Amanda Akuokor Clinton

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Amanda Akuokor Clinton yɛ adwumakuo bi a wɔfrɛ no Clinton Consultancy no hyehyɛfo na ɔsan nso yɛ amanaman mu mmaranifo a ɔyɛ adwuma wɔ Afrika aman mu. Ne nimdee no fa nnwumakuo mmaranim ne sɛnea wosiesie tebea a emu yɛ den mu. Wonim no sɛ mmaranimfo a ogyinaa hɔ ma amanman mu foɔ a wɔde wɔn sika kɔhyɛɛ  Menzgold, TCL Ghann Limted ne Gold Coast Securities Limted mu no.   ɔsan nso gyinaa Ghana Bɔɔl bɔ nkabom kuo a wɔfrɛ no Ghana football association anan mu de anoyie a ɛfata maa Ghana aban ne FIFA. ɔyɛ ɔbaa a odikan gyinaa hɔ sɛ wɔnto ne so aba ma w’atumi abɛyɛ Ghana Bɔɔl bɔ nkabom kuo no dikanfo. ɔyɛ Ghana ne British amanba a wɔwoo no wɔ Seirra-Leone na ɔte United Kingdom ne Ghana nyinaa.

Adesua[sesa]

Wɔ afe 2002 ne 2003 ntam no, onyaa nimdee nkrata a ɛkɔ anim firi sukuupɔn bi a wɔfrɛ no University of London, bre a owie adesua a ɛfa Afrika Amanyɔsem ho.

Nnwuma[sesa]

Amanda Akuokor Clinton yɛ obi a ɔwɔ nimbea wɔ senea wotumi wura dwadie foforo mu ne senea wosiesie tebea a emu yɛ den mu wɔ Afrika aman mu. Wɔfrɛɛ no kaa Abrokyiri mmaranimfo nkabomkuo a ɛde The English Bar no wɔ afe 2006 ne Ghana mmaranimfo nkabomkuo wɔ afe 2009 mu. ɔyɛɛ adwuma wɔ Ghanaman alɔyafo adwumabea bosome 42. Wɔ saa bre no mu no, nsɛm a ɔboa ma wɔyɛɛ ho adwuma no bi ne asɛm a ɛfa Kosmos Fangoo adwumakuo nsɛm a ɛbae wɔ afe 2010. ɔno ne Clinton Consultancy hyeyɛfo a ne nkorabata wɔ Ghana, Sierra-Leone ne Egypt

Wɔ afe 2018 mu no, nnipa bi bɔɔ no paa sɛ ɔmmoa wɔn wɔ asɛndibea ma wɔn nsa ntumi  nka wɔn sika bi a akɔka adwumakuo bi a agu, a ne din de Menzgold ho. Ansana ɛno besi no, na w’adikan agyina Ghana Bɔɔl bɔ nkabom kuo a wɔfrɔ no Ghana football association anan mu de anoyie a ɛfata ama Ghana aban ne FIFA sɔnea ebɛyɛ a wɛn ho nka adwaa mu.

Ghana Bɔɔl bɔ nkabomkuo abatoɔ[sesa]

Wɔ October da a ɛtɔ so 25, afe 2019 mu no, Clinton kogyinaa sɛ wɔnto ne so aba ma wa'tumi abyɛyɛ Ghana Bɔɔl bɔ nkabomkuo kandifo, nanso odii nkoguo.