Akosua Adoma Perbi

Ɛfi Wikipedia

Akosua Adoma Perbi (wɔ woo no afe 1952) yɛ Ghanani nhoma kyerɛwfo ne ɔkyerɛkyerɛni wɔ suapɔn a ɛde University of Ghana.

Perbi ne nhoma ɛde A History of Indigenous Slavery in Ghana from the 15th to the 19th Century no kyerewfo na w'akyerɛw nhoma ahorɔw beye 20. Perbi yɛ Ghana ananmusifo wɔ adwumakuo a ede UNESCO International Scientific and Technical Committee on the Slave Route Project. ɔsan nso ye ɔmanfotufo ne sika ho ntotoe so hwɛfo wɔ adwumakuo a ɛde the Historical Society of Ghana.

Wa'kyerɛ ade mfihyia 30.

Nhomasua[sesa]

Perbi kɔɔ ne ntoaso sukuu wɔ Achimota senior high a ɛwɔ Ghana. ɔtoaso kɔɔ suapɔn a ɛde University of Ghana, na onyaa abɔdin ahorɔw a ɛne First Degree, Master ne Phd wɔ bre a owie n'adesua a ɛfa abakɔsem ho no.

Nnwuma[sesa]

ɔhyee n'adekyere ase wɔ afe 1974, a na ɔkyeree ade bere a na ɔsom se National Service no wɔ Aburi Girls senior High school.

ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a ede Ghana National Archives sɛ abediakyire firi (1977 - 79) na afei nso, mfie mienu wɔ adwumakuo a ede Institute of Adult Education sɛ ɔkyerɛkerɛni (1979 - 1981)

Wɔ afe 1981 mu no,ɔhyɛɛ adekyerɛ ase wɔ University of Ghana de besi nnɛ.

Nhoma w'atintim[sesa]

  • “Enslavement, Rebellion and Emancipation in Africa: The Ghanaian Experience”, in A.R. Highfield & G.F. Tyson (eds): Negotiating Enslavement- Perspectives on Slavery in the Danish West Indies, Antilles Press, St. Croix, 2009,  , pages 15–29.
  • A History of Indigenous Slavery in Ghana from the 15th to the 19th Century

Ntotoho[sesa]