Amsterdam Abankɛseɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox military installationAmsterdam Abankɛse, yɛ amanaman agyapadeɛ hwɛbea Abankɛse a ɛwɔ Kormantin, Mfinfin Mantam. Aborɔfo no sii no wɔ bɛyɛ afe 1638 ne 1645 ntam a na edin a ɛda so ne Cormantin anaa Courmantyne abankɛse, na kohyɛn mu sahene Michael de Ruyter a ofiri Duch West Indian Company bɛfaa wɔn nnommum de tuaa ka wɔ afe 1665, sɛnea Abrɔfo Kohyɛn mu sahene Holmes faa Dutch foɔ no mu pii nnɔmmum wɔ afe 1664 no [1]. Akyire, wɔde saa beae no bɛkaa Dutch Cape coast ho, na ɛyɛɛ saa kosii afe 1868 mu, bre a wɔdane de maa British wɔ adwadie kwan so. Abankɛse no wɔ Abandze a ɛda Cape Coast Atifin – Apuei fam wa Mfantseman mpɛsoa so wɔ Mfinfin Manam.[2]

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 1782 no mfiase no mu no, Suhyɛnkafo a ɔde Thormas Shirly a na okura 50-gun posohyɛn Leander ne sloop-of war-war Alligator bepuie Dutch Gold Coast mpoano. Na Bretain ne Netherlands gyina ɔko ano na Shirly faa Dutch abankɛse nkuma no mu bi nnɔmum wɔ More (Fort Nassau - 20 guns), Kormantin (Courmantyne or - 32 guns)[3].

Wɔ afe 1811 mu no, anomabo manfo a na wɔn ne Britishfo no wɔ ayɔnkofa no too hyɛɛ abankɛse no so, sɛi no pasaa. Ɛbɛyɛɛ amanfo kosii afe 1951 mu, bre a Ghana Adwumakuo a wɔhwɛ tete ne abakɔsɛm akorae so sisie hɔ.

Kuro a ɛde Abandze aye kɛse atwa Abankɛse no ho nnɛ.

Sɛnea Abankɛse no te kane[sesa]

Na ɔdan no beae bi yɛ fasene, na a ɛho ɔfasuo no yɛ ahinanan meinu ne kuruwa mienu wɔ ne nkyɛn mu. Na wɔde atwantam na abea mu. Na ahenfie wɔ mfinfini. Nneɛma atwa ho ahyia ne, abrosan a ɛtoa so baako wɔ atɔe fam, abrosan a ɛtoa so mienu wɔ n’atii fam ne abrosan a w’ahyehyɛ no mienu anaa miensa sa so wɔ anafo fam

Atwantam ne fapem a ɛwɔ atifi fam no ye nea w’asi ama ɛwɔ ahoɔden, na mmeae a aka no deɛ, wɔde dɔteɛ na aka abomu mienu afam ho. Eyi na ɛmaa ɛdan no ho paepae bre a wogya sii ho a obiara nte mu no.

Fapem a ɛwɔ anafoɔ apuei no yɛ nea wɔyee maa tokuro da mu, na mframa pa bɔ fa ɔdan no atifi hɔ, na afei nso, na wɔde hɔ ayɛ nkoa afiase. Na ɛyɛ nea ɛyɛ soronko a edikan wɔ Gold Coast. Nkoa a wɔfa wɔn fiiri saa abankɛse yi mu yɛ nea wɔ too wɔn din “Coromantese' anaa "Cormantins

Dwadie[sesa]

Firi afe 1705 kosi afe 1716 mu no, na akontabuo kyerɛ sɛ na adwadie no dodoɔ a ɛkɔɔ so kosii  sika kɔkɔɔ 481 ne nkoa 149.  Na mmere bi wɔ hɔ wɔnwiinwii sɛ edwa no nkɔ so yiyie. Nea ɛma no baa saa ne sɛ na ako yɛ nea ɛkɔ so, na afei nso na atetesɛm kyerɛ sɛ, ahenfo no yɛ nea wɔde  mmeae no ahane British abrɔfo no, sen sɛ Dutchfo no. Na Dutchfo no nni tumi biara wɔ saa beae no, na afei nso, Cormantinfo sisi dwadie akwan ahorɔw bere biara wɔpɛ, wɔyɛ saa kosi sɛ wɔgye sika a emu yɛ duru firi wɔn hɔ.

Mfonibea[sesa]

[4]

Nkekaho[sesa]

  1. Anquandah, James. (1999). Castles & forts of Ghana. Atalante: Ghana Museums & Monuments Board. ISBN 2951390106. OCLC 41624572.
  2. Anquandah, James. (1999). Castles & forts of Ghana. Atalante: Ghana Museums & Monuments Board. ISBN 2951390106. OCLC 41624572
  3. rooks, John Joseph (1973), Records Relating to the Gold Coast Settlements from 1750 to 1874 (London: Taylor & Francis), p. 62. ISBN 978-0-7146-1647-6
  4. Anquandah, James. (1999). Castles & forts of Ghana. Atalante: Ghana Museums & Monuments Board. ISBN 2951390106. OCLC 41624572.