Jump to content

Ahonhono

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Anasarca
A child with anasarca brought on by nephrosis associated with malaria
Specialty Internal medicine

Ahonhono yɛ edema yareɛ no bi a ano yɛ den pa ara,na ɛma nipadua no mu ntini nyinaa honhono.Sɛdeɛ nnipa nyinaa nya edema yareɛ no bi berɛ korɔ mu no,na wɔn ho bɛtumi atɔ wɔn no,ahonhono nte saa koraa,ahonhono nam akwan ahodoɔ so na ɛkyerɛ yareɛ bi anoɔden, a nipadua no apɔ so ne ntini keka ho bi.

Nsɛnkyerɛnne Ne Mpopoeɛ[sesa]

Deɛ wode wani bɛhunu[sesa]

Ɛbi ne:

  • W’ani ase bɛhonhono
  • W’ano bɛhonhono
  • W’abasa,wo nsa ne wo nsateaa bɛhonhono
  • W’ayase bɛhonhono
  • Wo nan,wo nanpɔso ne wo nantini bɛhonhono
  • Wo nan ase bɛhonhono
  • Wo nantini ne wo nanpɔso bɛhonhono

Nsunsuansoɔ a wobɛhunu no anisoɔ[sesa]

Ɛbi ne:

  • Worenhunu adeɛ yie,worentumi mmue w’ani
  • Wo home mma yie,ɔhome ho bɛyɛ wo den,anaa sɛ woda ayeya a worentumi nhome
  • Wo koko bɛyɛ wo ya
  • Wo ho bɛyɛ wo basabasa
  • Wobɛyɛ mrɛ

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Deɛ ɛde ahonhono ba pa ara ne sɛ oncotic pressure no so bɛte.

Akwaa a ato kyema[sesa]

Brɛboɔ a ɛho ato kyema[1]

Sawa a ɛho ato kyema

Akoma no nifa a ɛho ato kyema

Nnuanenuro[sesa]

Protein a ɛnni nipadua no mu koraa[2]

Nipadua no mu nsunsuansoɔ[sesa]

Wɔ utero mu[sesa]

Hb Barts mu mframa a yɛhome kɔ yɛn mu a ano yɛ den no mma ntini ahodoɔ no nnya mframa no bi papa,na ɛno tumi de ahonhono ba.

Latrogenic[sesa]

Ɛyɛ exogenous intravenous nsuo no tumi de ba.

Yareɛ No Ho Nhwehwɛmu[sesa]

Wɔyɛ ahonhono ho nhwehwɛmu wɔ asupiti a ɛgyina sɛdeɛ nipadua no ayɛ so na ɛne edema da nso no.Sɛdeɛ wɔsusu edema sɛ ano nyɛ den na mpɛn pii no ɛtumi nya honam akwaa no baako anaa mmienu bi no,ahonhono yɛ nipadua no nyinaa,na ano nso yɛ den kyɛn edema a ɛhyɛ aseɛ firi wo ti de kɔsi wo nantini.

Sɔhwɛ[sesa]

Ɛwɔ mu wɔnyɛɛ sɔhwɛ biara mfa nkyerɛɛ ahonhono mu yie,sɔhwɛ bebree wɔ hɔ a ɛtumi boa ma wɔde hwɛ ahonhono.Mpɛn pii no wɔhunu sɛ ahonhono ne protein a brɛboɔ no de ba no na ɛnam.

Nhwehwɛmu a wɔyɛ de baa abɔnten afe mpem mmmienu ne baako(2001)no kyerɛɛ nsonsoneeɛ a ɛda low voltage electrocardiogram ntam(ECG)(LVE)(QRS wɔ sima nnum wɔ limb mu na sima du wɔ precordial mu) ne ahonhono.[6]

Ayaresa[sesa]

Ahonhono wɔ mpopoeɛ a ano yɛ den pa ara,ɛno ara ankasa nni akwan ahodoɔ:sɛ ebia,ɛho ayaresa a ɛdi mu ne sɛ wobɛhwɛ deɛ ɛde yareɛ no ba no.Mmom,yɛwɔ nneɛma bebree wɔ hɔ a yɛbɛtumi de ayi nsufin no afiri hɔ na yɛasan asi ano a saa nsufin no rentumi mma bio.

Diuretics[sesa]

Ɛyɛ kwan baako a wɔtumi de hwɛ edema yareɛ biara,diuretics yɛ nnuro a ɛboa yi nsufin firi nipadua no mu a ɛhwɛ sɛdeɛ sawa yɛ dwonsɔ adwuma no.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Sri Rama Surya Tez Kattula, Akshay Avula, Krishna M. Baradhi (2024), "Anasarca", StatPearls, Treasure Island (FL): StatPearls Publishing, PMID 30085555, retrieved 2024-07-03{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Anasarca: Causes, treatment, and definition (in English), 2018-02-13, retrieved 2024-07-03
  3. Nephrotic syndrome-Nephrotic syndrome - Symptoms & causes (in English), retrieved 2024-07-03
  4. Jessica Lacy Yasuda, Paul A. Rufo (2018-02-26), "Protein-Losing Enteropathy in the Setting of Severe Iron Deficiency Anemia", Journal of Investigative Medicine High Impact Case Reports, vol. 6, p. 2324709618760078, doi:10.1177/2324709618760078, ISSN 2324-7096, PMC 5833205, PMID 29511696, retrieved 2024-07-03
  5. Ankita Mehta, MD, M. D. Mansi Shah (2016-07-18), "Case Report: Uncontrolled Anasarca: Capillary Leak Syndrome", The Medicine Forum, vol. 17, no. 1, doi:10.29046/TMF.017.1.009, ISSN 2325-2863, retrieved 2024-07-03{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. J. E. Madias, R. Bazaz, H. Agarwal, M. Win, L. Medepalli (2001-09), "Anasarca-mediated attenuation of the amplitude of electrocardiogram complexes: a description of a heretofore unrecognized phenomenon", Journal of the American College of Cardiology, vol. 38, no. 3, pp. 756–764, doi:10.1016/s0735-1097(01)01429-2, ISSN 0735-1097, PMID 11527629, retrieved 2024-07-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)