Aku Sika

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Aku Sika (The golden Aku)[sesa]

Ensε sε nseo, Ensε sε sowao :

Tete merε bi na כbofoכ bi ne ne yere te akuraa fεfεεfε bi ase. Na wכn wo biribiara a wכn hia. Nanso na wכn nni ɛba ɛno nti, nna wɔn aningye koraa.

Wɔn mpaeε a wɔnbכ ne sε Nyame bɛma wכn εba baa. Mfie beberee bɛtwaamu na wɔnnya ɛba. Ɛno nti anɔpa, awia, anyumerɛ ne anadwo nyinaa na wɔn mpaeε a ne sε wɔbenya ɛba.

Saa asεm yi haa כbofoכ ne ne yere pii, ɛnkenka כbaa no εfiri sε na εmaa wכn wכ akuraa no ase no sere no di no ho fε sε כyε bonini anaa sε כyɛ bayifoכ.

Eduru mmerε bi na sε כrekכ nsuo mpo a na nkwadaa εretoto aboכ bo no, huru no sɛ כyɛ bayifoɔ. Na n'asεm yɛ ne kunu no mɔbɔ enso na ɔnnim εkwan biara a כbεfa so aboa ne yere no.

Da koro bi deε ɔbaa yi nyinsɛneɛ. Ɔbaa yi ne ne kunu anigyee paa. Ɔbɔfoכ yi hyεε aseε sɛ כreboaboa ne ho apε aduane ne εnam agu hɔ akɔsi sε ne yere no bɛwoכ. Eno nti ɔkככ ɔhayo na ɔnyaa εnam beberee, כtwe, adowa, akranteε ɛne adwene.

Ɔhoo εnam no de guu apata so twenee abכfra no. Ɔsan yεε afuo duaa bɔdeε mankani, mako, nyaadowa εne nnɔbaa a כbaa no bɛhia.

Ankyɛ biara na ne yere no woo כba baa fεfεεfε. Ne tirinwii te sɛ serekye ahoma kכkככ, na ne honam torokaa fεfεεfε te sɛ ahahanmono, na na niwa tumtum fɛfɛɛfɛ. Ɔyε akodaa wohunu sε כbɛhunu nyansa, na ɔde anidasoɔ ne anigyeε bɛbrε na awofoכ.

Ɔbaa payin a ɔgyee ɔbaatan no awoכ no ho dwirii no ɛmmerε a כhunoo abכfra no. Ɛfiri sε na ne ho yεfɛ yie. Enti ɔteaa mu kaasɛ "m'agye nkwadaa bɛyɛ sɛ apem awoכ aba wiase na ɛmmom akwadaa a ne ho ɛyεfε sei deε menhunuu bi da".

Ɔbofoכ yi ne ne yere yi anigyee wכn babaa yi ho yie, na כtoo ne din sε Aku. Aku ahoכfε terεε baabiara te ogyatanaa wכ Akuraa no ase.

Nanso awerεhosεm, anni dabiara εna abusua yi anigyeε baa awie. Ɔbatan yi wuu yayaaya gyaa ne ba Aku yi hכ. Ɔbכfoo yi werε hoo yie maa כdii awereho anɔpa ne anadwo.

Ankyɛ na ɔsaa waree ɔbaa foforכ a כno nso wכ babaa sεdeε εbεyε a כbetumi ahwε Aku ama no.

Ne yere foforכ yi na כnyɛ nipa papa. Ɔye nipa bɔnefoכ a כnni כdo ma Aku. Afei na כyɛ ahoכyaa. Na εyɛ no ya sε Aku ho yεfɛ kyεn כno ne babaa no. Ɛno nti Aku hyεε aseε sε ɔreyini no maame yi nso ne babaa no hyεε aseɛ sɛ כretan Aku ani. Ɔhyɛɛ aseɛ teetee Aku yɛɛɔ no aniyadeε.

Wo yεε no sε כdonkɔ wכ fie hכ. Na εwכ sε כsɔre anכpa tutuutu na כnante twa kwan tenteenten fa kwayε bi mu kכ nsuo ma abusua no nyinaa. Ɔkכba na ɔprapra fie hכ כwie a, na wakכpe egya a wɔde benoa aduane amma ne papa yere ne ne ba no. Ɔnoa aduane dɛdɛɛdɛ no wie a na maame no ne ne ba no adi na Aku deε wɔama no bodeε yεde nsuo ne nkyene nkoara anoa a abomuu nka hoo adi.

Aku papa hunu saa na ne werε aho nanso na כsuro ne yere no εfiri sε ne maame yɛ nipa bonefoכ paa.


