Ahmed Ibrahim (Ghana amanyɛnyi)

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ahmed Ibrahim yɛ Ghana amammuifoɔ ne mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no muni a ɔgyina Banda Mansin ananmu wɔ Bono Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so. Mprempren ɔyɛ Deputy Minority Chief Whip wɔ Ghana mmrahyɛbagua no mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ibrahim wɔ 6 May 1974, wɔ Banda Ahenkro wɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ibrahim suaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm ne Nyansapɛ mu wɔ afe 2001.

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Flamingo Publications (Ghana) Limited adwumayɛfo panyin.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ibrahim hyɛɛ n’amammui adwuma ase wɔ afe 2009 mu bere a wɔkae sɛ ɔno na odii nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow mu maa ne mansin no. Afei wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 wɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2009. Bere a ɔwiee n’ahennie a ɛdi kan no, Ibrahim sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛsi akan bio wɔ afe 2013 mu na ɔdii Joe Danquah so nkonim de kuraa n’akongua so. Wɔ afe 2015 mu no, ɔsii akan na odii nkonim wɔ NDC mmrahyɛbagua primaries mu maa Banda mantam a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ɔdii nkonim wɔ saa mmrahyɛbagua atenaeɛ yi mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu denam abatoɔ 6,167 a ɔnyaeɛ a ɛgyina hɔ ma 52.03% tiaa nea ɔne no reko no abatoɔ 5,660 a ɛgyina hɔ ma 47.76%.

Boayikuw ahorow[sesa]

Ibrahim yɛ Budget Boayikuo Titiriw no muni; Nkitahodi Boayikuw no muni; ɔyɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw no muni; ne Adwumayɛ Boayikuw no muni.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ibrahim yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ abofra baako.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]