Jump to content

Akoben

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akoben
Adinkra symbol
part ofAdinkra Ahyɛnsodeɛ Sesa
titleakoben Sesa
depictshorn Sesa

Akobɛn/Akoben yɛ adinkra nsɛnkyerɛnne/ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ abɛn a wɔde kɔ ako. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma yɛ a obi ayɛ krado sɛ ɔbɛko. Wɔ Ghana ha, adwumakuo a wɔhwɛ mpɔtam ho bammɔ so (Environmental Protection Agency ) de asɛmfua ''Akonɛn'' ato dwuma bi a wɔredie so. [1] Akoben yɛ kasa Ako ne aben.Tete no , na sɛ worekɔ akoo a na akofuoɔ no bi kura aben a wode frɛfrɛ akufuoɔ a aka no.Na sɛ worede nkonim anaaa nkuguo so a na wɔ san bɔ aben no mu.

Nkyerɛaseɛ ne Deɛ Ɛgyina hɔ Ma

[sesa]

Asɛmfua Akobɛn/ Akoben Abɔseɛ

[sesa]

Wɔnyaa asɛmfua Akobɛn/Akoben firii Twi nsɛmfua mmienu mu: ''Ako'' ɛna ''Abɛn". Kyerɛ sɛ, abɛn a na wɔde di dwuma ɔko berɛ. Ɛtumi nso gyina hɔ ma atuhoakyɛ, ɔmambapa yɛ, nokodɛdie ne ɔsom. [2] [3]

Abɛn no bi na na kane no, wɔde kɔ ako. Wɔbɔ mu pɛ na obiara ada ne ho so. Nti sɛ wɔde di dwuma a wɔrepɛ akyerɛ sɛ obi ayɛ krado sɛ ɔbɛgyina biribi ano. [4]

Ne Dwumadie

[sesa]

Wɔde "Akoben" adi dwuma sɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako. Ɛdi akotene pa ara wɔ adwini mu [5] nnwumakuo ahodoɔ pii na wɔde saa adinkra nsɛnkydrɛnne yi di dwuma wɔ wɔn ahyɛnsodeɛu mu. Wɔn mu baako ne wumakuo a wɔhwɛ mpɔtam ho bammɔ so (Environmental Protection Agency ) . Akoben  a ɛwɔ wɔn ahyɛnsodeɛ mu no gyina hɔ ma yɛ a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ ɔmamfoɔ ho ban [6]

Ɛnnɛ yi, sɛ yɛde di dwuma wɔ ɔman Ghana mu a, yɛrehwehwɛ sɛ ɔmanfoɔ de wɔn ho bɛsi hɔ, wɔbɛyɛ ɔmammapa na wɔbɛsom wɔn man nokorɛ mu. Sɛ nnipakuo ni reyɛ biribi na sɛ wɔpɛ sɛ amamfoɔ de wɔn ho hyɛ mu a, wɔtumi de saa nsɛnkyerɛnne no ka ahyɛnsodeɛ a wɔde redi dwuma no ho [7]

Ɛnam Akanfoɔ so na yɛnyaa Akobɛn. Ɛyɛ abɛn bi a kane no, ɔman bi ne ɔman foforɔ yɛ dɔm na sɛ wɔrekɔdi ako a, wɔbɔ de frɛ akofoɔ nyinaa. Bio, sɛ wɔwɔ a, obiara hunu sɛ asɛm kɛseɛ asi. Nti wɔn a wɔnyɛ akofoɔ mpo da wɔn ho so. [8]

Ɛnyɛ Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana nko na wɔde saa abɛn no dii dwuma maa ɛ ɛgyee din. Akanfoɔ fa a wɔwɔ Cote d'Iviore, Fantefoɔ ne Akan mmusua ahodoɔ nso de dii dwuma titire wɔ ako berɛ ne berɛ a na biribi asi [9]

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Adinkra Symbols of West Africa: Akoben, retrieved 2025-05-29
  2. Adinkra Symbols of West Africa: Akoben, retrieved 2025-05-29
  3. Xavier Cortada (2022-03-21), 11 Featured Symbols (in American English), retrieved 2025-05-29
  4. Nana Kwabena (2020-09-15), Adinkra Symbols & Meanings (in English), retrieved 2025-05-29
  5. Nana Kwabena (2020-09-15), Akoben (in English), retrieved 2025-05-29
  6. Denny Dharmawan, Zainal Ilmi, Adi Wijaya (2022-08-14), "Influence of Internal Service Quality on Loyalty Medited By Employee Satisfaction", Devotion : Journal of Research and Community Service, vol. 3, no. 10, pp. 934–945, doi:10.36418/dev.v3i10.201, ISSN 2797-6068, retrieved 2025-05-29{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. Xavier Cortada (2022-03-21), 11 Featured Symbols (in American English), retrieved 2025-05-29
  8. Nana Kwabena (2020-09-15), Akoben (in English), retrieved 2025-05-29
  9. Nana Kwabena (2020-09-15), Akoben (in English), retrieved 2025-05-29