Akosua Adomako Ampofo

Ɛfi Wikipedia

 

Josephine Akosua Adomako Ampofo yɛ Ghanani nhomsuamu ɔbenfo a ɔkyerɛ ade fa bɔbiasu ho wɔ suapɔn a ɛne University of Ghana[1][2]. ɔyɛ obi a ɔko ma mma yiyedie,na afei nso, ɔpere ma nnipa yiyie die[3].

Ne mmofrase ne nhomasua[sesa]

Ampofo maame yɛ Germanini na ne papa yɛ Ghanani a ofiri Asanteman mu. Ne papa abusua no yɛ nea wɔdɔm amanykuo a ɛde Converntions Peoples Party (CPP). Ampofo kɔɔ ntoaso sukuu a ɛne Aburi Girl's Secondary school. Ampofo nyaa suapɔn abɔdin krataa a edikan firi sapɔn a ɛde Kwame Nkrumah University of Science and Technology, bre a owie n'adesua a ɛfa adansie ho nnema no. ɔtoa so suaa ade faa mpontuo nhyehyɛeɛ ho ma no nyaa abodin krataa a ɛne Master Degree. Ampofo nyaa suapɔn abɔdin a ɛkɔ anim a ɛne Phd fri suapɔn a ɛde Vanderbilt University bre a owiee n'adesua a ɛfa nnipa nneyɛe ho no. ɔsan nso kura abɔdin krataa a ene Post-Graduate Diploma a onya firii suapɔn a ɛde Technical Universit of Dortmond, a ɛwɔ Germany.

Nhomasua mu Adwuma[sesa]

Ampofo hyɛ adekyere ase wɔ University of Ghana wɔ afe 1989. Wo afe 1994 ne 1995 ntam no, na okura dibea a ɛne Junior Fulbright. Wɔ afe 2005 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔbaa odikan sɛ otitenani wɔ suapɔn no fa bi a ɛde Centre for Gender Studies and Advocacy (CEGENSA), okuraa saa dibea no kosii afe 2009 mu. Wɔ afe 2008 mu no, ɔbɛyɛɛ koowaa krataa mu samufoɔ kowaa krataa a ɛne Ghana Studies, na okuraa saa dibea no kosii afe 2013 mu. ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ koowaa krataa mu samufoɔ ma Contemporary Journal of African Studies.

Na ɔyɛ Mellon Fellow wɔ afe 2014 mu wɔ University of Cape Coast Town, faako a ɔyɛ adwuma ma Centre for African Studies. Wɔ afe 2015 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Senior Fulbright Scholar-in-Residence a ɛwo suapɔn a ɛne Concordia University Irvine.

ɔyɛ adwuma sɛ Kohunufo maa nwumakuo a ɛmu bi ne UNIFEM, UNICEF, World Health Organization (WHO), Save the Children, UNAIDS, Ministry for Gender & Social Protection, Ghana; Participatory Development Associates; Gender Studies and Human Rights Documentation Centre and Kofi Annan International Peacekeeping Training Centre.

Adwumakuo a ɔdom[sesa]

Wɔ afe 2019 mu no, sɛ okandifo ma African Studies Association of Africa (ASAA) no, ɔhwɛ maa wɔyɛ nyiamu a edikan wɔ East Africa. Ampofo ka wɔn a wɔhyehyɛɛ ekuo a ɛde ASAA a wɔhyehyɛe wɔ afe 2013 mu no. ɔsan nso dɔm akuo ahorɔw a ɛde Association and Sociologists for Women and Society, (SWS), African Studies Association, United States, Ghana Domestic Violence Coalition, the Network for Women's Rights in Ghana, the Council for Social Science Research in Africa (CODESRIA) neInternational Sociological Association, (ISA). ɔsan nso dɔm ekuo a ɛde Ghana Academy of Arts and Sciences

Ntotoho[sesa]

  1. Akosua Adomako Ampofo Bio (africanstudies.org)
  2. Professor Akosua Adomako Ampofo | Institute of African Studies | University of Ghana (ug.edu.gh)
  3. Prof. Akosua Adomako Ampofo – Professor of African and Gender studies – Ghana – Young African Women Congress (yawcafrica.org)