Akumaa Mama Zimbi

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Akumaa Mama Zimbi, ne didn foforo ne Dr. Joyce Akumaa Dongotey-Padi, yɛ Ghanani TV so ne Akasafidie so dwumayɛfo, mmaa yiyedie ntamgyinafo, nsɛmkyerɛwfo, aware mu afotumafo ne sinitwafo wɔ Ghana. Wonim Akumaa sɛ obi ɔgyegye ɔbaa ne ɔbarima nna nsɛm ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ akɔnnɔ so, sɛnea ɔka Medaase. Sɛnea ɔbɔ ne duku wɔ ɔkwan sononko so nso ma no da nso. Wɔnhyɛda nnim pii mfa Akumaa mmɔfrase ho nsɛm, n’abusua ne nhomasua ho nsɛm. Nanso, wonim Akumaa sɛ na ne papa yɛ Polisini, na ne kunu a ɔne no aware bɛyɛ mfi 24 no yɛ dwadini.

Nnwuma h0 nsɛm[sesa]

Akumaa bɛyɛɛ sinitwani a w’agye din wɔ afe 1990 mu bre a na ɔyɛ abawa wɔ TV so dwumadie a ɛne Cantanta mu no. Na woyi saa dwumadie no wɔ Ghana Television so. Ɔpɛ a onyae sɛ ɔbɛyɛ akasafidie so dwuma no hyɛɛ ase wɔ afe 2000 mu. Wɔ nkomɔbɔ a ɛkɔɔ so wɔ ɔne Deloris Frimpong Manso ntam no, Akumaa de too dwa sɛ, Rosemary a ɔyɛ n’adamfo na otuu ne fo sɛ ɔnko kasifidiebea a ɛnɛ JoyFm nkorabata a na ɛwɔ Tema no, na ɔne wɔn nkɔkasa sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ kasafidie so kasafo. Emfa ho sɛ na Akumaa nni osuahunu biara wɔ kasafidie so nnwuma mu no, edin a na w’agye sɛ sinitwafo no ne sɛnea otumi kasa yiyie no maa no nyaa akwanya wɔ JoyFm sɛ odwumayefo ne adesuani. Ɔde n’ani too kasafidie ne TV so dwumayɛfo a wɔn mu bi ne Father Bosco so, na adwumaden, ahosodie ne ahombrase boa no ma no tumi tenaa n’adwuma no mu mfie 18 nie. Sesei, ɔyɛ TV so dwumdie a ne din ne ɔdɔ Ahomaso Show, a nea ɔyɛ ne sɛ ɔma afutuo fa mpenatwe ne awareɛ ho wɔ Adom TV a ewo Ghana so.

Sɛ edin ‘’Akumaa’’ anaa ‘’Mama Zimbi’’ ahyeta wɔ Ghana a, na egyina kane Cantanta sini a Dr. Dangotey-Padi yɛe ne ne mmoa a ɔde ma afoforo wɔ wɔn awaresɛm mu. Sɛ ofutufo wɔ awereɛ ne mpenatwe mu no, wonim Akumaa sɛ ‘’menennahodokita, menepapanodaa ne Mpenatwe ho Oduruyɛfo.

Adɔyɛ kuo[sesa]

Sɛ yɛde TV so ne Kasafide dwumadie no to nkyɛn a, Akumaa wɔ adwumkuo a ɛnhyɛ aban ase a ɛne Zimbi Foundations. Ɔhyɛɛ ase wɔ afe 2004 a adwumakuo no boate ne sɛ ɔhwɛ boa mmaa mmɔbrɔwafo ne mmɔfra wɔ Ghana, na ɔsan nso siesie awareɛ. De nam n’adwumakuo no so no, Akumaa atumi aboa akunafo ne wɔn mma, na afei nso ɔde ntetee ma mmabun wɔ sɛnea wɔhwɛ wɔn ho so wɔ wɔn mmabun bre mu.