔbɛtumi asɔ ano.[8] Sɛ  obi ntumi hunu ahosua mu nsonsonoeɛ wɔbɛtumi asa no yadeɛ. Obi ani keka no nso a, wɔtumi sa no yadeɛ. Obi hwɛ adeɛ na ɔhunu no bebree nso a, wɔtumi sa no yadeɛ. Sɛ obi sua na ɔnya aniyadeɛ nso a, wɔtumi sa no yadeɛ. Yeinom na ɛka bom ma yɛnya aniyadeɛ mu ɔha nkyekyɛmu aduɔwɔtwe a Wiase Apɔmuden Kubaatan kyerɛ sɛ yɛbɛtumi asɔ ano no.[9] Wɔwɔ akwan ahodoɔ pii a wɔfa so sa ani yadeɛ. Wise mu nnipa bebree na anya yei ho mfasoɔ. [10]

Nhwehwɛmu a WHO yɛɛ no Mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-num no kyerɛ sɛ, saa berɛ no na nnipa ɔpepepem ahankron ne aduanan ( 940 million) na  wɔnhunu adeɛ yie. [11]Na ɔpepepem ahammienu ne aduanan nsia (246 million) nso wɔ aniyadeɛ nanso na wɔhunu adeɛ.  Na ɔpepepem aduasa-nkron (39 million) nso deɛ wɔn ani afira a wɔnhunu adeɛ koraa

Beaɛ A Menyaa Mmoaa Firiiɛ[sesa]

  1. Bat Conservation Trust, Visually Impaired People (VIP) - Education & Engagement (in English), retrieved 2024-06-11
  2. Warrington VIP Centre | Visually Impaired People (in British English), retrieved 2024-06-11
  3. I. H. World, Working with a VIP (Visually Impaired Person) (in English), retrieved 2024-06-11
  4. World report on vision (in English), retrieved 2024-06-11
  5. WHO | Visual impairment and blindness, 2015-05-12, archived from the original on 2015-05-12, retrieved 2024-06-11{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  6. WHO | Visual impairment and blindness, 2015-05-12, archived from the original on 2015-05-12, retrieved 2024-06-11{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  7. World Health Organization (WHO) (in English), retrieved 2024-06-11
  8. WHO | Visual impairment and blindness, 2015-05-12, archived from the original on 2015-05-12, retrieved 2024-06-11{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  9. https://iovs.arvojournals.org/article.aspx?articleid=2127337, retrieved 2024-06-11 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  10. Antinociception - an overview | ScienceDirect Topics, retrieved 2024-06-11
  11. "Global, regional, and national incidence, prevalence, and years lived with disability for 310 diseases and injuries, 1990–2015: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2015", Lancet (London, England), vol. 388, no. 10053, pp. 1545–1602, 2016-10-08, doi:10.1016/S0140-6736(16)31678-6, ISSN 0140-6736, PMC 5055577, PMID 27733282, retrieved 2024-06-11