Agriculture

Ɛfi Wikipedia

Kuadwuma ka nnɔbae ne mmoayɛn, nsu mu mmoayɛn, mpataayi ne kwae a wɔyɛ de yɛ aduane ne nneɛma a ɛnyɛ aduane ho. KUADWUMA nkɔso titiriw a ɛma nnipa anibuei, a ɛnam so ma mmoa ahorow a kuayɛ ma wonyaa aduane a ɛboro so ama nkurɔfo tumi tena nkurow akɛse mu no. Bere a anyɛ yie koraa no, nnipa fii ase boaboaa aburow ano mfe mpem aha ne[1] enum a atwam ni no, akuafo a na wɔrefi ase dua no bɛyɛ mfe mpem dubaako ne aha num a atwam ne nkutuo. Wɔde nguan, mpapo, mprako ne anantwi yɛɛ afieboa bɛyɛ mfe mpem adunu a atwam no. Anyɛ yiye koraa no, na wɔde wɔn ho dua afifide wɔ wiase mmeae dubaako wɔ afe aha a ɛto so aduonu no mu no, mfididwuma mu kuayɛ a egyina kuayɛ biako a wɔyɛ no kɛse so no bɛyɛɛ nea ɛboro kuayɛ mu nneɛma a wɔyɛe so.

Ɛnnɛ, mfuw nketewa yɛ wiase aduane bɛyɛ nkyem abiasa mu biako, nanso mfuw akɛse abu so. Mfuw a ɛso sen mfuw bi no bi wɔ wiase no mu ɔha biara mu biako boro hekta aduonum na ɛyɛ wiase mfuw nsaase bɛboro ɔha biara mu nkyem aduoson. Ɛrekame ayɛ sɛ wohu asaase a wɔyɛ kua no ɔha biara mu nkyem aduanan wɔ mfuw a ne kɛse boro hekta mpem so baako. Nanso, mfuw asia biara mu anum wɔ wiase no nnu hekta abien na egye asaase a wɔyɛ kua nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem du mmienu pɛ.

Wobetumi akyekyɛ kuayɛ mu nneɛma atitiriw no mu kɛse ayɛ no nnuan, nhama, famgo, ne nneɛma a wɔde yɛ rɔba. Aduane a wɔde ma no bi ne aburow,nhabannuru, nnuaba, ngo a wɔde noa aduan, nam, nufusuo, nkosua, ne fungi .Wiase nyinaa kuayɛ mu nneɛma a wɔyɛ no bɛyɛ aduane tɔn ɔpepepem du, baa koabɔde mu nhama tɔn ɔpepem aduasa ne mmienu nnua ɔpepepem. Nanso, wiase no mu nnuan bɛyɛ ɔha biara mu nkyem dunan yera fi nea wɔyɛ mu ansa na adu aguadidan mu.

Nnɛyi kuayɛ, afifide a wɔwo, kuayɛ mu nnuru te sɛ nnuru a wɔde kum mmoawa ne nnuru a wɔde yɛ nnɔbae, ne mfiridwuma mu nkɔso ama nnɔbae a wonya no akɔ soro kɛse, nanso ɛboa ma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nso sɛee . Saa ara na mmoa a wɔpaw wɔn ne nnɛyi nneyɛe a wɔyɛ wɔ mmoayɛn mu no ama nam a wonya no akɔ soro saa ara, nanso ama mmoa yie die ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no ho dadwen aba. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm bi ne mmoa a ɛde wim nsakrae ba, nsu a ɛwɔ nsu mu a ɛresɛe, kwae a wotutu, nnuru a erekum ɔyare mmoawa a wɔ ko tia, ne kuayɛ mu efi.i afoforo . Kuadwuma yɛ ade a ɛde nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no ba na ɛyɛ nea ɛyɛ mmerɛw, te sɛ abɔde a nkwa wom a wɔhwere, anhweatam a ɛdannan, asase a wɔsɛe no, ne wim nsakrae, a ne nyinaa betumi ama nnɔbae nnɔbae so atew. Wɔde abɔde a nkwa wom a wɔayɛ mu nsakrae di dwuma kɛse, ɛwom sɛ aman bi bara de .

  1. Tchaa Pali (2014-06-10), "L'item « yɛ » du miyobé (Togo/Bénin) : verbe plein, auxiliaire ou auxiliant ?", Corela, no. 12–1, doi:10.4000/corela.3505, ISSN 1638-573X, retrieved 2023-08-10 {{citation}}: no-break space character in |title= at position 9 (help)