Alexander Afenyo-Markin

Ɛfi Wikipedia

Alexander Kwamina Afenyo-Markin (wɔwoo no 27 May 1978) yɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no muni ma Effutu mantam, Central Region. Ɔsan nso yɛ adwuma sɛ boayikuw a ɛhwɛ Bammɔ ne Mfinimfini Boayikuw so wɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua no muni. Mprempren ɔyɛ Doputy Majority Leader wɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua no mu .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Ɔsuaa mmara wɔ University of Buckingham, (LLB/mgt, 2003–2006), Ghana School of Law a ɔnyaa Barrister at Law adansedie (2007-2009), na ɔnyaa MA wɔ amanaman ntam amammuisɛm ne ahobanbɔ adesua mu wɔ Suapɔn no mu a ɛwɔ Bradford (2009-2010) mu.

Adwuma[sesa]

Wɔ afe 1999 ne 2003 ntam no, Effutu mmarahyɛ baguani no yɛɛ adwuma sɛ Principal Postal Officer wɔ Ghana Post Company Limited . Afei nso, ɔyɛɛ adwuma wɔ Excel Courier Ghana Limited sɛ Ɔkwankyerɛfoɔ wɔ afe 2004 ne afe 2011 ntam na ɔyɛɛ adwuma wɔ Dehenya Chambers firi afe 2010 kɔsi afe 2016.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 2012 mu no, wɔ NPP tekiti so no, Afenyo-Markin sii akan wɔ NDC mmarahyɛ bagua no muni, Mike Allen Hammah na odii nkonim.

\Ɔbɛyɛɛ Ghana Water Company Ltd (GWCL) no guamtrani wɔ afe 2017. Wɔkyerɛe sɛ ɔde ne ho hyɛɛ GWCL a ɛkame ayɛ sɛ ɛhwee ase ne sikasɛm mu nsɛm afoforo a ɛmfata mu,a ɛno nti ɔde asɛm a ɛfa ahohorabɔ ho kɔdan asɛnnibea hɔ. Wayɛ Bammɔ Boayikuo ne Mfinimfini Sikasɛm Boayikuo a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua no mu

Wɔ afe 2021 mu no, Afenyo-Markin ne Abdul-Aziz Ayaba Musah, Johnson Kwaku Adu, Laadi Ayii Ayamba ne Emmanuel Kwasi Bedzrah kaa ntam wɔ ECOWAS Mmarahyɛ Bagua no Nhyiamu soronko 2021 a ɛkɔɔ so wɔ Freetown wɔ Sierra Leone no mu.

Nnwuma/Nneɛma a Wɔyɛ[sesa]

Ɔkyerɛkyerɛfo Baako, Laptop Baako[sesa]

Wɔhyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Baako, Laptop Baako nhyehyɛeɛ no ase wɔ 13 Ɔkɔtɔberɛ 2018, berɛ a wɔde laptop 100 maa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ Effutuman mu wɔ Ebenezer Methodist Asɔre a ɛwɔ Winneba no.

Wɔ Ɔpɛpɔn, 2021 mu no, akyerɛkyerɛfoɔ 40 a wɔde wɔn akɔ adwuma foforɔ no nyaa laptops de maa nkyerɛkyerɛ ne adesua nyaa nkɔsoɔ. Ɛnam saa nhyehyɛeɛ yi so no wɔde laptop bɛyɛ 1000 ama akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ ankorankoro ne aban sukuu ahodoɔ a ɛwɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

Effutu Daeɛ no[sesa]

Wɔhyɛɛ Effutu Daeɛ no ase wɔ Ɔpɛpɔn 2020 mu de hyɛɛ Effutuman amammerɛ a ɛbɛma mmabun a wɔwɔ ne mantam mu no ate nka sɛ wɔyɛ wɔn dea no ho nkuran. Eyi nso twee adwene sii tumi a wɔbɛma wɔn a wɔpaw wɔn no anya so. Na daeɛ no botaeɛ ne sɛ wɔde Effutu Constituency din bɛto hɔ de atwetwe nsrahwɛfoɔ ne sikasɛm mu asisifoɔ.

Wɔwoo saa nhyehyɛe yi wɔ nhyiam bi ase wɔ asɛmti "Actualizing the Effutu Dream; the role of Effutu youth" ase.

14 Nhomakorabea Dwumadi[sesa]

Sɛ nhomasua pa a wɔde bɛma wɔ mpɔtam hɔ no fa no, wɔasisi nhomakorabea ahorow 14 na ama mmerante ne mmabaa anya akenkan amammerɛ. Wɔasisi nhomakorabea ahorow 14 wɔ nhyehyɛe yi ase.

Ankorankoro asetra[sesa]

Afenyo-Markin aware Dianne Markin na wɔwɔ mma. Ɔbɔ table tennis ne golf. Ɔyɛ onuayɛ fekuw a wɔfrɛ no Freemason no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]