Dakorobi deε awerεhosεm bi siiɛ. Ɛnam sε na Aku papa de εnam ne aduane pii agu pata soכ no nti nkura hyεε aseε sε wɔreba fie hכ. Ɛno nti εmaa Aku papa summ nkura fidie wכ baabi beberee seneɛ ɛbεyε oabeyi nkura no. Dakoro bi aku kככ εdan a nnuane wכmuu no mu sε כrekosisie hכ na ne nsa kכhyεɛ nkurafidie no baako mu. Ɔhyεε aseε sε כreteatea mu sε "obi mmεgye meoo,obi mmεgye me oo. Me nsa akכhyε nkurafidie mu."

Ne papa yere ba no ka kyerεε ne maame sε "oo maame Aku reteatea mu. Ɛyε me sɛ ɔhia mmoa."

Na maame nipa bɔnefoכ yi kaa sε "εnyε m'asɛm. Aku yε kwadwofoכ a כnnpε adwuma yɛ, εno nti na wahyɛda ɛteatea muu". Ɛnam saa obiara ankɔ ankכboa Aku. Na ne papa no ɛreyɛ adwuma wo efie no akyi enti ɛmmerε a כtee sε Aku reteatea muu no, כtuu mirika kככ hכ. Na כkכduruu hכ no na Aku nsa atwa afiri so.

Papa yi werε hoo yie maa כdii awerεhoo sɛ woanhwε Aku so yie ama asεm sei ato noo. Enam awerehoכ ne adwendwen nti ankyε biara na ɔpanyin yi nso wu gyaa Aku. Afei deε na εkyerε sε nea maame yi ne ne ba no pε biara ɔtumi deyε Aku.

Ɔhyɛɛ anieyaadeε pii, na nso Aku deε wammpa aba. Ɔkככ so yεε akכraa pa yεε adwuma a ewɔsε כyɛ nyinaa. Wכyinom nyinaa akyi Aku nyin yεε ababaawa fεfεεfε. Adeε bεkye a adε besa nyinaa na ne ho yεfε kɛse. Akuraa no ase deε na obiara kamfo Aku sε ne ho εfε paa na obiara kamfoo n'ahoכfε, ne nimdie, obuo a כwכ ma nipa ne n'ahobraseɛ. Onyin beyεε ababaawa no כhene sikanii bi babarima bewaree Aku.


Efiri saa mmerε yi deε ne papa yere no nyaa כtan keseε maa Aku. Sɛ כdwene sɛ Aku anya nipa keseε saa awareε no a na n'ani abere te sε kɔtɔ mogyaa. Na afei ahoɔyaa tumi ma n'anmim yɛ tumtum te sε כpramire. Afei na כrekכda a כntumi nna εfiri sε na opε εkwan a כbɛfaso asei Aku.

Na Aku kunu no wכ yerenom miensa. Aku papa yere no frεε saa maa yi kככ ne fie na ɔhyεε aseε kekaa nsεm bone faa Aku ho kyerεε wכn.

"Monim sε me babaa Aku nsa baako atwa"

"Wo se sɛn? Wose Aku nsa nifa atwa?" Ɛmmaa miensa yi nyinaa bɔɔ mu bisaa maame no.

Maame yεε sε nea ne werε aho na ɔka kyerεε wɔn sɛ: "Aane εyε nokorε. Emmerε a na כyɛ akכdaa no ne nsa kכhyεε nkurafidie mu maa no twa twenee. Sε monnim sε ɛnsε sɛɔ ohenebabarima ware ɔbaa a w'adi dεm. Ɛno nti na merekamakyerε mo no, sɛ neε εbɛyε a monka nkyerε obiara.

"Enti Aku adidem?" Ohenba yere payin no saa bisaa bio te sε nea εyε no awerehoכ.

Ɔyere כtכso mienu no nso kaa sε: "Eno nti na dabiara na כde ne nsa asie ne ntoma mu yi. Afeideε yahunu nakyiwadeε. Yɛbɛhwɛ nea ebɛsie."

Na ɔyere a כtoso miensa no kaa sɛ "Saa asεm yi deε εwכ sɛ yεkakyerε yεn kunu. Aku papa yere no hyεε aseε sɛ ɔrepa wɔn kyεw". Eno nti na na mmempε sε כbiar a teε no. Se Ohne no te saa asεm yi a Aku bεnya asεm keseε. Mepamo kyεwo monnka nnkyerε obiara.

Ohnenba yere payin no bo fuu yie na כkaa sɛ "wonim sε ɛfiri sɛ yen kunu waree wo ba bayifoɔ yi, כnfa yεn nyε hwee bio."

