Alima Hajia Mahama

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amb
Hajia Alima Mahama
Ambassador of the Republic of Ghana to the United States
Mprenpren
Bere
June 2021
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
OdikanfoBaffour Adjei Bawuah
Minister of Local Government and Rural Development
Mprenpren
Bere
28 January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoJulius Debrah
Member of the Ghana Parliament
for Nalerigu (Ghana parliament constituency)
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoNew constituency
Ɛdɔm keseɛ27,501
Minister for Woman and Childrens Affairs
ƆmanpanyinJohn Kufour
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere17 November 1957 (1957-11-17) (age 66)
Walewale, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician and Lawyer
N'adwumaLawyer

Hajia Alima Mahama (wɔwoo no 17 Ɔbɛnem 1957,[1] Walewale, North East Region) yɛ Ghana ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ ɔnanmusifoɔ wɔ U.S..[2] Ɔyɛ mmaranimfoɔ na ɛfiri Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2005 kɔsi Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2009 na ɔyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ mmaa ne mmofra nsɛm so wɔ Ghana wɔ Ɔmampanyin John Kufuor ase.[3] Ɔsan nso yɛ Ghana Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔsoɔ so, a Ghana Ɔmampanyin Nana Akuffo-Addo yii no sɛ ɔnyɛ adwuma wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du wɔ afe 2017 kɔsi Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so nson wɔ afe 2021.[4] Hajia Alima nso yɛɛ mmarahyɛbadwani maa Nalerigu/Gambaga mansini no ne ɔsono amanyɔkuo NPP no muni wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛto so nson (7) a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛto so nan no mu.

Wɔyii no sɛ Ghana Ɔman Ba wɔ Amerika wɔ ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe, 2021 mu.[5]

Nwomasua[sesa]

Alima Mahama nyaa ne ntoaso sukuu a ɛtɔ so mmienu wɔ Wesley Girls Senior High School, Cape Coast.[7] Ɔtoaa ne nwomasua so wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa abodin krataa wɔ Mmara ne Asetena mu Adesua mu. Wɔ Rutgers Sukuupɔn ne Ottawa Sukuupɔn mu no, na ɔwɔ n’adesua akyi abodin krataa wɔ Ɔmanfo Nhyehyɛeɛ ne Nkɔsoɔ Nhyehyɛeɛ ne Adwumayɛ mu. Ɔsan nso anya master’s degree wɔ Development Studies mu wɔ Institute of Social Studies, wɔ Netherlands.[9][10] Hajia Mahama yɛ Ghana Mmara Sukuu no adeɛ na wɔfrɛɛ no kɔɔ mmaranimfoɔ adwuma mu wɔ afe 1982 mu.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔsomm wɔ John Agyekum Kufuor aban mu, nea edi kan sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mmaa ne Mmɔfra Nsɛm so, ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Adwadie ne Nnwuma so ne ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔsoɔ so wɔ afe 2001 ne 2008 ntam.[12] Alima Mahama sii akan wɔ afe 2016 abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party (NPP) tekiti so na ɔdii nkonim wɔ abatoɔ bɛboro 53% wɔ Nalerigu/Gambaga mantam mu.[7]

Dwumadie afoforo[sesa]

Clean Cooking Alliance, Akannifoɔ Badwa no mu ni

  1. Hajia Alima Mahama | Profile | Africa Confidential (in English), retrieved 2023-10-03
  2. Hajia Alima Mahama: Ghana's first woman ambassador to the US (in English), 2021-07-28, archived from the original on 2023-03-03, retrieved 2023-10-03
  3. Hon. Hajia Alima Mahama- The Best Choice For Nalerigu-Gambaga Constituency. (in English), 2015-04-07, retrieved 2023-10-03
  4. Kojo Akoto Boateng (2017-01-10), List of 1st batch of Nana Addo’s ministerial appointments (in American English), retrieved 2023-10-03
  5. The Ambassador (in English), retrieved 2023-10-03
  6. The Ambassador (in English), retrieved 2023-10-03
  7. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2016 Results - Nalerigu / Gambaga Constituency, retrieved 2023-10-03