Akua Dentah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Kasa mu

Akua Dentah (wɔwoo no wɔ afe apem ahankron aduosa mu) yɛ obi ɔsɔfobaa bi bɔɔ no soboɔ sɛ ɔyɛ bayifoɔ na wɔkumm no wɔ Kafaba wɔ Savannah Region wɔ Ghana wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmienu mu (July 23, 2020).[1]

Owuo[sesa]

Yawada, Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmienu mu (July 23, 2020) no, wɔboroo ɔbaa bi a wadi mfeɛ aduɔkron, Madam Akua Denteh kum no awia ketee wɔ Kafaba a ɛbɛn Salaga, nkoa dwa a agye din yie wɔ afeha a ɛtɔ so dunwɔtwe ne dunkron mu.[1][2][3]

Ne wuo akyiri asɛnnie[sesa]

Akua Dentah wuo akyiri no, Apolisifo a wɔwɔ Savannah Mantam mu kyeree nnipa nson a na Kafaba mpɔtam hɔ hene ka ho.

Tamale Asɛnnibea Kunini no de wɔn a wosusu sɛ wɔyɛ wɔkun no a na Hajia Serena Mohammed ne Latifa Bomaye, too afiase mfeɛ dummienu (12) wɔ Benada, Kitawonsa da a ɛtɔ so nnan, wɔ mfe mmiɛnsa asɛnnibea asɛnnie akyi.[3][4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Who is Akua Denteh? - Google Adehwehwɛ, retrieved 2023-12-16
  2. Akua Denteh: Last 'witch' to be murdered in Ghana? (in English), 2020-08-02, retrieved 2023-12-16
  3. 3.0 3.1 Andreas Kamasah (2023-07-06), 2 women jailed 12 years each for killing 90-year-old Akua Denteh over alleged witchcraft (in English), retrieved 2023-12-16
  4. Sosu welcomes 12-year sentence handed Akua Denteh’s killers (in American English), 2023-07-06, retrieved 2023-12-16