"Aane dabiara Aku nkoara na ne ho hia no. Baabiara wobεfa biara na obiara εkamfo Aku. Yεn deε כbiara nfa yεn nyε hwee te sε nea yεn nso yεnyε nipa. Afei deε yɛbɛhwε sε nokorε da adi a yɛbɛhwe nea ne ho yɛ ne nea ne ho nyɛ fɛ. "Emaa miensa yi anigyee yie se wate asεm a εte saa. Wכn daa maame no ase na wɔfrii hכ kככ wכn fie.

Wɔfri hכ kככ a pε na ɛmaa yi hyεε aseε sε wookeka Aku ho nsεm kyerε nkrכfoכ. Ankyε biaa na obiara a כwכ akuraa no ase tee sε Aku yε basin. Ohene no nso tee saa asεm yi na εhaa no paa na nso na כnhunu εkwan a כbεfaso ahunu nokorε a ewכ muu. Emmerε biara na Aku afira ne ntoma papabi atutu agoso, εno nti na εyɛ den sε obi bεhunu sε oyε basi. Ɛbɛyɛε כhene no adwendwen, εfiri sε sε eyε ampa sε Aku yε basin a asεm bɔne bεto ohene no ne namanfoכ nyinaa.

Afei deε babiara Aku bεfa biara na nkrכfoכ resere no sε ɔyε basin, oyarefoכ. Ɔhene no yεε n'adwen sε εsε sɛ כfa εkwan a efata soכ de hunu nokorε ɛwɔ mu. Ɛfiri sε Aku yɛ oheneba yere εnti ɔntumi ngu n'animase basaa. Ɛbɛyɛ sɛ naawotwe akyi no ɔhene no nyaa adwen sε, sε Bayerε Afahyε duru so a כbɛma ɔhneba yerenom ɛnan nyinaa awכ bayerefufuo.

Wɔnom bεwo fufuo no wo badwamu ama obiria ahun bi sɛnea ebεyε a yɛbehunu sɛ whan na ɔnim aduane noa paa. Ɛmmerε a Aku tee saa asεm yi no ne ho dwirii no εfiri sε na כnim sε nokorε no bεda adi εda no. Na sɛ nokorε no da adi a εbetumi aba sε yebεku no.


Owuo a כbewuo no mpo deε na ɛnha no sε animguaseε a εka ho. Ɔkɔda anadwo a naɛɔntumi nna.

Wɔbεsu saa kosi sɛ adeεbεkye. Wɔbɛsɔre anɔpa na n'anina fεfεεfε no ayε kכkכkכ te se kɔtɔ mogyaa. Afei כhwε ana anii εden, eno nti כyεε n'adwen sε כnoara bɛku ne ho. Adeε rebekye ama afahyε no aduru soכ no, כsɔree anadwo sɛ כrekɔ nsuo keseɛ a ewכ kuro no nkwantia na w'akɔtכ nsuo no mu awu.

Emmerε a ɔduruu nsuo no ho no כpagyaa nani hwεε soro, na εberε a ɔhunuu nsoroma wɔ wiem mu no, ehuu ne awerehoכ hyεε no so, na ohyεε aseε sε כbo mpaeɛ. Saa mmerε yi ɔnyaa anigyeɛ keseε bi. Ɔhyεε aseɛ sɛ ɔredwen ne maame ne ne papa a wɔn awuo no ho. Afei כde anigye hyee aseε sɛ כresu. Na eyε no dε sε כrekכhyia ne maame ne ne papa. Nso na ne were aho sε כregya ne kunu a ɔpε na sεm no hכ. Ɔte sii nsuo no mu na כkoo n'anim kakrakakra. Mmerε a εnsuo no duruu ne kom mu a כreyε adכ no.


Ɔnini keseε bi firii nsuo no ase baaε. Ɛmmerε a Aku hunuu כnini no ɔboo birim na ne ho dwirii no yie. Na ɔpεε se anka odwane. Oninin no frεε no,na ɔkaa sɛ, "ohenebayere, emɔ hu, ensuro. Ɛdeεn na wohia?" Aku kaa n'asεm nyinaa kyerɛɛ onini no".

Sɛ ɔyε basin, εnɛ afahyɛ εwɔ sɛɔ ɔsi aburoo ma obiara hunu sɛ ɔyε basin anaa sɛ ɔnyɛ basin ɛne neɛ εkeka hoo. Oninin no dwodwoo ne bo, kyekyerεε ne were kakyerɛɛ no sɛ obɛboa no ɛno nti εmma ɔnsuro koraa.

Ɔka kyerεε Aku sε ɔbεbue n'anum, na sε ɔbue n'anum a Aku nfa ne nsasin no εnwura n'anum. Mfitiaseɛ no Aku bɔɔ hu maa ne ho yεε no nwunu, na akyireɛɔkaa sε owuo biara yε owuo.

