Air commodore Joshua Lartei Mensah-Larkai

Ɛfi Wikipedia

AIR COMMODORE JOSHUA LARTEI MENSAH-LARKAI - ACCRA AIR FORCE BASE COMMANDER[sesa]

Wɔwoo Air Commodore Joshua Lartei Mensah-Larkai wɔ Accra,wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Accra Academy ntoaso sukuu maa ne General Education adansedi krataa. Afei wɔde ne din kɔhyɛɛ Ghana Asraafoɔ Sukuu mu maa ne mfitiaseɛ asraafoɔ nteteeɛ.Owiee ntetee no yiye na wɔmaa no adwuma sɛ ɔnkɔ Ghana Wim Asraafo Sukuu mu wɔ 26th October 1992 na wɔde kɔmaa saa bere no Wim Asraafo gyinabea,Accra,wɔ afe koro no ara mu. Wimhyɛn mu ɔsraani panyin Mensah-Larkai yɛ NO3 Helikopta kuw no wimhyɛnkafo.Wɔde nkonimbo ne abasobɔde ahorow a Long Service and Efficiency Medal ka ho asiesie no,UNMIL ne UNOCI nkonimbo ahorow. Ɔwɔ Diploma ne Bachelor of Arts Degree(Honours) wɔ Public Adminstration mu wɔ GIMPA,Accra,Ghana.Ɔsan nso wɔ Masters' Degrees(Honours) wɔ Asraafoɔ Adwumayɛ Adwini ne Nyansahu ne Amanaman Ntam Ahobanbɔ ne Akwankyerɛ mu efi Air Sukuupɔn a ɛwɔ Montgomery, Alabama ne King’s College, London, mu.Air Commodore Joshua Lartei Mensah-Larkai aware Patricia Dzifa Mensah-Larkai na wɔahyira wɔn wɔ mmabea baanu.N’ani gye golf bɔ, bɔɔlbɔ hwɛ ho na n’ani gye akenkan ho.