Ambre Samuel

Ɛfi Wikipedia

Samuel Ambre (wɔwoo no 1 Oforisuo 1972) yɛ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no Mmarahyɛ Bagua a Ɛto so Nsia no muni a ɔgyina Assin Atifi fam ananmu wɔ Ghana Mfinimfini mantam mu.[1][2][3]

Abrabɔ Ashasiɛ ni Adesua[sesa]

Wɔwoo Ambre wɔ 1 March 1972 wɔ Oppong Bon mu wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu. Ɔwɔ abodin krataa wɔ nhomasua mu wɔ Mmofra Hwɛ ne Nkɔso mu wɔ Nhomasua Sukuupɔn, Winneba.[1]

Adwuma[sesa]

Ambre yɛ nhomasua ho ɔbenfo. Ansa na ɔrebɛyɛ Ghana Mmarahyɛbadwa no muni no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Twifo Praso Mfitiase Sukuu a ɛwɔ Twifo Praso.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛbadwa (NDC) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, Ambre sii akan wɔ afe 2012 Ghana Amansan Abatoɔ no mu wɔ NDC tekiti ase na ɔdii nkonim, na ɛmaa no hokwan sɛ ɔgyina Assin North mantam no ananmu. Ɔnyaa abatoɔ 14,338 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ no mu 51.64% na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ a Ebenezer Appiah-Kubi, Akakpo John Gameley, Sanni Mahama ne Daniel Gibson Gyetuan ka ho no so nkonim.[4]

Nanso, berɛ a ɔsii akan wɔ afe 2016 Ghana Amansan abatoɔ no mu no, ɔdii nkoguo wɔ Abena Durowaa Mensah a ɔfiri New Patriotic Party mu no anim ma enti wantumi annya hokwan a ɛtɔ so mmienu sɛ ɔbɛgyina ne mansin ananmu.[5]

Ankorankora asetena[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa. Ɔyɛ Kristoni (Methodist).[1]

Bɛbia Mmoa Efiri[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. Peace FM Online, Kingpins Of Galamsey Must Be Severely Punished - Hon. Samuel Ambre, retrieved 2023-10-03
  3. John Mahama left enough money for Nana Addo - Former NDC MP (in English), 2017-03-20, retrieved 2023-10-03
  4. Peace FM, Assin North Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-03
  5. Peace FM, Assin North Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-03