Onini no buee n'anum, Aku nyaa akokoduro de ne nsa sin no hyεε n'anum. Onini no kaa nano too mu bεyɛ sima kakra na ɔsan buee n'anum. Aku yii ne nsa firii onini no anum.

Na ne nsa a atwa no ɛnyɛ nsa sin bio. Onini no asa no yadeε. Ɛno akyi no nso na sika nkawa bebree ɛgu ne nsa so. Aku hunuu saa no n'ani gyee pii na ɔdanee n'ani sε ɔreda onini ase. Nanso ɔdanee n'ani no na onini no afiri hɔ kɔ nsuo no mu bio. Aku anigye borooso. Ɔde ntoma kataa ne nsa no so, εna ɔfirii hɔ kɔɔ fie.

Ɛda a yεredi afofie no duruu soɔ no, yεsiesiee ahenfie ho fεfεεfε. Ɔhene no too nsa frεε nipa titiriw beberee, ahenfo, ahemaa, ahenema ne nipa bebree. Ɔhene babarima yerenom ɛnan no nso siesiee wɔn ho fεfεεfε de sika nkawa guu wɔn nsa so. Na wɔmaa won tenaa ɔhene no anim.

Aku nso siesiee ne ho fεfεεfε na ɔtutuu ne kente ntoma guu so kataa ne nsa no so. Ne koranom nwewennween, εseree Aku wɔ wɔn tirim εfiri sε na Aku te hɔ komm εredwen ne ho.

Ɛmmerε soo sε εmaa no rebesi aburoo no, ɔhenebabarima yere payin na ɔdii kan sii yε. Ɔde ne nsa nifa ne bɛkum sii no dendeenden, fεfεεfε. Na nipa bebree bɔɔ wɔ nsam maa no. Ɔwiee yε no deε ɔtɔ so mienu no nso baayɛ, εna nea ɔtɔsɔ miensa no nso baayɛ. Wɔn nanfonom ne wɔn adɔfoɔ bɔɔ wɔn nsam maa wɔn maa wɔn mmo ne yɔ.

Afei ɛmmerε a εduruu Aku so no ɔsoreε na na n'ahɛɔfε te sε awia. Ɔnante daadaa ne ho te akyem na won a na wonnim sε oye basin no were hoo yie, εmaa ebi mpo suuyε. Aku kɔgyee wɔma no hyεε aseε sii aburoo no. Odii kan de ne nsa bɛkum no nkoara na ɛsii aburoo no.

Na nekora nom ne nipa a wɔnmpε na asεm no hyεε aseε teateaa Aku sɛ "wonyε basin fa wonsa mienu no si aburoo no." Ɛhɔ ara na Aku paa ne ntoma no guu yε, na ɔde ne nsa mienu, bɛkum ne nifa sii aburoo no. Nipa a εwɔhɔ nyinaa bɔgyeeso, bɔɔ wɔn nsam maa no. Na εyε obiara nwanwa sε sika kɔkɔɔ nkaawa pii gu ne nsa so.

Ɔhene no hunuu saa no ne ho dwirii no na ɔkaa sε afei na w'ate aseε deɛ εnti a Aku de ne nsa sie ne ntoma mu dabiaa no. Ɔhenebabarima no anigyee yie. Ɔhene ka kyerεε n'abrafoɔ sε wɔnkɔkye Aku nkora nom na wɔnkɔkum wɔn, εfirisε wɔn de asɛm keseε a εnyε nokorε ato Aku so.

Akorafoɔ no nso tee Aku papa yere no to sε ɔno na ɔkaa nsɛm no nyinaa kyerεε won. Enti ɔhene no kaa sɛ wɔnkɔkum Aku papa yere no nso.

Aku tee saa no ɔpaa kyew maa ne koranom ne ne papa yere no. Ɔhene no penee so, nanso ɔpamoo wɔn firii akuraa no ase. Na Aku deε ɔne ne kunu ohenebabarima no tenaa ase fεfεεfε wo anigyeɛ mu.


Ɛnto yɛ nananom kakyerεε yεn se, ɛbirɛ biara sɛ ɛhia wo, anaa sɛ asεm to wo a, εnsε wokum wo ho.

Onyame nnae, na sɛ wusu frɛ no a ɔbεgye wo so, na wobɛyɛyie ama atanfo anim agu ase.

Afei bio won kae sɛ, awofoɔ a mone nkrɔfoɔ mma teε, monyhε wɔn aniyaadeɛ. Mommoa wɔn, εfiri sɛ woyɛ obideε yie a na wonso wodeε yε yie.

Ma anasesɛm a metoo yɛ yi sε εdε o, sɛ enyɛdɛ o, εbi nko na εbi mmera.


This story is told by Victoria